Nnwom 91:9-16 AKCB

Nnwom 91:9-16

Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,”

na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,

ɔhaw biara remmunkam wo so,

na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.

Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban

na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;

wɔde wɔn nsa bɛma wo so,

na wo nan ampem ɔbo.

Wubetiatia gyata ne aprammiri so,

wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.

Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no;

mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.

Ɔbɛfrɛ me na megye ne so;

mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,

megye no na mahyɛ no anuonyam.

Mɛma nkwa nna a ɛware amee no

na makyerɛ no me nkwagye.”

Read More of Nnwom 91