1 Yohane 2:28-29, 1 Yohane 3:1-10 ASCB

1 Yohane 2:28-29

Me mma, montena ne mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, sɛ ɔba a, yɛbɛnya akokoɔduru na yɛmfa aniwuo nkɔ hinta da a ɔbɛba no.

Monim sɛ Kristo yɛ ɔteneneeni. Na ɛsɛ sɛ mohunu sɛ obiara a ɔyɛ ade tenenee no yɛ Onyankopɔn ba.

Read More of 1 Yohane 2

1 Yohane 3:1-10

Onyankopɔn Mma

Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den enti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokorɛ nso. Ne saa enti ewiase nnim yɛn ɛfiri sɛ ɛnnim Onyankopɔn. Me nuanom, seesei yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso deɛ daakye yɛbɛyɛ deɛ, yɛnnim. Nanso, yɛnim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ te sɛ ɔno, ɛfiri sɛ, yɛbɛhunu no sɛdeɛ ɔteɛ. Obiara a ɔwɔ saa anidasoɔ yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronn sɛdeɛ Kristo yɛ kronn no.

Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, ɛfiri sɛ, bɔne yɛ mmara so buo. Monim sɛ Kristo baeɛ sɛ ɔrebɛfa nnipa bɔne, ɛfiri sɛ, ɔno deɛ bɔne nni ne mu. Enti, obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhunuu no, na ɔnnim no.

Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ deɛ ɛtene no yɛ ɔteneneeni sɛdeɛ Kristo yɛ ɔteneneeni no. Deɛ ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam dea, ɛfiri sɛ, ɔbonsam firi ahyɛaseɛ pɛɛ na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi enti na Onyankopɔn Ba no baeɛ. Ɔbaeɛ sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, ɛfiri sɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na ɛsiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya enti, ɔntumi nkɔ so nyɛ bɔne. Nsonsonoeɛ a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba.

Read More of 1 Yohane 3