Sakaria 12:1-14, Sakaria 13:1-9, Sakaria 14:1-21 AKCB

Sakaria 12:1-14

Wɔbɛsɛe Yerusalem Atamfo

Nkɔmhyɛ: Eyi ne Awurade asɛm a ɛfa Israel ho.

Awurade a ɔtrɛw ɔsoro mu, nea ɔto asase fapem, nea ɔyɛ honhom a ɔte onipa mu asɛm ni: “Merebɛyɛ Yerusalem kuruwa a ɛbɛma aman a atwa ne ho ahyia no atɔ ntintan. Wɔbɛtow ahyɛ Yuda ne Yerusalem so. Saa da no a wiase aman nyinaa aboa wɔn ho ano retia no no, mɛma Yerusalem ayɛ ɔbotantim ama aman no nyinaa. Wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wopirew no no nyinaa bepirapira wɔn ho. Saa da no, mɛma ɔpɔnkɔ biara abɔ huboa, na mɛma ne sotefo nso abɔ dam,” sɛnea Awurade se ni. “Mebue mʼani ahwɛ Yudafi, na mefurafura aman ahorow no apɔnkɔ ani. Na Yuda mmusua bɛka wɔ wɔn koma mu se, ‘Yerusalemfo yɛ ahoɔdenfo, efisɛ Asafo Awurade yɛ wɔn Nyankopɔn.’

“Saa da no, mɛyɛ Yuda mmusua sɛ ogya asanka a ɛhyɛ nnyina mu, te sɛ ogyatɛn a ɛredɛw wɔ nwura a wɔaboa ano mu. Wɔbɛhyew nnipa a wɔatwa wɔn ho ahyia nyinaa wɔ benkum ne nifa, nanso hwee renka Yerusalem wɔ faako a ɔwɔ.

Awurade bɛbɔ Yuda atenae ho ban kan, sɛnea Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem anuonyam renkyɛn Yudafo anuonyam. Saa da no, Awurade bɛbɔ wɔn a wɔte Yerusalem ho ban, nea ɔyɛ mmerɛw koraa wɔ wɔn mu no bɛyɛ sɛ Dawid. Na Dawid asefo bɛyɛ sɛ Onyankopɔn, te sɛ Awurade Bɔfo a odi wɔn anim. Saa da no, mefi ase asɛe aman a wɔko tia Yerusalem nyinaa.

Wotwa Adwo Ma Nea Wohwirew No No

“Mehwie adom ne nkotosrɛ honhom agu Dawidfi ne wɔn a wɔte Yerusalem so. Wɔbɛhwɛ me a wɔahwirew me, na wɔatwa adwo ama no te sɛ obi a ɔretwa adwo wɔ ɔba koro ho, na wɔasu yayaayaw te sɛ obi a ɔresu ne ba barima piesie. Saa da no agyaadwotwa a ɛwɔ Yerusalem no ano bɛyɛ den te sɛ Hadad-Rimon agyaadwotwa wɔ Megido asasetam so. Asase no sofo nyinaa bedi awerɛhow, abusua biara ne wɔn yerenom; Dawid abusua ne wɔn yerenom, Natan abusua ne wɔn yerenom, Lewi abusua ne wɔn yerenom, Simei abusua ne wɔn yerenom, ne mmusua a aka no nyinaa ne wɔn yerenom.

Read More of Sakaria 12

Sakaria 13:1-9

Bɔne Ho Ahodwira

“Saa da no, wobetu asubura ama Dawidfi ne Yerusalemfo de ahohoro wɔn bɔne ne wɔn ho fi.

“Saa da no, meyi ahoni no din afi asase no so, na wɔrenkae wɔn bio,” sɛnea Asafo Awurade se ni. “Meyi adiyifo ne fi honhom afi asase no so. Sɛ obi kɔ so hyɛ nkɔm a agya ne ɛna a wɔwoo saa nipa no bɛka akyerɛ no se, ‘Ɛsɛ sɛ wuwu, efisɛ, wode Awurade din atwa atoro.’ Sɛ ɔhyɛ nkɔm a, ɔno ankasa awofo bɛwɔ no afoa.

