2 Ahemfo 10:1-36, 2 Ahemfo 11:1-21 ASCB

2 Ahemfo 10:1-36

Yehu Kunkum Ahab Efiefoɔ

Na Ahab wɔ mmammarima aduɔson a wɔtete Samaria.10.1 Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn firi Ɔhene Omri berɛ so (1 Ah 16.24). Na Yehu twerɛɛ krataa, kyekyɛ maa kuro no mpanimfoɔ, ntuanofoɔ ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmammarima no so no. Na krataa no ka sɛ, “Ɔhene mmammarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kuro a wɔabɔ ho ban ne akodeɛ nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, monyi ɔhene Ahab mmammarima no mu deɛ ɔfata a ɔwɔ mu no, na monsi no mo so ɔhene, na monsiesie mo ho nko mma Ahab fie.”

Nanso, wɔbɔɔ huboa kaa sɛ, “Ahemfo baanu10.4 Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (9.22-28). mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na ɛdeɛn na yɛbɛtumi ayɛ?”

Enti, mpanimfoɔ a wɔhwɛ ahemfie hɔ ne kuro no so ne ntuanofoɔ ahodoɔ no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmammarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu sɛ, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara ɔhene. Deɛ wogye di sɛ ɛyɛ biara no, yɛ.”

Yehu twerɛɛ krataa a ɛtɔ so mmienu de buaa sɛ, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mobɛtie mʼasɛm deɛ a, ɔkyena ɛbɛyɛ sɛsɛɛ mmerɛ mu, momfa ɔhene no mmammarima tiri mmrɛ me wɔ Yesreel.”

Na Samaria ntuanofoɔ bi na wɔhwɛ ɔhene mmammarima aduɔson no so a wɔatete wɔn firi wɔn mmɔfraase pɛɛ. Krataa no duruiɛ ara pɛ, na ntuanofoɔ no kunkumm ɔhene no mmammarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn tiri no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. Ɔbɔfoɔ kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wɔde ɔhene mmammarima no tiri no aba.” Enti, Yehu hyɛɛ sɛ, “Mommoaboa ano akuo mmienu wɔ kuro no ɛpono ano, na monnya hɔ nkɔsi adekyeeɛ.”

Adeɛ kyeeɛ no, ɔkɔkasa kyerɛɛ ɛdɔm a ahyia hɔ no sɛ, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo soboɔ. Me na mebɔɔ pɔ de tiaa me wura, nam so kumm no. Na hwan na ɔkunkumm yeinom? Deɛ ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn a wɔka faa Ahab fie ho no ba mu. Awurade nam ne ɔsomfoɔ Elia so daa no adi sɛ yei bɛba mu.” Na Yehu kunkumm Ahab abusuafoɔ a wɔtete Yesreel no ne ne mpanimfoɔ atitire ne nnamfonom ne nʼabosomfoɔ nyinaa. Enti, anka Ahab aseni biara.

Na Yehu firii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nnwanhwɛfoɔ ahɔhodan mu. Ɔhyiaa Yudahene Ahasia abusuafoɔ bi. Ɔbisaa sɛ, “Moyɛ ɛhefoɔ?”

Wɔbuaa sɛ, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafoɔ. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmammarima ne ɔhemmaa no.”

Yehu teaam, ka kyerɛɛ ne mmarima sɛ, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan mmienu no nyinaa kunkumm wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wɔn mu biara annwane.

Ɛberɛ a Yehu firii hɔ no, ɔhyiaa Rekab10.15 Na Rekabfoɔ no yɛ Rekab asefoɔ a na wɔda so te ase Yeremia berɛ so (Yer 35.6,8). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yie. Na wɔdi atutena. Na wɔyɛ Kenifoɔ a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase firi wɔn mu. babarima Yehonadab a na ɔrebɛhyia no. Wɔkyeakyeaa wɔn ho wieeɛ no, Yehu bisaa no sɛ, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛdeɛ mewɔ wo ho adwene pa no anaa?”

Yehonadab buaa sɛ, “Aane.”

Yehu toaa so sɛ, “Sɛ wowɔ me ho adwene pa deɛ a, ɛnneɛ, kyea me.” Yehonadab tenee ne nsa ma Yehu kyeaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. Na Yehu kaa sɛ, “Afei, wo ne me nkɔ, na hunu sɛdeɛ mede me ho ama Awurade no.” Enti, Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔeɛ.

Ɛberɛ a Yehu duruu Samaria no, ɔkunkumm Ahab fiefoɔ a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛdeɛ Awurade nam Elia so hyɛeɛ no.

Yehu Kum Baal Abosomfoɔ

Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kuro no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ahab somm Baal kakra; Yehu bɛsom no yie. Momfrɛ Baal adiyifoɔ, asomfoɔ ne nʼabosomfoɔ nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, ɛfiri sɛ, merebɛbɔ Baal afɔdeɛ kɛseɛ. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wɔbɛkum no.” Na Yehu adwene ne sɛ, ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa.

