Daniel 3:13-30, Daniel 4:1-18 ASCB

Daniel 3:13-30

Ɛhɔ ara, Nebukadnessar bo fuu yie, na ɔhyɛɛ sɛ, wɔmfa Sadrak, Mesak ne Abednego mmra nʼanim. Wɔde wɔn baeɛ no, Nebukadnessar bisaa wɔn sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɛyɛ nokorɛ sɛ, moansɔre mʼanyame ne sikakɔkɔɔ ohoni a mede asi hɔ no? Mɛma mo ɛkwan bio. Sɛ mote abɛn, odurugya sankuo, sankuba sankuo, bɛnta, atɛntɛbɛn ne nnwontodeɛ ahodoɔ nyinaa nnyegyeeɛ no, na mokoto fam, na mosɔre ohoni a mayɛ no a, na me ne mo nni asɛm biara. Na sɛ mopo a, wɔbɛto mo agu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu prɛko pɛ. Sɛ ɛba saa a, nyame bɛn na ɔbɛtumi agye mo afiri me tumi ase?”

Sadrak, Mesak ne Abednego buaa sɛ, “Ao, Nana Nebukadnessar, yɛnnye nni sɛ ɛho hia sɛ yɛyi yɛn ho ano wɔ wʼanim. Sɛ wɔto yɛn gu fononoo a ogya redɛre wɔ mu no mu a, Onyankopɔn a yɛsom no no bɛgye yɛn. Nana, ɔbɛgye yɛn afiri wo tumi ase. Na sɛ ɛba sɛ wannye yɛn mpo a, Nana nte aseɛ sɛ, sɔre deɛ, yɛrensɔre wʼanyame anaa sikakɔkɔɔ ohoni a wode asi hɔ no da biara da.”

Wɔde Mmeranteɛ Baasa Gu Ogyadɛreɛ Fononoo Mu

Nebukadnessar bo fuu Sadrak, Mesak ne Abednego yie, na wampɛ wɔn anim ahwɛ. Ɔhyɛɛ sɛ, wɔmma fononoo no ogya no hyeɛ no nnɔ mmɔho nson. Afei, ɔhyɛɛ nʼakodɔm mu mmarima ahoɔdenfoɔ pa ara no bi sɛ, wɔnkyekyere Sadrak, Mesak ne Abednego, na wɔnto wɔn ngu fononoo no mu ogyadɛreɛ no mu. Enti, wɔkyekyeree saa nkurɔfoɔ yi a wɔhyehyɛ wɔn ntwontwo, wɔn ntadeɛ, wɔn mmotire ne wɔn ntoma papee, too wɔn guu fononoo ogya a ɛrederɛ no mu. Na ɛsiane ɔhene no abufutrasoɔ ne ɔhyɛ a ama fononoo no adɔ hyeehyeehye aborosoɔ no enti, asraafoɔ a wɔde Sadrak, Mesak, ne Abednego regu fononoo no mu no wuwuu ogyaframa no ano. Na Sadrak, Mesak ne Abednego a wɔakyekyere wɔn pampee no hwehwee ogya fononoo a ɛrederɛ no mu.

Nebukadnessar gu so rehwɛ no, prɛko pɛ, ɔhuri teaam ahodwirie so guu nʼafotufoɔ no so sɛ, “Ɛnnyɛ mmarima baasa na yɛkyekyeree wɔn too wɔn guu fononoo no mu?”

Wɔbuaa sɛ, “Aane, Nana, yɛyɛɛ saa pɛpɛɛpɛ.”

Nebukadnessar teaam sɛ. “Monhwɛ! Mehunu nnipa baanan a biribiara nkyekyeree wɔn sɛ wɔnenam ogya no mu. Egya dɛreɛ no nhyee wɔn. Onipa a ɔtɔ so ɛnan no te sɛ anyame ba bi!”

Na Nebukadnessar twe bɛnee fononoo a ogya redɛre wɔ mu no ɛpono ano, sɛdeɛ ɔbɛtumi, teaam sɛ, “Sadrak, Mesak ne Abednego, ɔsorosoro Onyankopɔn asomfoɔ, momfiri mmra! Mommra ha!”

Ɛno enti, Sadrak, Mesak ne Abednego firii ogya no mu baeɛ. Afei, ahenemma, mpanimfoɔ, amradofoɔ ne afotufoɔ bɛtwaa wɔn ho hyiaeɛ, na wɔhunuu sɛ, ogya no anka wɔn. Wɔn tirinwi mpo ho anka. Na wɔn ntadeɛ anhye. Na wisie mpo mmɔn wɔn ho.

Afei, Nebukadnessar kaa sɛ, “Ayɛyie nka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn. Ɔsomaa ne ɔbɔfoɔ, ma wɔbɛgyee nʼasomfoɔ a wɔgye no die. Wɔbuu me ɔhene mmara so, na wɔde wɔn honam maeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔrensom na wɔrensɔre anyame biara gye wɔn Onyankopɔn. Ne saa enti, merehyɛ saa mmara yi sɛ ɔman, nkurɔfoɔ ne kasa ahodoɔ nyinaa mu, obiara a ɔbɛka Sadrak, Mesak ne Abednego Onyankopɔn ho abususɛm no, ampa ara wɔbɛtwitwa wɔn mu asinasini na wɔadwiri wɔn afie ama adane wira. Onyame biara nni hɔ a ɔbɛtumi agye nkwa sɛɛ yi.”

Afei, Ɔhene Nebukadnessar maa Sadrak, Mesak ne Abednego dibea a ɛkorɔn yie wɔ Babiloniaman mu.

Read More of Daniel 3

Daniel 4:1-18

Dua Ho Daeɛso

Ɔhene Nebukadnessar,

too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ:

Ɛnsi mo yie mmoroso!

Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.

Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa!

Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!

Nʼahennie yɛ daa ahennie;

ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me. Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no. Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ. Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne sɛ, mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten. Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara. Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.

“Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu. Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so. Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no.

“ ‘Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

“ ‘Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’

“Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.”

Read More of Daniel 4