“Saa da no, odiyifo biara ani bewu wɔ ne nkɔmhyɛ anisoadehu ho. Ɔrenhyɛ odiyifo atade a wɔde nwi ayɛ no mfa nnaadaa nnipa. Ɔbɛka se, ‘Menyɛ odiyifo. Meyɛ okuafo. Na efi me mmerantebere mu, asase yi so na minya mʼano aduan.’ Na sɛ obi bisa no se, ‘Akuru bɛn na ɛwɔ wo ho yi a?’ Obebua se, ‘Ɛyɛ akuru a minyaa wɔ me nnamfonom fi.’ ”

Wɔbɔ Oguanhwɛfo No, Na Nguan No Hwete

“Sɔre, afoa, sɔre tia me guanhwɛfo,

tia onipa a ɔbɛn me!”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

“Bɔ oguanhwɛfo no,

na nguan no bɛbɔ ahwete,

na mɛma me nsa so atia nguantenmma no.

Asase no so nyinaa,” sɛnea Awurade se ni,

“Wɔbɛbɔ nkyɛmu abiɛsa mu abien ahwe fam ma wɔawuwu;

na nkyɛmu abiɛsa mu baako bɛka wɔ so.

Mede nkyɛmu abiɛsa mu baako yi bɛfa ogya mu;

mɛnan wɔn te sɛnea wɔnan dwetɛ,

na masɔn wɔn so sɛ sikakɔkɔɔ.

Wɔbɛbɔ me din afrɛ me,

na megye wɔn so.

Mɛka se, ‘Wɔyɛ me nkurɔfo,’

na wɔbɛka se, ‘Awurade yɛ yɛn Nyankopɔn.’ ”

Read More of Sakaria 13

Sakaria 14:1-21

Onyankopɔn Bɛba Abedi Hene

Awurade da bi reba a, wɔbɛkyɛ mo asade wɔ mo mu.

Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wobewia afi mu nneɛma, na wɔato mmea no mmonnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkae no bɛka kuropɔn no mu.

Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛnea ɔko, ɔkoda no. Saa da no, ɔde nʼanammɔn besisi Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no so, na Ngo Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam na ayɛ obon kɛse. Ɛbɛma bepɔw no fa akɔ atifi fam, na fa nso akɔ anafo fam. Mubeguan afa me bon no mu, efisɛ ekosi Asel.14.5 Asal—Ɛyɛ kurow bi a ɛda Yerusalem apuei fam a ɛno na ɛkyerɛ faako a obon foforo no ano si. Mubeguan, sɛnea moyɛɛ no bere a asase wosow wɔ Yudahene Usia bere so no. Afei, Awurade, me Nyankopɔn, bɛba a ahotefo nyinaa ka ne ho.

Saa da no, hann, awɔw ne sukyerɛmma remma. Ɛbɛyɛ da sononko a enni awia anaa anadwo, da a Awurade na onim. Onwini bedwo no na hann wɔ hɔ.

Saa da no, nkwa nsu bɛteɛ afi Yerusalem, fa bɛkɔ apuei po14.8 ɛno ne Nkyene Po mu, na fa akɔ atɔe po14.8 ɛno ne Ntam Po mu, ahohurubere ne awɔwbere mu.

Awurade bedi hene wɔ asase nyinaa so. Saa da no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.

Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea. Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem benya asomdwoe.

Eyi ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔw bere a wogyina wɔn anan so, Wɔn aniwa nkesua bɛporɔw wɔ wɔn ntokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom. Saa da no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wobetwa wɔn ho ako. Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyade a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne adurade bebree. Saa ɔyaredɔm koro yi ara bɛka apɔnkɔ, mfurumpɔnkɔ, yoma, mfurum ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfo nsra mu nyinaa.

Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. Sɛ wiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osu rentɔ mma wɔn. Sɛ Misraimfo ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osu rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. Eyi bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.

Saa da no, wobekurukyerɛw asɛm a ɛka se: KRONKRON MA Awurade14.20 KRONKRON MA Awurade: Eyi yɛ nsɛm a wɔatwa agu sikakɔkɔɔ apampaa so de abɔ ɔsɔfopanyin no abotiri anim (2 Mose 28.36-38) a ɛde kae no sɛ wɔayɛ no kronkron ama Awurade adwumayɛ. wɔ nnɔnnɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkuku a wɔde noa aduan wɔ Awurade fi no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a esisi afɔremuka anim. Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fi bio.

Read More of Sakaria 14