Nnwom 69:1-12 AKCB

Nnwom 69:1-12

Dwom 69

Dawid dwom.

Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa

na nsu no abɛdeda me kɔn mu.

Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu,

wɔ baabi a mʼanan nnya sibea.

Madu bun mu

na nsu abu afa me so.

Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa.

Me mene mu ayow.

Mʼani so ayɛ kusuu,

na merehwehwɛ me Nyankopɔn.

Wɔn a wɔtan me kwa no

dɔɔso sen me ti so nwi;

wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso,

wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.

Wɔhyɛ me sɛ mennan

nea minnwiae no mma.

Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm;

mʼafɔdi nhintaw wo.

Awurade, Awurade Tweduampɔn,

mma wɔn a wɔn ani da wo so no,

anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade;

Israel Nyankopɔn,

mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no

anim ngu ase esiane me nti.

Wo nti migyina animka ano,

na aniwu kata mʼanim.

Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu,

mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu,

na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so,

wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.

Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a

wɔbɔ me ahohora;

sɛ mifura atweaatam a

nnipa de me yɛ aserewde.

Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me,

na akɔwensafo de me din to dwom.

Read More of Nnwom 69