Yesaia 22 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 22:1-25

Nkɔmhyɛ A Ɛfa Yerusalem Ho

1Adehunu a ɛfa Yerusalem, Anisoadehunu Bɔnhwa no ho:

Ɛdeɛn na ɛha mo seesei,

a mo nyinaa aforo kɔ adan atifi yi,

2Ao Kuro a basabasayɛ ahyɛ no ma,

Ao hooyɛ ne ahosɛpɛ kuropɔn?

Ɛnyɛ akofena ano na wʼatɔfoɔ hweree wɔn nkwa,

na wɔanwuwu wɔ ɔko ano nso?

3Mo adikanfoɔ nyinaa abɔ mu adwane;

wɔamfa tadua ankyekyere wɔn.

Mo a wɔkyere mo nyinaa wɔfaa mo nneduafoɔ;

mo a modwanee wɔ ɛberɛ a na atamfoɔ no wɔ akyirikyiri.

4Enti mekaa sɛ, “Momfiri me so

na mentwa adwo.

Monnkyekye me werɛ

wɔ me nkurɔfoɔ sɛeɛ ho.”

5Awurade, Asafo Awurade wɔ da bi

ma hooyɛ, ntiatiasoɔ ne ehu

wɔ Anisoadehunu Bɔnhwa no mu;

ɛda a wɔde bubu afasuo

na wɔde su kyerɛ mmepɔ.

6Elam fa bɛmma no

ka ne nteaseɛnamkafoɔ ne apɔnkɔ ho;

Kir pagya kyɛm no.

7Nteaseɛnam ayɛ mo bɔnhwa fɛfɛ no ma,

na wɔde apɔnkɔsotefoɔ agyinagyina kuropɔn apono no ano.

8Wɔayi Yuda ho banbɔ no.

Na da no wode wʼani too

akodeɛ a ɛwɔ Kwaeɛ mu Ahemfie no so;

9wohunuu sɛ Dawid Kuropɔn no

akwan bebree deda ne banbɔ mu.

Woboaa nsuo ano

wɔ Aseɛ Abura mu.

10Wokanee adan a ɛwɔ Yerusalem no

na wodwirii afie de boaa ɔfasuo no ahoɔden.

11Woyɛɛ nsukoraeɛ wɔ afasuo mmienu no ntam

maa nsuo a ɛwɔ Abura Dada mu,

nanso woanhwehwɛ Onipa ko a ɔyɛeɛ,

na woammu Onipa a ɔhyehyɛeɛ yei adaadaa no.

12Awurade, Asafo Awurade,

frɛɛ wo saa da no

sɛ su na twa adwo,

ɔkaa sɛ yi wo tirinwi na fira ayitoma.

13Nanso hwɛ, woka sɛ anigyeɛ ne ahosɛpɛ wɔ hɔ;

wokunkum anantwie ne nnwan;

wowe ɛnam na woboro nsã!

Woka sɛ, “Momma yɛnnidi na yɛnnom,

ɛfiri sɛ, ɔkyena yɛbɛwu!”

14Awurade, Asafo Awurade ayi me asotire sɛ, “Wɔremfa saa bɔne yi nkyɛ wo da kɔsi wo wu da,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ nie.

15Yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

“Kɔ, kɔka kyerɛ saa ɔsomfoɔ yi,

Sebna a ɔhwɛ ahemfie no so sɛ,

16Ɛdeɛn na woreyɛ wɔ ha na hwan na ɔmaa wo kwan

sɛ bɔ wo damena wɔ ha,

worebɔ wo damena wɔ baabi a ɛkorɔn

na woretwa wo homebea wɔ ɔbotan mu?

17“Hwɛ yie, na Awurade rebɛsɔ wo mu den

ato wo atwene, Ao wo ɔhoɔdenfoɔ.

18Ɔbɛbobɔ wo, ama woayɛ kurukuruwa,

na wato wo atwene ɔman kɛseɛ bi so.

Ɛhɔ na wobɛwu

na wo teaseɛnam fɛfɛ no aka hɔ,

wo a woyɛ ahohora ma wo wura efie!

19Mɛgye wʼadwuma afiri wo nsa mu

na wɔayi wo afiri wo dibea so.

20“Saa ɛda no, mɛfrɛ me ɔsomfoɔ Eliakim a ɔyɛ Hilkia babarima. 21Mede wʼatadeɛ yuu bɛhyɛ no na mede wʼabowomu abobare nʼasene mu na mede wo tumi ahyɛ ne nsa. Ɔbɛyɛ agya ama wɔn a wɔtete Yerusalem ne Yuda efie. 22Mede Dawid efie safoa bɛma no; deɛ ɔbɛbue no, obiara rentumi nto mu; na deɛ ɔbɛto mu nso, obiara rentumi mmue. 23Mɛbɔ ne so sɛ pɛɛwa ama watim. Ɔbɛyɛ animuonyam adwa ama nʼagya efie. 24Nʼabusua animuonyam nyinaa bɛgyina ne so: nʼasefoɔ ne mma nana, ne nkuku ne nkaka, firi nwowaa so kɔsi nhina nyinaa so.

25“Saa ɛda no,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, “pɛɛwa a wɔabɔ so ama atim no bɛtu ahwe fam na adesoa a ɛsɛn so no nso asɛe, Awurade akasa!”