Yesaia 5:8-30, Yesaia 6:1-13, Yesaia 7:1-25, Yesaia 8:1-10 ASCB

Yesaia 5:8-30

Nnome Ne Atemmuo

Nnome nka mo a mode efie ka efie ho

na mogyegye mfuo bobɔ soɔ

kɔsi sɛ asase no bɛsa

na ɛka mo nko ara wɔ asase no so.

Asafo Awurade apae mu aka ama mate:

“Nokorɛm afie akɛseɛ no bɛda mpan,

na mmorɔsan fɛfɛ no, obiara rentena mu.

Bobefuo kɛseɛ pa ara no

nsã kakra bi na ɛbɛfiri mu.

Aba lita aduonu baako a wɔdua no

wɔbɛnya so lita aduonu mmienu pɛ.”

Wɔnnue, wɔn a wɔsɔre anɔpahema

kɔhwehwɛ wɔn nsã akyiri kwan,

wɔn a wɔsiri pɛ

kɔsi sɛ nsã bɛbo wɔn.

Wɔbɔ sankuten ne bɛnta wɔ wɔn apontoɔ ase,

akasaeɛ, ne atɛntɛbɛn ne nsã,

nanso wɔtwiri deɛ Awurade ayɛ,

na wɔmmu ne nsa ano adwuma.

Ɛno enti, me nkurɔfoɔ bɛkɔ nnommumfa mu,

ɛfiri sɛ, wɔnni nteaseɛ;

ɛkɔm bɛkum wɔn mu atitire

na osukɔm bɛtware wɔn mu bebree.

Enti, damena akɔnnɔ yɛ kɛseɛ

na ɔbue nʼanom bayaa;

na emu na atitire ne ɛdɔm no bɛkɔ

wɔne wɔn a wɔsa na wɔgye wɔn ani.

Enti, wɔbɛbrɛ onipa ase

na wama adasamma aboto.

Wɔbɛbrɛ ɔhantanni ase,

nanso Asafo Awurade atɛntenenee bɛpagya no,

na Kronkron Onyankopɔn de ne tenenee bɛda ne ho adi sɛ Ɔkronkronni.

Afei nnwan bɛkɔ adidi te sɛ deɛ wɔwɔ wɔn adidibea;

nnwammaa bɛdidi wɔ asikafoɔ amanfo so.

Monnue, mo a mode nnaadaa nhoma twetwe bɔne,

na mode nteaseɛnam ntampehoma twetwe amumuyɛ.

Monnue, mo a moka sɛ, “Onyankopɔn nyɛ ntɛm,

ɔnyɛ nʼadwuma ntɛm

sɛdeɛ yɛbɛhunu.

Ma ɛmmɛn,

Israel Ɔkronkronni no nhyehyɛeɛ no mmra,

sɛdeɛ yɛbɛhunu.”

Monnue, mo a mofrɛ bɔne sɛ papa

na papa nso sɛ bɔne,

mo a mode esum si hann anan mu

na hann si esum anan mu,

mo a mofrɛ nwononwono sɛ dɛɛdɛ

ne dɛɛdɛ sɛ nwononwono.

Monnue, mo a mobu mo ho anyansafoɔ, mo ankasa ani so

ne anitefoɔ mo ankasa ani so.

Monnue mo a wɔfrɛ mo akatakyie wɔ nsanom mu

ne ahoɔdenfoɔ wɔ nsã afrafra mu.

Mo a mogye adanmudeɛ, na mo gyae deɛ ɔdi fɔ

na mo bu deɛ ɔdi bem no fɔ.

Enti, sɛdeɛ egyadɛreɛ hye wira dwaneeɛ

na ɛserɛ a awo yera wɔ ogyaframa mu no,

saa ara na mo nhini bɛporɔ,

na mo nhwiren nso atu akɔ sɛ mfuturo;

ɛfiri sɛ moapo Asafo Awurade mmara

na moatwiri Israel Kronkronni no asɛm.

Enti Awurade abufuo aba ne nkurɔfoɔ so,

wapagya ne nsa na ɔde rebɔ wɔn ahwe fam.

Mmepɔ no woso,

na afunu ayɛ sɛ mmɔntene so wira.

Nanso yei nyinaa akyi, ne bo nnwoeɛ,

na ne nsa da so wɔ soro.

Ɔpagya frankaa ma akyirikyiri aman,

ɔhyɛne abɛn de frɛ wɔn a wɔwɔ asase ano.

Wɔn na wɔreba no,

ɔherɛ so ne ntɛm so!