Afei, Yehu hyɛɛ sɛ, “Monhyia, mmɔ dwa anibereɛ so, na monsɔre Baal!” Enti, wɔyɛɛ saa. Ɔsomaa abɔfoɔ kɔɔ Israel afanan nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfie10.21 Ahab na ɔsii Baal abosomfie no (1 Ah 16.32). hɔ ma tɔ, firi tire kɔsi tire. Na Yehu hyɛɛ deɛ ɔhwɛ ntadedaka no so no sɛ, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti, wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn.

Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfie hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfoɔ no sɛ, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfoɔ no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom Awurade no mma mu.” Enti, na wɔn nyinaa wɔ abosomfie hɔ rekɔbɔ afɔdeɛ ne ɔhyeɛ afɔdeɛ. Yehu de nʼasraafoɔ aduɔwɔtwe twaa ɛdan no ho hyiaeɛ, hyɛɛ wɔn sɛ, “Sɛ moma obi dwane a, mo ara mode mo nkwa bɛtwa so.”

Yehu wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfoɔ ne ne mpanimfoɔ no sɛ, “Monkɔkunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nnwane!” Enti, wɔde wɔn akofena kunkumm wɔn nyinaa. Na awɛmfoɔ no ne mpanimfoɔ no twee wɔn amu no bɛguu abɔntene. Yehu asraafoɔ no kɔɔ Baal abosomfie no aban mu. Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. Wɔbubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfie no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfoɔ agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de bɛsi ɛnnɛ.

Yehu nam saa ɛkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. Nanso, Yehu ansɛe sika anantwie mma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no, bɔne kɛseɛ a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfoɔ anim ma wɔyɛeɛ.

Na Awurade ka kyerɛɛ Yehu sɛ, “Woayɛ ade sɛ wotiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fiefoɔ. Ne saa enti, mɛma wʼasefoɔ adi ahene wɔ Israel, akɔsi awontoatoasoɔ ɛnan so.” Nanso, Yehu amfa nʼakoma anni Awurade, Israel Onyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfiri ahonisom a Yeroboam dii Israelfoɔ anim, ma wɔyɛeɛ no ho.

Yehu Owuo

Nna no mu, Awurade hyɛɛ aseɛ tee Israel asase no kɛseɛ so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a Gilead nyinaa, Gad, Ruben ne Manase ka ho. Ɔdii asase a ɛfiri Aroer kuro a ɛda Arnon Subɔnhwa ho, de kɔsi atifi fam wɔ Gilead ne Basan.

Na Yehu ahennie mu nsɛm a ɛsisiiɛ, ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ ne deɛ ɔtumi yɛeɛ no, wɔatwerɛ agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu.

Ɛberɛ a Yehu wuiɛ no, wɔsiee no wɔ ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. Ne nyinaa mu, Yehu dii adeɛ Israel firii Samaria mfeɛ aduonu nwɔtwe.

Read More of 2 Ahemfo 10

2 Ahemfo 11:1-21

Atalia Di Ɔhene Wɔ Yuda

Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba11.2 Ɛsono Yehoseba ne maame na ɛsono Atalia nso ne maame. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno enti na ɔtumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfoɔ no mpiam no. a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no. Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ Awurade asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no.

Atuateɛ A Ɛtia Atalia

Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ11.4 Na Karifoɔ yɛ ahɔhoɔ asraafoɔ a wɔbɔ wɔn paa a wɔfiri Asia Kumaa mu. Wɔn na wɔbɛsii Keritifoɔ anan Dawid berɛ so (2 Sam 8.18). asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.

Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no. Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no. Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ Awurade asɔredan mu. Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfoɔ kuo, a mokurakura mo akodeɛ. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, monkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no.”

Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim. Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no Awurade asɔredan mu hɔ no. Awɛmfoɔ no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔkurakura wɔn akodeɛ. Wɔsaa so tee firii asɔredan no anafoɔ fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔrebukyia no ho nyinaa.

Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”

Atalia Owuo

Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. Ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ wɔ ahensie mu no. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wɔfiri asase no so afanan nyinaa redi ahurisie rehyɛn totorobɛnto. Ɛberɛ a Atalia hunuu yeinom nyinaa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”

Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.” Enti, wɔkyeree no de no puee ɛpono no ano wɔ baabi a apɔnkɔ fa ba ahemfie hɔ no, kumm no wɔ hɔ.

Yehoiada Gyedisom Mu Nsesaeɛ

Na Yehoiada yɛɛ apam de too Awurade ne ɔhene ne nnipa no ntam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. Ɔsane yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kɔbubu guu fam. Wɔbubuu afɔrebukyia ne ahoni ahodoɔ nyinaa no asinasini, kumm Baal ɔbosomfoɔ Matan nso wɔ afɔrebukyia no anim. Ɔsɔfoɔ Yehoiada maa awɛmfoɔ wɛnee Awurade asɔredan no. Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so. Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, wɔakum Atalia wɔ ahemfie.

Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson.

Read More of 2 Ahemfo 11