Mmɛbusɛm 27:5-14 ASCB

Mmɛbusɛm 27:5-14

Animka a ɛda edwa

yɛ sene ɔdɔ a asuma.

Apirakuro a ɛfiri adamfo nkyɛn no yɛ

sene ɔtamfoɔ mfeano bebrebe.

Ɛwoɔ nyɛ deɛ wameeɛ akɔnnɔ,

nanso deɛ ɛkɔm de noɔ no, deɛ ɛyɛ nwono yɛ nʼanom dɛ.

Onipa a wayera ne fie ɛkwan,

te sɛ anomaa a wafiri ne pirebuo mu rekyinkyini.

Ngo ne aduhwam ma akoma ani gye,

adamfo ho anigyeɛ firi nʼafotu pa a ɔma.

Nnyaa wʼadamfo ne wʼagya adamfo mu,

nkɔ wo nuabarima fie ɛberɛ a ɔhaw ato woɔ,

na ɔyɔnko a ɔbɛn woɔ no yɛ sene onuabarima a ɔwɔ akyirikyiri.

Me ba, hunu nyansa na ma mʼakoma ani nnye;

ɛno na ɛbɛma manya mmuaeɛ ama obiara a ɔbu me animtiaa.

Mmadwemma hunu asiane na wɔhinta,

nanso ntetekwaafoɔ kɔ wɔn anim kɔtɔ mu.

Fa atadeɛ a ɛhyɛ obi a ɔdi ɔhɔhoɔ akagyinamu;

sɛ ɔregyina ɔbaa huhufoɔ akyi a, fa si awowa.

Sɛ obi team hyira ne yɔnko anɔpahema a,

wɔbɛfa no sɛ ɛyɛ nnome.

Read More of Mmɛbusɛm 27