1 Ahemfo 7:23-51, 1 Ahemfo 8:1-21 ASCB

1 Ahemfo 7:23-51

Afei, Huram twaa dwaresɛn kurukuruwa kɛseɛ bi a ɛfiri ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no edin Ɛpo. Na emu tenten yɛ anammɔn nson ne fa, na ne kankomu nso yɛ anammɔn aduanan enum. Ɛpo no ano pɛɛ na na wɔde nkoraa a wɔadi no adwini atwa ho ahyia. Na nkoraa bɛyɛ nsia a ɛkwan a ɛdeda wɔn ntam yɛ anammɔn baako. Na wɔayɛ ama ayɛ sɛ dwaresɛn no fa bi.

Na Ɛpo no si nsiaseɛ a ɛyɛ kɔbere mfrafraeɛ anantwie dumienu sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔntene. Mmiɛnsa ani kyerɛ atifi fam. Mmiɛnsa ani kyerɛ atɔeɛ fam. Mmiɛnsa kyerɛ anafoɔ fam, ɛnna mmiɛnsa nso ani kyerɛ apueeɛ fam. Na Ɛpo no afasuo mu pipiripie bɛyɛ nsateakwaa mmiɛnsa, na ano no ntrɛmu te sɛ bonsua, na na ɛte sɛ sukooko a apaeɛ. Na ɛbɛtumi akora nsuo bɛyɛ gyare mpem dubaako.

Huram sane yɛɛ nteaseɛnam edu a wɔde twe nsuo a emu biara tentenemu yɛ anammɔn nsia na ne tɛtrɛtɛmu nso yɛ anammɔn nsia, ɛnna ne ɔsorokɔ yɛ anammɔn ɛnan ne fa. Na sɛdeɛ wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ mfomfamsoɔ ntrawantrawa a wɔabram so. Wɔde agyata, anantwie ne Kerubim a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnadeɛ a wɔde bram ɛpono akyi no. Agyata no ne anantwie no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafraeɛ ntwahonan ɛnan ne kɔbere mfrafraeɛ ntwahodadeɛ. Na nteaseɛnam biara twɛtwɛwa no wɔ nnyinasoɔ afadum de ma kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn no; saa nnyinasoɔ no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwini. Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinasoɔ kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma dwaresɛn no. Na ɛhwire mu, kɔ soro bɛyɛ anammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamudeɛ kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinnie asiesie. Na nteaseɛnam no mfomfamsoɔ no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. Mfomfamsoɔ no ase na ntwahonan ɛnan a wɔde atoa ntwahodadeɛ so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na ɛfiri ntwahonan no kanko ano kɔsi ano yɛ anammɔn mmienu ne nsateakwaa mmiɛnsa, a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan mmienu. Emu ntwahodadeɛ, mpadeɛ, hankra ne ne brɛmo no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ.

Na teaseɛnam no ahanan nyinaa nsosɔmu wowɔ hɔ, na ne nyinaa nso, wɔagu atoa mu baako, ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. Nteaseɛnam no mu biara atifi no, na na hankra bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ nsateakwaa nkron wɔ. Nsosɔmu no ne nkyɛnkyɛn mfomfamsoɔ no nso, wɔagu ma ɛne teaseɛnam no atoa mu. Wɔde Kerubim, agyata ne mmɛdua a wɔasene siesiee mfomfamsoɔ no ne nnyinasoɔ ahodoɔ no ho baabiara a ɛkwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. Nsuo nteaseɛnam edu no, na ne nyinaa akɛseɛ yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na wɔguu ne nyinaa wɔ ade korɔ mu.

Huram sane yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ dwaresɛn edu de maa nteaseɛnam no mu biara. Na dwaresɛn no mu tɛtrɛtɛ yɛ anammɔn nsia a ɛtumi kora nsuo gyare ahanu aduonu. Ɔhyehyɛɛ nsuo nteaseɛnam no enum wɔ Asɔredan no anafoɔ fam ɛnna enum nso wɔ atifi fam. Wɔde Ɛpo no sii Asɔredan no anafoɔ apueeɛ fam twɛtwɛwa so. Afei, ɔyɛɛ nkukuo, sofi ne dwaresɛn a ɛho hia.

Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ Awurade Asɔredan no ho:

afadum mmienu,

aduntire a wɔayɛ no sɛ asansuo mmienu a ɛsisi afadum no atifi,

nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu a wɔde asiesie aduntire no,

ateaa nsɛso ahanan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu aduntire no so (ateaa a wɔahyehyɛ no ntentenesoɔ mmienu a ebiara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn aduntire a ɛwɔ afadum no atifi no so no),

nsuo nteaseɛnam edu a dwaresɛn edu sisi soɔ,

Ɛpo no ne anantwie dumienu a ɛhyehyɛ aseɛ,

Nkukuo, sofi ne dwaresɛn.

Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.

Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:

sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,

sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,

sikakɔkɔɔ kaneadua7.49 Na kaneadua baako a ɛwɔ mman nson na na ɛwɔ ntomadan no mu (2 Mose 25.31-40; 26.35). Salomo de nkaneadua edu sii anan. a ɛnnum sisi anafoɔ fam,

na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ;

nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,

nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara;

ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.

Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.

Read More of 1 Ahemfo 7

1 Ahemfo 8:1-21

Wɔde Apam Adaka No Ba Asɔredan Mu

Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuo ne mmusua biara mu ntuanofoɔ nyinaa, sɛ wɔnhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa Awurade Apam Adaka no firi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kuro a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforɔ wɔ Asɔredan mu hɔ. Wɔn nyinaa bɛhyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirinhyia afahyɛ a wɔfrɛ no Dwanekɔbea Afahyɛ no ase wɔ bosome Bul (bɛyɛ Ahinime) mu.

Ɛberɛ a mpanimfoɔ no duruu Israel no, asɔfoɔ no maa Adaka no so. Afei, asɔfoɔ no ne Lewifoɔ maa Awurade Adaka no ne Ntomadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔate ho no ka ho. Ɔhene Salomo ne Israel manfoɔ no nyinaa de nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nni ano bɔɔ afɔdeɛ wɔ Adaka no anim.

Afei, asɔfoɔ no soaa Awurade Adaka no de kɔɔ Asɔredan no kronkron mu kronkron hɔ. Wɔde sii Kerubim no ntaban ase. Kerubim no trɛɛ wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyiniiɛ wɔ Adaka no ne ne nnua a ɛsosɔ mu no so. Na nnua a ɛsosɔ mu no woware ara kɔsi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛseɛ a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ɔhunu, nanso sɛ ɔgyina akyire deɛ a, ɔnhunu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. Na biribiara nni Adaka no mu ka aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu wɔ Horeb no, baabi a Awurade ne Israelfoɔ yɛɛ apam, ɛberɛ a wɔfirii Misraim no.

Asɔfoɔ no refiri Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ Awurade Asɔredan no ma. Asɔfoɔ no antumi antoa wɔn dwumadie no so, ɛfiri sɛ, Awurade animuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma.

Salomo Hyira Nnipa No

Na Salomo bɔɔ mpaeɛ sɛ, “Ao, Awurade, woaka sɛ wobɛtena omununkum kusuu mu. Nanso, masi Asɔredan a ɛwɔ animuonyam ama wo a wobɛtumi atena mu afebɔɔ.”

Na ɔhene no danee ne ho kyerɛɛ ɔmanfoɔ a wɔgyina nʼanim no nyinaa, hyiraa wɔn sɛ, “Nhyira nka Awurade, Israel Onyankopɔn a wadi ɛbɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so. Na ɔka kyerɛɛ mʼagya sɛ, ‘Ɛfiri da a mede me nkurɔfoɔ Israel firi Misraim baeɛ no, mannyi kuro biara wɔ Israel mmusuakuo no mu a ɛsɛ sɛ wɔsi asɔredan, de hyɛ me din animuonyam. Nanso, seesei mayi Dawid sɛ ɔnni ɔhene wɔ me nkurɔfoɔ so.’ ”

Na Salomo kaa sɛ, “Mʼagya pɛɛ sɛ anka ɔsi Asɔredan yi de hyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Nanso, Awurade ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɛyɛ sɛ wopɛ sɛ wosi Asɔredan de hyɛ me din animuonyam, nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmammarima no mu baako na ɔbɛsi.’

“Na seesei, Awurade ayɛ deɛ ɔhyɛɛ ho bɔ no, ɛfiri sɛ, madi adeɛ sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ Awurade, Israel Onyankopɔn din animuonyam. Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a Awurade Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ ɛberɛ a ɔyii wɔn firii Misraim no.”

Read More of 1 Ahemfo 8