Nnwom 91 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 91:1-16

Dwom 91

1Nea ɔte Ɔsorosoroni no hintabea no biara

bɛhome wɔ Otumfo no nwini ase.

2Mese Awurade se, “Ɔyɛ me guankɔbea ne mʼabandennen,

me Nyankopɔn a mewɔ no mu ahotoso.”

3Ampa ara, obegye wo afi firisumfo afiri

ne owuyare mu.

4Ɔde ne ntakra bɛkata wo so;

na ne ntaban ase na wubenya guankɔbea;

ne nokware bɛyɛ wo nkatabo ne wo kyɛm.

5Worensuro ɔdasu mu ɔsɛe,

anaa bɛmma a etu awia,

6anaa owuyare a ɛba sum mu,

anaa ɔyaredɔm a ɛsɛe ade wɔ owigyinae bere.

7Apem bɛtotɔ wo nkyɛn mu,

na mpem du atotɔ wo nifa a,

wo de, ɛremmɛn wo.

8Wʼaniwa nko ara na wode bɛhwɛ

na woahu nnebɔneyɛfo asotwe.

9Sɛ woka se, “Awurade ne me guankɔbea,”

na wode Ɔsorosoroni no hɔ yɛ wo tenabea a,

10ɔhaw biara remmunkam wo so,

na ɔsɛe biara remmɛn wo ntamadan.

11Efisɛ Onyankopɔn bɛsoma nʼabɔfo abɛbɔ wo ho ban

na wɔabɛwɛn wo wʼakwan nyinaa mu;

12wɔde wɔn nsa bɛma wo so,

na wo nan ampem ɔbo.

13Wubetiatia gyata ne aprammiri so,

wobɛnantew gyataforo ne ɔwɔ so.

14Awurade ka se, “Esiane sɛ ɔdɔ me nti, megye no;

mɛbɔ ne ho ban, efisɛ ogye me din to mu.

15Ɔbɛfrɛ me na megye ne so;

mɛka ne ho wɔ amanehunu mu,

megye no na mahyɛ no anuonyam.

16Mɛma nkwa nna a ɛware amee no

na makyerɛ no me nkwagye.”