2 Ahemfo 11 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

2 Ahemfo 11:1-21

Atalia Di Ɔhene Wɔ Yuda

1Ɛberɛ a Yudahene Ahasia, ne maame Atalia tee sɛ ne babarima no awuo no, ɔkɔeɛ sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. 2Nanso, Ahasia nuabaa Yehoseba11.2 Ɛsono Yehoseba ne maame na ɛsono Atalia nso ne maame. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanin Yehoia yere (2 Be 22.11). Ɛno enti na ɔtumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfoɔ no mpiam no. a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babaa no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas, yii no firii ɔhene no mma a anka wɔrebɛkunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne bagyegyefoɔ kɔhintaa pia bi mu, sɛdeɛ Atalia renhunu no. Ɛno enti, wɔannya abɔfra no ankum no. 3Yoas ne deɛ ɔgyegye no no hintaaeɛ, wɔ Awurade asɔredan mu mfeɛ nsia, ɛberɛ a na Atalia di ɔhene wɔ asase no so no.

Atuateɛ A Ɛtia Atalia

4Atalia adedie mfeɛ nson mu no, ɔsɔfoɔ Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifoɔ11.4 Na Karifoɔ yɛ ahɔhoɔ asraafoɔ a wɔbɔ wɔn paa a wɔfiri Asia Kumaa mu. Wɔn na wɔbɛsii Keritifoɔ anan Dawid berɛ so (2 Sam 8.18). asraafoɔ apaafoɔ ne awɛmfoɔ baa Awurade asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛeɛ, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wɔbɛdi nokorɛ wɔ Awurade asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn.

5Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Deɛ ɛsɛ sɛ moyɛ nie. Mo mu nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfie no. 6Nkyɛmu mmiɛnsa mu baako nso, nnwɛn wɔ Sur ɛpono no ano. Na nkyɛmu mmiɛnsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfie no akyi. Saa akuo mmiɛnsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfie no. 7Akuo mmienu a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn ama ɔhene no wɔ Awurade asɔredan mu. 8Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfoɔ kuo, a mokurakura mo akodeɛ. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, monkum no. Ɛberɛ biara, mommɛn ɔhene no.”

9Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafoɔ a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfoɔ Yehoiada anim. 10Ɔmaa wɔn mpea ne akyɛm a na berɛ bi ɛyɛ ɔhene Dawid dea a na wɔakora no Awurade asɔredan mu hɔ no. 11Awɛmfoɔ no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiaeɛ a wɔkurakura wɔn akodeɛ. Wɔsaa so tee firii asɔredan no anafoɔ fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔrebukyia no ho nyinaa.

12Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pueeɛ, hyɛɛ no ahenkyɛ. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛsoɔ no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teateaam sɛ, “Ɔhene nkwa so!”

Atalia Owuo

13Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfoɔ no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Awurade asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ deɛ ɛrekɔ so. 14Ɔhunuu sɛ ɔhene foforɔ no gyina beaeɛ bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ wɔ ahensie mu no. Na mpanimfoɔ ne totorobɛntohyɛnfoɔ atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wɔfiri asase no so afanan nyinaa redi ahurisie rehyɛn totorobɛnto. Ɛberɛ a Atalia hunuu yeinom nyinaa no, ɔde ahometeɛ sunsuanee ne ntadeɛ mu teateaam sɛ, “Amammɔeɛsɛm! Amammɔeɛsɛm!”

15Na ɔsɔfoɔ Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ nsraadɔm no so no sɛ, “Momfa no mfiri asɔredan mu ha, na monkum obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye no. Monnkum no wɔ Awurade asɔredan mu ha.” 16Enti, wɔkyeree no de no puee ɛpono no ano wɔ baabi a apɔnkɔ fa ba ahemfie hɔ no, kumm no wɔ hɔ.

Yehoiada Gyedisom Mu Nsesaeɛ

17Na Yehoiada yɛɛ apam de too Awurade ne ɔhene ne nnipa no ntam sɛ, wɔbɛyɛ Awurade nkurɔfoɔ. Ɔsane yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. 18Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kɔbubu guu fam. Wɔbubuu afɔrebukyia ne ahoni ahodoɔ nyinaa no asinasini, kumm Baal ɔbosomfoɔ Matan nso wɔ afɔrebukyia no anim. Ɔsɔfoɔ Yehoiada maa awɛmfoɔ wɛnee Awurade asɔredan no. 19Na asahene, Karifoɔ asraafoɔ apaafoɔ, awɛmfoɔ no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue firii Awurade asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfoɔ no ɛpono no ano, kɔɔ ahemfie hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahennwa no so. 20Enti, nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurisie, na asomdwoeɛ baa kuropɔn no mu, ɛfiri sɛ, wɔakum Atalia wɔ ahemfie.

21Yoas bɛdii adeɛ no, na wadi mfirinhyia nson.