Sakaria 14 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Sakaria 14:1-21

Onyankopɔn Bɛba Abedi Hene

1Awurade da bi reba a, wɔbɛkyɛ mo asade wɔ mo mu.

2Mɛboaboa aman no nyinaa ano abɛko atia Yerusalem; wɔbɛko afa kuropɔn no, wobewia afi mu nneɛma, na wɔato mmea no mmonnaa. Wɔbɛfa kuropɔn no mu nnipa no mu fa akɔ nnommum mu, nanso nkae no bɛka kuropɔn no mu.

3Afei, Awurade bɛkɔ akɔko atia saa aman no, sɛnea ɔko, ɔkoda no. 4Saa da no, ɔde nʼanammɔn besisi Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no so, na Ngo Bepɔw no mu bɛpae abien afi apuei fam akosi atɔe fam na ayɛ obon kɛse. Ɛbɛma bepɔw no fa akɔ atifi fam, na fa nso akɔ anafo fam. 5Mubeguan afa me bon no mu, efisɛ ekosi Asel.14.5 Asal—Ɛyɛ kurow bi a ɛda Yerusalem apuei fam a ɛno na ɛkyerɛ faako a obon foforo no ano si. Mubeguan, sɛnea moyɛɛ no bere a asase wosow wɔ Yudahene Usia bere so no. Afei, Awurade, me Nyankopɔn, bɛba a ahotefo nyinaa ka ne ho.

6Saa da no, hann, awɔw ne sukyerɛmma remma. 7Ɛbɛyɛ da sononko a enni awia anaa anadwo, da a Awurade na onim. Onwini bedwo no na hann wɔ hɔ.

8Saa da no, nkwa nsu bɛteɛ afi Yerusalem, fa bɛkɔ apuei po14.8 ɛno ne Nkyene Po mu, na fa akɔ atɔe po14.8 ɛno ne Ntam Po mu, ahohurubere ne awɔwbere mu.

9Awurade bedi hene wɔ asase nyinaa so. Saa da no, Awurade bɛyɛ baako na ne din nso ayɛ baako pɛ.

10Asase a efi Geba kosi Rimon a ɛda Yerusalem anafo fam nyinaa bɛyɛ sɛ Araba. Nanso wɔbɛma Yerusalem so; efi Benyamin Pon kosi Ɔpon A Edi Kan de kɔ Ntwea so Pon, afei efi Hananel Abantenten kosi adehye nsakyiamoa nyinaa, na ɛbɛtena ne sibea. 11Nnipa bɛtena mu, na wɔrensɛe no bio. Yerusalem benya asomdwoe.

12Eyi ne ɔyaredɔm a Awurade de bɛbɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no. Wɔn honam bɛporɔw bere a wogyina wɔn anan so, Wɔn aniwa nkesua bɛporɔw wɔ wɔn ntokuru mu, na wɔn tɛkrɛma bɛporɔw wɔ wɔn anom. 13Saa da no, Awurade bɛma nnipa abɔ huboa, na wobetwa wɔn ho ako. 14Yuda nso bɛko wɔ Yerusalem. Wɔbɛfa aman a atwa ahyia hɔ no nyinaa ahonyade a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne adurade bebree. 15Saa ɔyaredɔm koro yi ara bɛka apɔnkɔ, mfurumpɔnkɔ, yoma, mfurum ne mmoa a aka a wɔwɔ atamfo nsra mu nyinaa.

16Afei wɔn a wɔbɛka wɔ aman a wɔko tiaa Yerusalem no nyinaa bɛkɔ akɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no afe biara, na wɔadi Asese Afahyɛ no. 17Sɛ wiase mu nnipa bi ankɔ Yerusalem ankɔsom Ɔhene no, Asafo Awurade no a, osu rentɔ mma wɔn. 18Sɛ Misraimfo ankɔ hɔ ankɔhyɛ fa no bi a, osu rentɔ mma wɔn. Awurade de ɔyaredɔm a ɔma ɛba aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no so no bɛbɔ wɔn. 19Eyi bɛyɛ asotwe ama Misraim ne aman a wɔnnkɔ Asese Afahyɛ no nyinaa.

20Saa da no, wobekurukyerɛw asɛm a ɛka se: KRONKRON MA Awurade14.20 KRONKRON MA Awurade: Eyi yɛ nsɛm a wɔatwa agu sikakɔkɔɔ apampaa so de abɔ ɔsɔfopanyin no abotiri anim (2 Mose 28.36-38) a ɛde kae no sɛ wɔayɛ no kronkron ama Awurade adwumayɛ. wɔ nnɔnnɔmma a ɛsensɛn apɔnkɔ kɔn mu ho, na nkuku a wɔde noa aduan wɔ Awurade fi no bɛyɛ sɛ nkuruwa kronkron a esisi afɔremuka anim. 21Kuku biara a ɛwɔ Yerusalem ne Yuda bɛyɛ nea wɔatew ho ama Asafo Awurade, na wɔn a wɔba bɛbɔ afɔre nyinaa bɛfa nkuku yi bi anoa mu. Na saa da no, wɔrenhu Kanaanni wɔ Asafo Awurade fi bio.