Nnwom 118:1-16 ASCB

Nnwom 118:1-16

Dwom 118

Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ,

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

Momma Israel nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

Momma Aaron fie nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade;

ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ.

Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.

Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu

sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.

Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu

sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ,

nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara,

nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.

Wɔkyere guu me so sɛ nwowa,

nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu;

Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom;

wayɛ me nkwagyeɛ.

Osebɔ ne nkonimdie

gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ,

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!

Wɔapagya Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”

Read More of Nnwom 118