1 Yohane 3:11-24, 1 Yohane 4:1-6 ASCB

1 Yohane 3:11-24

Monnodɔ Mo Ho

Nsɛm a motee ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam dea. Enti ɔkumm nʼankasa ne nua. Adɛn enti na Kain kumm no? Ɛfiri sɛ, nneɛma a ɔyɛeɛ no yɛ bɔne, nanso ne nua no deɛ, ɔyɛɛ papa. Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa. Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri sɛ, yɛdɔ yɛn nuanom. Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu.

Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu? Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.

Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie wɔ Onyankopɔn anim. Sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ mpo a, yɛnim sɛ Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara. Enti, anuanom adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoɔduru wɔ Onyankopɔn anim. Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri sɛ, yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso. Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no. Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.

Read More of 1 Yohane 3

1 Yohane 4:1-6

Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne

Me nuanom adɔfoɔ monnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ ɛfiri Onyankopɔn anaa. Ɛfiri sɛ, atorɔ adiyifoɔ bebree ahwete wɔ ewiase. Ɛkwan a wobɛtumi afa so ahunu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka sɛ, nokorɛm Yesu Kristo baa onipa tebea mu. Na deɛ ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a ɛfiri Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo ɔtamfoɔ. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ ewiase ha dada.

Me mma, mofiri Onyankopɔn mu na moadi atorɔ adiyifoɔ no so, ɛfiri sɛ, Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sene honhom a ɛwɔ ewiase yi mu. Wɔka nsɛm a ɛfa ewiase ho ma ewiase tie ɛfiri sɛ, wɔyɛ ewiasefoɔ. Nanso, yɛn deɛ, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ. Obiara a ɔnim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn onipa no ntie yɛn. Yei nko ara ne ɛkwan a yɛnam so de hunu nokorɛ Honhom ne atorɔ honhom mu.

Read More of 1 Yohane 4