Wɔn mu biara mmrɛ na ɔnsunti,

obiara ntɔ nko na ɔnna;

abɔsoɔ biara mu rengo wɔ asene mu

na mpaboa ahoma biara nso rente.

Wɔn agyan ano yɛ nnam,

na wɔn tadua nyinaa ayɛ krado;

wɔn apɔnkɔ ntɔte te sɛ twerɛboɔ,

wɔn nteaseɛnam ntwahonan te sɛ twahoframa.

Wɔn mmobɔmu te sɛ gyata deɛ,

na wɔbobɔm sɛ gyata mma;

wɔpɔso kyere wɔn hanam

na wɔde no kɔ a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

Ɛda no wɔbɛbobɔ mu agu ne so

sɛdeɛ ɛpo woro soɔ.

Na sɛ obi hwɛ asase no a,

ɔbɛhunu esum kabisii ne ahohiahia;

omununkum bɛma hann aduru sum.

Read More of Yesaia 5

Yesaia 6:1-13

Yesaia Soma

Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ,

“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;

Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”

Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.

Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”

Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn. Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”

Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”

Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”

Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ,

“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;

Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’

Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;

moasi mo aso,

akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ,

na mo akoma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?”

Na ɔbuaa sɛ,

“Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon

a nnipa ntete soɔ,

ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo

na mfuo no asɛe ayɛ pasaa,

ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri

na asase no ada mpan.

Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a,

wɔbɛsɛe no bio.

Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum

gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no,

saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”

Read More of Yesaia 6

Yesaia 7:1-25

Immanuel Ho Nsɛnkyerɛnneɛ

Ɛberɛ a Usia babarima Yotam babarima Ahas7.1 Ɛbɛyɛ afe 735 AWK mu no, Israel ne Siria ka bɔɔ mu tiaa Asiria, na wɔpɛɛ sɛ wɔhyɛ Ahas a na ɔyɛ Yuda ɔhempɔn no na ɔne wɔn bom kɔko. bɛdii Yudaman so ɔhene no, Aramhene Resin ne Remalia babarima Peka a ɔyɛ Israelhene baa Yerusalem ne wɔn bɛkoeɛ, nanso wɔantumi anni ne so.

Na wɔka kyerɛɛ Dawid fie sɛ, “Aram ne Efraim ayɛ apam.” Enti Ahas ne ne nkurɔfoɔ ho wosoeɛ sɛdeɛ kwaeɛm nnua woso wɔ mframa ano no.

Na Awurade ka kyerɛɛ Yesaia sɛ, “Wo ne wo babarima Sear-Yasub nkɔhyia Ahas wɔ Atifi Tadeɛ no subɔnka a ɛwɔ Ntomasifoɔ Afuo no kwan so. Ka kyerɛ no sɛ, ‘Hwɛ yie, yɛ komm na nsuro. Mma wʼakoma ntu wɔ saa nnyentia mmienu a ɛrefiri wisie yi ho; wɔ Resin Aramhene ne Remalia babarima abufuhyeɛ no enti. Aram, Efraim ne Remalia babarima abɔ wo sɛeɛ ho pɔ sɛ, “Momma yɛnto nhyɛ Yuda so, na yɛntete wɔn mu na yɛnkyɛ mfa, na yɛnsi Tabeel babarima ɔhene wɔ so.” Nanso deɛ Asafo Awurade seɛ nie:

“ ‘Ɛremma so,

na ɛrensi da,

Aram tiri ne Damasko,

na Resin pɛ na ɛyɛ Damasko ti.

Mfirinhyia aduosia enum mu no

Efraim mu bɛtete koraa a ɛrentumi nnyɛ ɔman.

Efraim tiri ne Samaria

Remalia babarima pɛ ne Samaria ti.

Sɛ woannyina pintinn wɔ wo gyidie mu a,

worennyina koraa.’ ”

Awurade kasa kyerɛɛ Ahas bio sɛ, “Bisa Awurade wo Onyankopɔn hɔ nsɛnkyerɛnneɛ, sɛ ɛwɔ ebunu ase tɔnn anaa ɔsorosoro nohoa.”

Nanso, Ahas buaa sɛ, “Meremmisa. Merensɔ Awurade nhwɛ.”

