Yesaia 10:20-34, Yesaia 11:1-16, Yesaia 12:1-6, Yesaia 13:1-22 ASCB

Yesaia 10:20-34

Israel Nkaeɛfoɔ

Ɛda no, Israel nkaeɛfoɔ,

Yakob fiefoɔ a wɔbɛka no

remfa wɔn ho nto no so bio.

Awurade, Israel Kronkronni no a ɔbɔɔ wɔn hwee fam no

mmom na wɔde wɔn ho bɛto no so nokorɛm.

Nkaeɛfoɔ no bɛsane aba. Yakob nkaeɛfoɔ no

bɛsane aba Otumfoɔ Onyankopɔn no nkyɛn.

Ao Israel, ɛwom sɛ wo nkurɔfoɔ dɔɔso sɛ mpoano anwea deɛ,

nanso nkaeɛfoɔ bi pɛ na wɔbɛsane aba.

Wɔahyɛ ɔsɛeɛ ho mmara denden

a ɛbɛbunkam nnipa no so, na mmara no yɛ.

Awurade, Asafo Awurade, ɔsɛeɛ

a wahyɛ ho mmara ketee na ɛbɛba asase no so nyinaa.

Enti, yei ne deɛ Awurade, Asafo Awurade seɛ,

“Ao Me nkurɔfoɔ a mote Sion

monnsuro Asiriafoɔ no,

wɔn a wɔde mmaa hwe mo

na wɔde aporibaa bobɔ mo, sɛdeɛ Misraim yɛeɛ no.

Ɛrenkyɛre koraa mʼabufuo a ɛtia mo no ano bɛdwo

na mʼaniberɛ bɛkɔ wɔn sɛeɛ so.”

Asafo Awurade de mpire bɛhwe wɔn,

sɛdeɛ ɔbɔɔ Midian hwee fam wɔ Oreb Ɔbotan ho no;

na ɔbɛtene ne poma nsuo no so,

sɛdeɛ ɔyɛɛ wɔ Misraim no.

Ɛda no, wɔbɛyi wɔn adesoa no afiri wo mmatire so;

wɔn kɔnnua afiri wo kɔn mu;

wɔbubu kɔnnua no

na afiri mo so.

Wɔhyɛne Ayat;

wɔfa Migron;

na wɔkora wɔn nneɛma wɔ Mikmas.

Wɔtwam wɔ kwantempɔn no so, na wɔka sɛ,

“yɛbɛda Geba anadwo yi.”

Rama ho popo;

Saulo kuro Gibea nso dwane.

Teaam Ɔbabaa Galim!

Tie, Ao Laisa!

Anatot Mmɔborɔni!

Madmena redwane;

Gebimfoɔ kɔtetɛ.

Ɛnnɛ ara wɔbɛgyina wɔ Nob;

wɔbɛwoso wɔn nsa

wɔ Ɔbabaa Sion bepɔ no so

wɔ Yerusalem kokoɔ no so.

Hwɛ, Awurade, Asafo Awurade no,

ɔde tumi kɛseɛ bɛtwitwa dua mman no.

Wɔbɛbubu nnua atentene no agu fam;

deɛ ɛwoware no bɛba fam.

Ɔde akuma bɛtwitwa kwaeɛm dɔtɔ agu fam.

Lebanon bɛhwe ase Ɔkɛseɛ no anim.

Read More of Yesaia 10

Yesaia 11:1-16

Yisai Ase Dubaa

Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho;

ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.

Awurade Honhom bɛtena no so:

nyansa ne nteaseɛ Honhom,

afotuo ne tumi Honhom,

nimdeɛ ne Awurade suro Honhom.

Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.

Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn,

anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;

na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,

ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ.

Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase;

ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ.

Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ

na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.

Pataku ne odwammaa bɛtena,

ɔsebɔ ne abirekyie bɛda,

nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;

na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.

Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi,

wɔn mma bɛdeda faako,

na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.

Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano,

na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu.

Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ

wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so,

na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma

sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no.

Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam. Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ.

Ɔbɛma frankaa so ama aman no

na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano;

Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano

afiri asase ntwea ɛnan no so.

Efraim anibereɛ bɛtu ayera,

na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ.

Efraim ani remmere Yuda bio,

na Yuda nso rentane Efraim ani.

Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam;

na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam.

Wɔbɛfa Edom ne Moab,

na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase.

Awurade bɛma nsuo

a ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora;

ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛ

abɔ afa Asubɔnten Eufrate so.

Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nson

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa.

Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ

a wɔaka Asiria,

sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israel

ɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no.

Read More of Yesaia 11

Yesaia 12:1-6

Ayɛyie Nnwom

Saa ɛda no, wobɛka sɛ:

“Mɛkamfo wo Ao Awurade!

Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ,

nanso afei wʼabofuo ano adwo.

Na woakyekyere me werɛ.

Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa;

mede me ho bɛto ne so, na merensuro.

Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom;

na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.”

Wode anigyeɛ bɛsa nsuo

afiri nkwagyeɛ nsubura mu.

