Yesaia 20:1-6, Yesaia 21:1-17, Yesaia 22:1-25, Yesaia 23:1-18 ASCB

Yesaia 20:1-6

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim Ne Kus

Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no, saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.

Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no, saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase. Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu. Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”

Read More of Yesaia 20

Yesaia 21:1-17

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

Nkɔmhyɛ a ɛfa Babilonia, anweatam no a ɛda Po no ho:

Sɛdeɛ twahoframa a ɛbɔ fa anafoɔ fam asase so no yɛ no,

saa ara na ɔtohyɛsoɔni bi firi anweatam so reba.

Ɔfiri asase a ɛyɛ hunabɔbrim so.

Wɔde anisoadehunu a ɛyɛ nwanwa akyerɛ me:

Ɔfatwafoɔ bi redi hwammɔ. Ɔfomfoɔ bi refa afodeɛ.

Elam reto ahyɛ ɔman bi so! Media rebɔ pampim!

Mede apinisie a Babilonia de baeɛ no nyinaa bɛba awieeɛ.

Yei ama ɔyea bi abɛhyɛ me mu,

ɔyea aka me, te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no;

deɛ meteɛ no enti mentumi nnyina me nan so,

deɛ mehunu no ama me ho adwiri me.

Mʼakoma bɔ paripari,

ehu ma me ho popo;

na ɛhan a mepɛɛ sɛ mehunu no

abɛyɛ adeɛ a ɛbɔ me hu.

Wɔto ɛpono,

wɔde kuntu akɛtɛ sesɛ fam,

wɔdidi, na wɔnom!

Monsɔre mo asraafoɔ mpanimfoɔ,

momfa ngo nsrasra mo akyɛm ho!

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me:

“Fa ɔwɛmfoɔ kɔgyina hɔ

na ɔnka deɛ ɔhunu nkyerɛ wo.

Sɛ ɔhunu nteaseɛnam

ne apɔnkɔ akuakuo,

wɔn a wɔtete mfunumu so

ne wɔn a wɔtete nyoma so a,

ɔnwɛn nʼaso

wɛn pa ara.”

Na ɔwɛmfoɔ no teaam sɛ,

“Me wura da biara megyina ɔwɛn aban no so

anadwo biara, megyina hɔ.

Hwɛ, ɔbarima bi a ɔte teaseɛnam mu na ɔreba yi

ɔne apɔnkɔ dɔm.

Na ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ,

‘Babilonia ahwe ase, wahwe ase!

Nʼanyame ne nʼahoni nyinaa

abubu agu fam!’ ”

Ao, me nkurɔfoɔ a wɔadwera mo wɔ ayuporeeɛ ase

meka deɛ mateɛ kyerɛ mo,

deɛ ɛfiri Asafo Awurade,

deɛ ɛfiri Israel Onyankopɔn hɔ.

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Edom

Nkɔmhyɛ a ɛfa Duma ho:

Obi frɛ me firi Seir,

“Ɔwɛmfoɔ, berɛ bɛn na adeɛ bɛkye?

Ɔwɛmfoɔ, aka nnɔnhwere ahe ansa na adeɛ akye?”

Ɔwɛmfoɔ no bua sɛ,

“Adeɛ rekye, nanso adeɛ bɛsa.

Sɛ wobɛbisa bio a

sane bra bɛbisa.”

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Arabia

Adehunu a ɛfa Arabia ho:

Mo Dedan akwantufoɔ a

mosoɛ wɔ Arabia adɔtɔ ase,

Momfa nsuo mmrɛ wɔn a sukɔm de wɔn;

mo a motete Tema,

mommrɛ adwanefoɔ aduane.

Wɔdwane firi akofena a watwe

tadua a wɔakuntun mu

ne ɔko a ɛgyina mu ano.

Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Afe baako mu no, sɛdeɛ wɔkan ɔpaani mfeɛ no, Kedar kɛseyɛ to bɛtwa. Na agyantofoɔ a wɔbɛka ne Kedar akofoɔ bɛyɛ kakraa bi.” Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, aka nie.

Read More of Yesaia 21

Yesaia 22:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho

Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:

Ɛdeɛn na ɛha mo seesei,

a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,

Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn?

Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa,

na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso?

Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;

wɔamfa tadua ankyekyere wɔn.

Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ;

mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri.

Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so

na mentwa adwo.

Monnkyekye me werɛ

wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”

Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi

ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu

wɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu;

ɛda a wɔde bubu afasuo

na wɔde su kyerɛ mmepɔ.

Elam fa bɛmma no

ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho;

Kir pagya kyɛm no.

Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,

na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano.

Wɔayi Yuda ho banbɔ no.

Na da no wode wʼani too

akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;

wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no

akwan bebree deda ne banbɔ mu.

Woboaa nsuo ano

wɔ Aseɛ Abura mu.

Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no

na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden.

Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam

maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu,

nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ,

na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

Awurade, Asafo Awurade,

frɛɛ wo saa da no

sɛ su na twa adwo,

ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.

Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;

wokunkum anantwie ne nnwan;

wowe ɛnam na woboro nsã!

Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom,

ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”

Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.

Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,

Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ,

Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan

sɛ bɔ wo damena wɔ ha,

worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn

na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den

ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.

Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,

na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.

Ɛhɔ na wobɛwu

na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,

wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu

na wɔayi wo afiri wo dibea so.

“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie. Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue. Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie. Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.

“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!”

Read More of Yesaia 22

Yesaia 23:1-18

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Tiro Ho

Nkɔmhyɛ a ɛfa Tiro ho:

Ao, Tarsis ahyɛn, montwa adwo!

Ɛfiri sɛ wɔasɛe Tiro

na anka no afie anaa ɛhyɛngyinabea.

Wɔfiri Kipro asase so

abɛka akyerɛ wɔn.

Monyɛ komm, mo nnipa a mowɔ supɔ no so

ne mo Sidon adwadifoɔ a

ɛpo so adwumayɛfoɔ ama mo ayɛ adefoɔ.

Nsuo akɛseɛ no so

na aduane firi Sihor nam baeɛ;

Nil ho nnɔbaeɛ na ɛyɛɛ Tirofoɔ toɔ,

na ɔbɛyɛɛ amanaman adwadibea.

Animguaseɛ nka wo, Ao Sidon, ne wo, Ao ɛpo so aban,

ɛfiri sɛ ɛpo akasa sɛ,

“Menkyemee da na menwoo da;

mentetee mmammarima anaa mmammaa da.”

Sɛ asɛm no duru Misraim a,

wɔn ho bɛdwiri wɔn wɔ nkra a ɛfiri Tiro no ho.

Montwa nkɔ Tarsis;

montwa adwo, mo a mowɔ supɔ no so.

Yei ne mo ahosɛpɛ kuropɔn no?

Yei ne teteete kuropɔn no a

watu akɔtena

akyirikyiri nsase soɔ no anaa?

Hwan na ɔbɔɔ atirimpɔ yei de tiaa Tiro,

deɛ ɔkyekyɛ ahenkyɛ,

deɛ nʼadwadifoɔ yɛ ahene mma,

na nʼadetɔnfoɔ agye din wɔ asase so?

Asafo Awurade na ɔbɔɔ ne tirimpɔ sɛ,

ɔbɛbrɛ animuonyam mu ahomasoɔ ase

na wabrɛ wɔn a wɔagye din wɔ asase yi so nyinaa ase.

Yɛ wʼasase so adwuma te sɛ deɛ wɔyɛ wɔ Nil ho no

Ao Ɔbabaa Tarsis,

ɛfiri sɛ wonni hyɛngyinabea bio.

Awurade apagya ne nsa wɔ ɛpo no so

ama ahennie ahodoɔ a ɛwɔ hɔ no repopo.

Wahyɛ Kanaan ho mmara sɛ,

wɔnsɛe nʼaban.

Ɔkaa sɛ, “Wʼahurisidie no nso ha ara,

Ao Ɔbabaa bunu Sidon a wɔadwera wo!

“Sɔre, tware kɔ Kipro;

ɛhɔ mpo worennya ahotɔ.”

Monhwɛ Babiloniafoɔ asase no,

saa nnipa a seesei wɔnka hwee no!

Asiriafoɔ ayɛ no

beaeɛ a anweatam so mmoa teɛ;

wɔsisii wɔn ntua aban bebree,

wɔdwirii nʼaban guiɛ

ma ɛdanee mmubuiɛ.

Montwa adwo, Tarsis ahyɛn;

wɔasɛe wʼaban!

Saa ɛberɛ no wɔrenkae Tiro mfeɛ aduɔson, a ɛyɛ ɔhene nkwanna. Nanso mfeɛ aduɔson akyi no, deɛ ɛbɛto Tiro no bɛyɛ sɛdeɛ ɛwɔ odwamanfoɔ no dwom mu no:

“Ma sankuten no so, pase fa kuropɔn no mu,

Ao odwamanfoɔ a wɔnnkae wo;

bɔ sankuten no yie, to nnwom bebree,

sɛdeɛ wɔbɛkae wo.”

Mfeɛ aduɔson akyi, Awurade ne Tiro bɛdi. Ɔbɛsane akɔdi ne paa sɛ odwamanfoɔ na ɔne ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa adi dwa. Nanso, deɛ ɔbɛnya ne ne mfasoɔ nyinaa, wɔde bɛto hɔ ama Awurade; wɔremmoaboa ano na wɔremfa nsie. Ne mfasoɔ no bɛkɔ wɔn a wɔsom wɔ Awurade anim, na wɔanya aduane bebree ne ntadeɛ pa.

Read More of Yesaia 23