Na Yesaia kaa sɛ, “Montie Dawid fie! Ɛnnɔɔso mma mo sɛ mobɛsɔ nnipa ntoboaseɛ ahwɛ? Na mobɛsɔ me Onyankopɔn nso ntoboaseɛ ahwɛ anaa? Ɛnneɛ, Onyankopɔn ankasa bɛma mo nsɛnkyerɛnneɛ; ɔbaabunu no bɛnyinsɛn, na wawo ɔbabarima, na ɔbɛfrɛ no Immanuel. Ɔbɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ ɛberɛ a wahunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ. Nanso, ansa na abarimaa no bɛhunu deɛ ɛbɛma watumi apo bɔne na wafa deɛ ɛyɛ no, wɔbɛma ahemfo mmienu a wosuro wɔn no nsase ada mpan. Awurade de ɛberɛ bi bɛba wo ne wo nkurɔfoɔ ne wʼagya fie so a ɛso bi mmaa da, ɛfiri ɛberɛ a Efraim tee ne ho firii Yuda ho; ɔde Asiriahene bɛba.”

Ɛda no, Awurade bɛhyɛn abɛn afrɛ nwansena afiri nsuwansuwa a ɛwɔ akyirikyiri wɔ Misraim ne nwowa a wɔfiri Asiria asase so. Wɔn nyinaa bɛba abɛgu mmɔnhwa a emu dɔ ne ntokuro a ɛwɔ abotan mu, nkyɛkyerɛ ne nsuka mu. Ɛda no, Awurade de oyiwan a ɔbɛgye wɔ Asubɔnten no agya nohoa wɔ Asiriahene nkyɛn, na ɔde ayi motiri so ne monan ho nwi na wayi mo abɔgyesɛ nso. Saa ɛda no, obiara bɛyɛn nantwiburuwa baako ne mpɔnkye mmienu. Na ɛsiane nufosuo dodoɔ a wɔbɛma enti, ɔbɛnya nufosuo ani sradeɛ adi. Wɔn a wɔbɛka wɔ asase no so nyinaa bɛdi nufosuo ani sradeɛ ne ɛwoɔ. Saa ɛda no, baabiara a na anka bobe apem a ne boɔ yɛ dwetɛ kilogram dubaako ne fa wɔ no, wɔbɛhunu nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ. Nnipa de agyan ne tadua bɛkɔ hɔ, ɛfiri sɛ nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ agye hɔ. Nkokoɔ a na anka kane no wɔde nsɔ yɛ so adwuma no, nnɛnkyɛnse ne nkasɛɛ ho hu enti wɔrenkɔ hɔ bio. Ɛbɛdane mmeammea a wogyaa anantwie ne nnwan ma wɔkɔ.

Read More of Yesaia 7

Yesaia 8:1-10

Asiria, Awurade Nsa Mu Dadeɛ

Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Fa nwoma mmobɔeɛ kɛseɛ no na fa twerɛdua biara twerɛ so. Na mɛfrɛ ɔsɔfoɔ Uria ne Yeberekia babarima Sakaria sɛ mʼadansefoɔ nokwafoɔ aba.” Afei mekɔɔ nkɔmhyɛni baa no ho, na ɔnyinsɛneeɛ, woo ɔbabarima. Na Awurade ka kyerɛɛ me sɛ, “Frɛ no Maher-Salal-Has-Bas. Ansa na abarimaa no bɛtumi aka, ‘Mʼagya’ anaa sɛ ‘me maame’ no, Asiriahene bɛba abɛfa Damasko ahodeɛ ne Samaria afodeɛ nyinaa akɔ.”

Awurade kasa kyerɛɛ me bio sɛ,

“Esiane sɛ saa nkurɔfoɔ yi apo

Siloa nsuo a ɛresene brɛoo

na wɔdi ahurisie wɔ Resin

ne Remalia babarima no ho enti,

Awurade reyɛ de Asubɔnten no

yire kɛseɛ no atia wɔn,

Asiriahene ne ne kɛseyɛ nyinaa.

Ɛbɛyiri afa ne mmɔnka nyinaa mu,

na abu afa ne nkonkɔn so

na apra abɛfa Yuda, akontono afa ho,

atene afa mu abɛdeda ɛkɔn mu.

Na atrɛtrɛ akata asase no nyinaa so

Ao Immanuel.”

Momma ɔko nteamu so, mo aman na wɔndwɛre mo!

Montie mo akyirikyiri aman.

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

Monsiesie mo ho mma ɔko, na wɔndwɛre mo!

Hwehwɛ ɛkwan a wobɛfa soɔ, nanso wɔbɛsɛe no;

da wo nsusuiɛ adi, nanso ɛrennyina,

ɛfiri sɛ Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ.

Read More of Yesaia 8