Saa ɛda no wobɛka sɛ,

“Ɛda Awurade ase, bɔ ne din

Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ,

na pae mu ka sɛ wɔama ne din so.

To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree.

Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa.

Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so,

mo a mowɔ Sion,

ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.”

Read More of Yesaia 12

Yesaia 13:1-22

Nkɔmhyɛ A Ɛtia Babilonia

Amos babarima Yesaia adehunu a ɛfa Babilonia ho nie:

Pagya frankaa wɔ bepɔ a hwee nni soɔ no atifi,

teaam frɛ wɔn:

nyama wɔn

ma wɔn nhyɛne atitire no apono mu.

Mahyɛ mʼahotefoɔ;

mafrɛ mʼakofoɔ sɛ wɔnna mʼabufuhyeɛ adi,

wɔn a wɔdi me nkonimdie ho ahurisie.

Tie hooyɛ bi a ɛwɔ mmepɔ no so

te sɛ nnipa dɔm bebree deɛ!

Tie akasakasa a ɛwɔ ahennie ahodoɔ mu,

te sɛ amanaman a wɔreboaboa wɔn ho ano!

Asafo Awurade reboa ɛdɔm ano akɔ ɔko.

Wɔfifiri akyirikyiri aman so,

wɔfirifiri ɔsoro ahyeɛ so,

Awurade ne nʼakodeɛ a ɛyɛ nʼabufuhyeɛ;

bɛsɛe ɔman no nyinaa.

Twa adwo, na Awurade da no abɛn;

ɛbɛba te sɛ ɔsɛeɛ a ɛfiri Otumfoɔ no.

Yei enti, nsa nyinaa bɛdwodwo,

obiara akoma bɛboto.

Wɔbɛbɔ hunu,

ɔyea ne apinisie bɛkuta wɔn;

wɔbɛnukanuka wɔn mu te sɛ ɔbaa a awoɔ aka no.

Wɔde abasamutuo bɛhwɛ wɔn ho wɔn ho anim,

a wɔn ani asosɔ ogya.

Hwɛ, Awurade da no reba

ɛda bɔne a abufuo ne abufuhyeɛ wɔ mu,

ɛrebɛsɛe asase no

na asɛe abɔnefoɔ a wɔte soɔ no.

Ɔsoro nsoromma ne wɔn akuo renhyerɛn.

Esum bɛduru owia a ɛrepue

na ɔsrane nso renhyerɛn.

Mɛtwe ewiase aso, ne bɔne enti,

ne amumuyɛfoɔ wɔ wɔn nnebɔne ho.

Mɛtwa ahantanfoɔ ahomasoɔ so

na mabrɛ deɛ ɔdi awurukasɛm no ahantan ase.

Mɛma onipa ho ayɛ na asene sika kɔkɔɔ amapa;

ɔbɛsene Ofir sikakɔkɔɔ.

Enti mɛma ɔsoro awoso;

na asase ahinhim wɔ ne siberɛ

wɔ Asafo Awurade abufuhyeɛ ano,

nʼabufuhyeɛ da no.

Sɛdeɛ ɔwansane a ɔbɔmmɔfoɔ repɛ no akum no dwane,

anaasɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ yera kwan,

saa ara na obiara bɛdwane akɔhwehwɛ ne nkurɔfoɔ.

Obiara bɛdwane akɔ nʼasase so.

Obiara a wɔbɛfa no dedua no, wɔbɛwɔ no akofena akum no;

wɔn a wɔbɛkyere wɔn no nyinaa bɛtɔ wɔ akofena ano.

Wɔbɛtoto nkokoaa ahwehwe fam wɔ wɔn anim:

wɔbɛfom wɔn afie mu nneɛma na wɔato wɔn yerenom monnaa.

Hwɛ, mɛhwanyan Mediafoɔ atia wɔn,

wɔn na wɔmfa dwetɛ nyɛ hwee

na wɔn ani nnye sikakɔkɔɔ ho.

Wɔn tadua bɛbobɔ mmeranteɛ ahwehwe fam;

wɔrenhunu nkokoaa mmɔbɔ

na wɔrennya ayamhyehyeɛ mma mmɔfra.

Babilonia, ahennie ahodoɔ mu ɔbohemaa,

animuonyamdeɛ a Babiloniafoɔ de hoahoa wɔn ho no,

Onyankopɔn bɛdane abutu

te sɛ Sodom ne Gomora.

Nnipa rentena hɔ bio

awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu;

Arabni biara rensi ne ntomadan wɔ hɔ;

odwanhwɛfoɔ biara remfa ne nnwan nkɔ home wɔ hɔ.

Nanso ɛserɛ so mmoa bɛda hɔ.

Sakraman bɛyɛ nʼafie no mu ma;

ɛhɔ na apatuo bɛtena,

ɛhɔ na wira mu mpɔnkye nso bɛdi agorɔ.

Mpataku bɛpɔ so wɔ nʼaban denden mu,

sakraman bɛyɛ nʼahemfie fɛfɛ no mu ma.

Ne berɛ aso,

na wɔrento ne nna mu.

Read More of Yesaia 13