Nnwom 128 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 128:1-6

Dwom 128

Ɔsorokorɔ dwom.

1Nhyira ne wɔn a wɔsuro Awurade,

na wɔnante nʼakwan so.

2Wobɛdi wʼadwuma so aba;

nhyira ne yiedie bɛyɛ wo dea.

3Wo yere bɛyɛ sɛ bobe a ɛso aba

wɔ wo fie;

na wo mmammarima ayɛ sɛ ngo dua a afifiri

atwa wo ɛpono ho ahyia.

4Yei ne onipa a wɔahyira noɔ,

deɛ ɔsuro Awurade no.

5Awurade nhyira wo mfiri Sion

wo nkwa nna nyinaa;

na ɔmma wo nhunu Yerusalem nkɔsoɔ,

6na ɔmma wo ntena ase nhunu wo mma mma.

Asomdwoeɛ nka Israel.