Daniel 4 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

Daniel 4:1-37

Dua Ho Daeɛso

1Ɔhene Nebukadnessar,

too saa nkra yi kɔmaa nnipa ne aman ne kasa ahodoɔ a ɛwɔ ewiase sɛ:

Ɛnsi mo yie mmoroso!

2Ɛyɛ me anigye sɛ mo nyinaa ahunu biribi a ɛfa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ a Ɔsorosoro Onyankopɔn ayɛ ama me.

3Hwɛ sɛdeɛ ne nsɛnkyerɛnneɛ yɛ kɛseɛ fa!

Na hwɛ sɛdeɛ tumi a ɛwɔ nʼanwanwadeɛ no mu so fa!

Nʼahennie yɛ daa ahennie;

ne tumi tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

4Na me, Nebukadnessar, mete mʼahemfie, medi me ho so na me ho tɔ me. 5Nanso, mesoo daeɛ bi a, ɛbɔɔ me hu yie. Meda me mpa so no, mfoni a ɛfaa mʼani so ne anisoadehunu a menyaeɛ no hunahunaa me. 6Ɛno enti, mehyɛ ma wɔfrɛɛ anyansafoɔ a wɔwɔ Babilonia nyinaa sɛ wɔmmɛkyerɛ me daeɛ no ase. 7Ɛberɛ a nkonyaayifoɔ, pɛadeɛhunufoɔ, Kaldeafoɔ ne ntafowayifoɔ no baeɛ no, mekaa daeɛ no kyerɛɛ wɔn, nanso wɔantumi ankyerɛ me aseɛ. 8Akyire yi, Daniel (a yɛtoo no din Beltesasar, a ɛyɛ me nyame din, ɛfiri sɛ, na anyame kronkron no sunsum wɔ ne mu) baa mʼanim, na mekaa daeɛ no kyerɛɛ no. 9Meka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, nkonyaayifoɔ panin, menim sɛ, anyame kronkron no sunsum wɔ wo mu, ɛno enti, ɛnnyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛ ahintasɛm biara ase. Afei, me daeɛ no ni, kyerɛ me aseɛ. 10Ɛberɛ a meda me mpa so no, daeɛ a mesoeɛ ne sɛ, mehunuu dua bi a ɛsi asase mfimfini a ɛware tenteenten. 11Dua no nyini yɛɛ dutan kɛseɛ na ne tentene kɔduruu soro, a wohunu no asase so baabiara. 12Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ, na aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu.

13“Meda me mpa so no, mehunuu ɔbɔfoɔ kronkron bi a ɔfiri soro reba fam wɔ mʼanisoadehunu no mu. 14Ɔbɔfoɔ no teaam sɛ, ‘Twa dua no to fam na twitwa ne mman no nyinaa. Poro ne nhahan no, na to nʼaba no pete. Pam mmoa no firi ne nwunu ase, na pam ewiem nnomaa no firi ne mman so. 15Nanso gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no.

“ ‘Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. 16Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.

17“ ‘Asomafoɔ asi gyinaeɛ dada; na akronkronfoɔ abu atɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a ateasefoɔ nyinaa bɛte aseɛ sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ, mpo, sɛ ɔyɛ onipa teta.’

18“Beltesasar, saa daeɛ yi na me Ɔhene Nebukadnessar soeɛ. Afei, kyerɛ me aseɛ, ɛfiri sɛ, anyansafoɔ a wɔwɔ mʼahemman mu nyinaa antumi ankyerɛ me aseɛ. Na wo deɛ wobɛtumi akyerɛ me, ɛfiri sɛ, anyame kronkron sunsum no wɔ wo mu.”

Daniel Kyerɛ Daeɛ No Ase

19Daniel (a wɔsane frɛ no Beltesasar no) tee daeɛ no, ɔyɛɛ basaa kakra; ne ho dwirii no na nʼadwene mu haa no. Nti, ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ, “Beltesasar, mma daeɛ no ne nʼasekyerɛ mmɔ wo hu.”

Beltesasar buaa sɛ, “Yei deɛ, Nana, anka daeɛ no ne ne nkyerɛaseɛ no ɛmpare wo na ɛnkɔ wʼatamfoɔ so! 20Ao, Nana, wohunuu dua bi a ɛnyini yɛɛ dutan kɛseɛ a ne tentene kɔduruu soro, na wohunu no asase nyinaa so. 21Na ne nhahan yɛ frɔmm fɛɛfɛɛfɛ a aso aba bebree, na ɛso wɔ aduane ma obiara. Na wiram mmoa te ne nwunu ase, na ewiem nnomaa nso yɛ wɔn pirebuo wɔ ne mman mu. 22Nana, mesrɛ ka, saa dua no yɛ wo. Ɛfiri sɛ, woatu mpɔn, ahoɔden so ne kɛseyɛ mu. Wo kɛseyɛ no kɔduru ɔsoro, na wʼadedie no kɔ akyirikyiri kɔduru asase ano.

