Yesaia 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Yesaia 11:1-16

Yisai Ase Dubaa

1Dua foforɔ bi bɛfefɛ wɔ Yisai dunsini ho;

ɛfiri ne nhini mu na Dubaa bi bɛso aba.

2Awurade Honhom bɛtena no so:

nyansa ne nteaseɛ Honhom,

afotuo ne tumi Honhom,

nimdeɛ ne Awurade suro Honhom.

3Na nʼani bɛgye wɔ Awurade suro mu.

Ɛnnyɛ deɛ ɔde nʼani hunu soɔ na ɔbɛgyina abu atɛn,

anaa deɛ ɔde nʼaso bɛteɛ soɔ na ɔbɛgyina asi gyinaeɛ;

4na mmom ɔde tenenee bɛbu mmɔborɔfoɔ atɛn,

ɔde atɛntenenee bɛsi gyinaeɛ ama asase so ahiafoɔ.

Ɔde abaa a ɛyɛ nʼanom asɛm bɛwoso asase;

ɔde ahome a ɛfiri nʼanom bɛkunkum amumuyɛfoɔ.

5Tenenee bɛyɛ nʼabɔsoɔ

na nokorɛdie ayɛ nʼabɔwomu.

6Pataku ne odwammaa bɛtena,

ɔsebɔ ne abirekyie bɛda,

nantwie ba ne gyata ne ne ba bɛbɔ mu;

na abɔfra ketewa bi adi wɔn anim.

7Ɔnantwie ne sisire bɛbɔ mu adidi,

wɔn mma bɛdeda faako,

na gyata bɛwe wira te sɛ nantwie.

8Akokoaa bɛdi agorɔ abɛn ɔprammire amena ano,

na abɔfra ketewa de ne nsa ahyɛ ɔnanka bɔn mu.

9Wɔrenyɛ obi bɔne na wɔrensɛe adeɛ

wɔ me bepɔ Kronkron nyinaa so,

na Awurade ho nimdeɛ bɛyɛ asase so ma

sɛdeɛ nsuo ayɛ ɛpo ma no.

10Na da no, Yisai aseni no bɛsɔre; deɛ ɔbɛsɔre abɛdi amanaman no so; ɔno na wɔn ani bɛda ne so, na nʼahomegyebea bɛnya animuonyam. 11Saa ɛda no, Awurade bɛma ne nsa so ne mprɛnu so de agye ne nkurɔfoɔ a wɔaka afiri Asiria, Misraim anafoɔ fam, Misraim atifi fam, Kus, Elam, Babilonia, Hamat ne Po so nsupɔ.

12Ɔbɛma frankaa so ama aman no

na wɔaboaboa Israel atukɔfoɔ ano;

Ɔbɛboaboa Yudafoɔ a wɔahwete no ano

afiri asase ntwea ɛnan no so.

13Efraim anibereɛ bɛtu ayera,

na wɔbɛsɛe Yuda atamfoɔ.

Efraim ani remmere Yuda bio,

na Yuda nso rentane Efraim ani.

14Wɔbɛtwi afa Filistia nsaneɛ ahodoɔ no so akɔ atɔeɛ fam;

na wɔbɛbɔ mu afo nnipa akɔ apueeɛ fam.

Wɔbɛfa Edom ne Moab,

na Amonfoɔ bɛhyɛ wɔn ase.

15Awurade bɛma nsuo

a ɛwɔ Misraim Po no mu awe korakora;

ɔbɛma ne nsa mu mframa a emu yɛ hyeɛ

abɔ afa Asubɔnten Eufrate so.

Ɔbɛpaapae mu ayɛ no nsuwansuwa nson

sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛtumi ahyɛ mpaboa atwa.

16Ɛkwantempɔn bi bɛda hɔ ama ne nkurɔfoɔ nkaeɛfoɔ

a wɔaka Asiria,

sɛdeɛ ebi daa hɔ maa Israel

ɛberɛ a wɔfiri Misraim baeɛ no.