1 Yohane 3 – Asante Twi Contemporary Bible ASCB

Asante Twi Contemporary Bible

1 Yohane 3:1-24

Onyankopɔn Mma

1Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn. 2Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. 3Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no.

4Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri sɛ, bɔne yɛ mmara so buo. 5Monim sɛ Kristo baeɛ sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri sɛ, ɔno deɛ bɔne nni ne mu. 6Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no.

7Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo yɛ ɔteneneeni no. 8Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. 9Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne. 10Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Monnodɔ Mo Ho

11Nsɛm a motee ahyɛaseɛ no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. 12Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam dea. Enti ɔkumm nʼankasa ne nua. Adɛn enti na Kain kumm no? Ɛfiri sɛ, nneɛma a ɔyɛeɛ no yɛ bɔne, nanso ne nua no deɛ, ɔyɛɛ papa. 13Enti, anuanom, sɛ ewiasefoɔ tane mo a, mommma ɛnyɛ mo nwanwa. 14Yɛnim sɛ yɛafiri owuo mu aba nkwa mu. Yɛnim saa, ɛfiri sɛ, yɛdɔ yɛn nuanom. 15Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifoɔ na monim nso sɛ owudifoɔ nni nkwa a ɛnni awieeɛ wɔ ne mu.

16Yei na ɛma yɛhunu sɛdeɛ ɔdɔ teɛ. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. 17Sɛ obi yɛ ɔdefoɔ na ɔhunu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhunu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka sɛ ɔdɔ Onyankopɔn wɔ nʼakoma mu? 18Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛeɛ so da ne ho adi.

19Yei na ɛbɛma yɛahunu sɛ yɛwɔ nokorɛ no. Yei na ɛbɛma yɛn akoma anya gyidie wɔ Onyankopɔn anim. 20Sɛ yɛn akoma bu yɛn fɔ mpo a, yɛnim sɛ Onyankopɔn so sene yɛn akoma na ɔnim biribiara. 21Enti, anuanom adɔfoɔ, sɛ yɛn akoma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoɔduru wɔ Onyankopɔn anim. 22Biribiara a yɛbisa no no, yɛn nsa ka, ɛfiri sɛ, yɛdi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛdeɛ nso. 23Ne mmara no ka sɛ, yɛnnye ne Ba Yesu Kristo no din mu na yɛnnodɔ yɛn ho sɛdeɛ Kristo hyɛɛ yɛn no. 24Obiara a ɔdi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na yei na ɛma yɛhunu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yɛnim no saa ɛsiane Honhom a wama yɛn no enti.