Mmɛbusɛm 29:10-18 ASCB

Mmɛbusɛm 29:10-18

Mogyapɛfoɔ kyiri ɔnokwafoɔ,

na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛkum deɛ ɔtene.

Ɔkwasea da abufuo nyinaa adi,

nanso onyansafoɔ hyɛ ne ho so.

Sɛ sodifoɔ tie nkontomposɛm a,

nʼadwumayɛfoɔ nyinaa bɛyɛ amumuyɛfoɔ.

Ohiani ne ɔhyɛsofoɔ nyinaa wɔ saa adeɛ baako yi:

Awurade ma wɔn baanu nyinaa ani a wɔde hunu adeɛ.

Sɛ ɔhene di ahiafoɔ asɛm yie a,

nʼahennwa bɛtim hɔ daa.

Ntenesoɔ abaa ma nyansa,

na abɔfra a wɔde ne pɛ ma noɔ no, gu ne na anim ase.

Sɛ amumuyɛfoɔ di yie a, bɔne nso kɔ so,

na teneneefoɔ bɛhunu wɔn asehweɛ.

Tene wo ba so, na ɔbɛma wo asomdwoeɛ;

ɔbɛma wo ɔkra ani agye.

Sɛ anisoadehunu nni hɔ a, nnipa no yɛ basaa;

na nhyira nka deɛ ɔdi mmara so.

Read More of Mmɛbusɛm 29