Yesaia 6 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 6:1-13

Yesaia Soma

1Afe a ɔhene Usia wuiɛ mu no, mehunuu Awurade sɛ ɔte ahennwa a, ɛkorɔn na wapagya so na nʼatadeɛ mmuano ayɛ asɔrefie hɔ ma. 2Na serafim a wɔn mu biara wɔ ntaban nsia wɔ nʼAtifi. Wɔde ntaban no mmienu kata wɔn anim, na wɔde mmienu nso kata wɔn nan ho ɛnna wɔde mmienu nso tu. 3Na obiara team kyerɛ ne yɔnko sɛ,

“Kronkron! Kronkron! Kronkron ne Asafo Awurade;

Nʼanimuonyam ahyɛ asase nyinaa so ma!”

4Wɔn nne nnyegyeeɛ maa apono ne aboboano wosooɛ, na wisie yɛɛ asɔrefie hɔ ma.

5Meteam kaa sɛ, “Me nnue! Memfata! Meyɛ onipa a mʼano ho nteɛ, na mete nnipa a wɔn ano ho nteɛ mu, Ɔhene, Otumfoɔ Awurade na mʼani ahunu no yi.”

6Na serafim no mu baako a ɔkura gyasramma, a ɔde daban kɔfa firii afɔrebukyia no so tu baa me nkyɛn. 7Ɔde yei kaa mʼano kaa sɛ, “Hwɛ, yei aka wʼanofafa, wɔayi wʼafɔdie na wɔatua wo bɔne so ka.”

8Afei, metee Awurade nne a ɛrebisa sɛ, “Hwan na mensoma no? Na hwan na ɔbɛkɔ ama yɛn?”

Na mekaa sɛ, “Me nie. Soma me!”

9Na ɔkaa sɛ, “Kɔka kyerɛ saa nkurɔfoɔ yi sɛ,

“ ‘Ɔte deɛ mobɛte, nanso morente aseɛ;

Ɔhwɛ deɛ mobɛhwɛ, nanso morenhunu.’

10Ɛfiri sɛ mo, moapirim mo akoma;

moasi mo aso,

akatakata mo ani.

Ɛnyɛ saa a, anka mo ani bɛhunu adeɛ,

na mo akoma ate asɛm ase,

na moanu mo ho asane aba me nkyɛn, na masa mo yadeɛ.”

11Na mekaa sɛ, “Ɛnkɔsi da bɛn, Ao Awurade?”

Na ɔbuaa sɛ,

“Ɛnkɔsi sɛ nkuropɔn no bɛyɛ nkurofon

a nnipa ntete soɔ,

ɛnkɔsi sɛ afie no bɛyɛ afituo

na mfuo no asɛe ayɛ pasaa,

12ɛnkɔsi sɛ, Awurade bɛpamo obiara akɔ akyirikyiri

na asase no ada mpan.

13Mpo, sɛ nkyɛmu edu mu baako ka asase no so a,

wɔbɛsɛe no bio.

Nso sɛdeɛ dupɔn anaa odum

gya dunsini ɛberɛ a wɔatwa ato fam no,

saa ara na aba kronkron no bɛyɛ dunsini wɔ asase no so.”