23“Afei, Nana, wohunuu ɔbɔfoɔ kronkron a ɔfiri soro reba fam, na ɔreka sɛ, ‘Twa dua no to fam na sɛe no. Nanso, gya dunsini no ne ne nhini a dadeɛ ne kɔbere akyekyere, na ɛserɛ atwa ho ahyia no. Afei, ma ɔsoro bosuo mfɔ no kyaww, na ma ɔne mmoa ntena wɔ wiram. Na ma nʼadwene nsesa na ɛnyɛ sɛ aboa deɛ. Na mfeɛ nson ntwa ne tiri so.’

24“Daeɛ no asekyerɛ nie, Nana, atɛn a Ɔsorosoroni no abu atia wo no nie. 25Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu, na wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo bɛfɔ wo kyaww. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so akɔsi sɛ, wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no na ɔdi ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a ɔpɛ. 26Hyɛ a wɔhyɛ ma wɔgyaa dunsini no ne ne nhini no wɔ asase mu no kyerɛ sɛ, sɛ wohunu sɛ ɔsoro na ɛdi tumi no a, wo nsa bɛsane aka wʼahemman. 27Ne saa enti, Ao, Nana Nebukadnessar, mesrɛ wo, tie mʼafotuo. Gyae bɔneyɛ, na yɛ deɛ ɛtene. Gyae wʼatirimuɔdensɛm na yɛ ahummɔborɔ ma ahiafoɔ, na twe wo ho firi wo tete amumuyɛ no ho. Ebia, woyɛ saa a, wobɛkɔ so adi yie.”

28Na saa nneɛma yi nyinaa baa Ɔhene Nebukadnessar so. 29Abosome dumienu akyi a na ɔretu mpase wɔ ahemfie no abansoro atifi wɔ Babilonia no, 30ɔtoo nʼani, hwɛɛ kuro no mu, na ɔkaa sɛ, “Ɛnyɛ Babilonia kuro kɛseɛ a mede me tumi akyekyere ayɛ no ɔhempɔn atenaeɛ de ahyɛ mʼahennie animuonyam ni anaa?”

31Ɛberɛ a ɔgu so reka saa nsɛm no, nne bi firi soro baa sɛ, “Wo, Ɔhene Nebukadnessar, wɔka kyerɛɛ wo sɛ wonnyɛ ɔhene wɔ ahemman yi so bio. 32Wɔbɛpam wo afiri nnipa mu. Wo ne wiram mmoa bɛtena wiram. Na wobɛwe ɛserɛ te sɛ nantwie. Mfeɛ nson bɛtwa wo tiri so kɔsi sɛ wobɛhunu sɛ, Ɔsorosoroni no di ewiase ahemman so, na ɔde ma obiara a, ɔpɛ.”

33Amonom hɔ ara nkɔmhyɛ no baa mu. Wɔpamoo Nebukadnessar firii nnipa mu. Ɔwee ɛserɛ te sɛ nantwie, na ɔsoro bosuo fɔɔ no kyaww. Ɔtenaa saa tebea no mu kɔsii sɛ, ne tirinwi yɛɛ atentene te sɛ ɔkɔdeɛ ntakra, na nʼabɔwerɛ yɛɛ sɛ anomaa bɔwerɛ.

34Saa ɛberɛ yi twaam no, me, Nebukadnessar, memaa mʼani so hwɛɛ soro. Mʼani baa me ho so, na mekamfo Ɔsorosoroni no, na metontom deɛ ɔte aseɛ daa no meyii no ayɛ sɛ:

Ne tumi yɛ daa tumi,

Na nʼahennie tene kɔ awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so.

35Asase so nnipa nyinaa,

wɔmmu wɔn hwee.

Ɔde ɔsoro tumi yɛ deɛ ɔpɛ biara.

Na nnipa a ɛwɔ asase so

mu biara ntumi nsi no ɛkwan

anaa ɔmmisa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔayɛ yi?”

36Ɛberɛ a mʼani baa me ho so no, berɛ korɔ no mu ara na me anidie ne me kɛseyɛ a ɛhyɛ me ɔman no animuonyam no baeɛ. Mʼafotufoɔ ne mʼaberempɔn hwehwɛɛ me, na wɔsane de me sii mʼahennie so bio, na mʼanimuonyam bɛyɛɛ kɛse kyɛnee kane no. 37Afei, me Nebukadnessar, mekamfo ma no so, hyɛ ɔsorohene animuonyam, de anidie ma no. Ne nneyɛeɛ nyinaa yɛ pɛ, na ɛyɛ nokorɛ, na ɔbɛtumi abrɛ ahantanfoɔ ase.