Nnwom 118 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Nnwom 118:1-29

Dwom 118

1Monna Awurade ase ɛfiri sɛ ɔyɛ,

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Momma Israel nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

3Momma Aaron fie nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

4Momma wɔn a wɔsuro Awurade nka sɛ,

“Nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.”

5Mʼahohiahia mu, mesu frɛɛ Awurade;

ɔgyee me so, na ɔma me dee me ho.

6Awurade ne me ɔboafoɔ; enti merensuro.

Ɛdeɛn na onipa bɛtumi ayɛ me?

7Awurade ne me wɔ hɔ; ɔyɛ me ɔboafoɔ.

Mede nkonimdie bɛhwɛ mʼatamfoɔ.

8Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta wɔ Awurade mu

sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto onipa soɔ.

9Ɛyɛ sɛ yɛbɛhinta Awurade mu

sene sɛ yɛde yɛn ho bɛto mmapɔmma so.

10Amanaman no nyinaa twaa me ho hyiaaɛ,

nanso Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

11Wɔtwaa me ho hyiaeɛ wɔ baabiara,

nanso Awurade din mu, metwitwaa wɔn guiɛ.

12Wɔkyere guu me so sɛ nwowa,

nanso wɔhyee ntɛm so sɛ nkasɛɛ a ogya atɔ mu;

Awurade din mu metwitwaa wɔn guiɛ.

13Wɔsum me kɔɔ mʼakyi a anka mereyɛ ahwe ase,

nanso Awurade boaa me.

14Awurade yɛ mʼahoɔden ne me dwom;

wayɛ me nkwagyeɛ.

15Osebɔ ne nkonimdie

gyegye wɔ ateneneefoɔ ntomadan mu sɛ,

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!

16Wɔapagya Awurade nsa nifa so;

Awurade nsa nifa ayɛ nneɛma akɛseɛ!”

17Merenwu, mmom mɛtena ase

na mapae mu aka deɛ Awurade ayɛ.

18Awurade atwe mʼaso denden,

nanso ɔnnyaa me mmaa owuo.

19Bue tenenee apono ma me;

na mɛhyɛne mu na mede aseda ama Awurade.

20Awurade ɛpono nie;

ɛhɔ na ateneneefoɔ bɛfa ahyɛne mu.

21Mɛda wo ase ɛfiri sɛ wogyee me so;

na woayɛ me nkwagyeɛ.

22Ɔboɔ a adansifoɔ no poeɛ no,

abɛyɛ tweatiboɔ.

23Awurade na ayɛ yei,

na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so.

24Ɛnnɛ yɛ ɛda a Awurade ayɛ.

Momma yɛn ani nnye na yɛnni ahurisie.

25Ao Awurade, gye yɛn nkwa;

Ao Awurade, ma yɛn nkɔsoɔ.

26Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba.

Yɛhyira wo firi Awurade fie.

27Awurade yɛ Onyankopɔn,

na wama ne hann ahyerɛn yɛn so.

Momfa nnua mman nkura na yɛnto afahyɛ santen

nkɔ afɔrebukyia no mmɛn ho.

28Woyɛ me Onyankopɔn, na meda wo ase;

wone me Onyankopɔn, na mɛma wo so.

29Monna Awurade ase, ɛfiri sɛ ɔyɛ;

na nʼadɔeɛ wɔ hɔ daa.