Nnwom 69 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 69:1-36

Dwom 69

Dawid dwom.

1Ao, Onyankopɔn, gye me nkwa

na nsu no abɛdeda me kɔn mu.

2Meremem wɔ dontori a mu dɔ mu,

wɔ baabi a mʼanan nnya sibea.

Madu bun mu

na nsu abu afa me so.

3Mafrɛ abrɛ rehwehwɛ mmoa.

Me mene mu ayow.

Mʼani so ayɛ kusuu,

na merehwehwɛ me Nyankopɔn.

4Wɔn a wɔtan me kwa no

dɔɔso sen me ti so nwi;

wɔn a wɔtan me kwa no dɔɔso,

wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛsɛe me no.

Wɔhyɛ me sɛ mennan

nea minnwiae no mma.

5Wo, Onyankopɔn, nim me nkwaseasɛm;

mʼafɔdi nhintaw wo.

6Awurade, Awurade Tweduampɔn,

mma wɔn a wɔn ani da wo so no,

anim ngu ase esiane me nti, Awurade, Asafo Awurade;

Israel Nyankopɔn,

mma wɔn a wɔhwehwɛ wo no

anim ngu ase esiane me nti.

7Wo nti migyina animka ano,

na aniwu kata mʼanim.

8Mete sɛ ɔhɔho wɔ me nuanom mu,

mete sɛ ɔmamfrani wɔ me na mmabarima mu,

9na wo fi ho mmɔdemmɔ hyɛ me so,

wɔn a wɔbɔ wo ahohora no animtiaabu bɛda me so.

10Sɛ mitwa adwo na midi mmuada a

wɔbɔ me ahohora;

11sɛ mifura atweaatam a

nnipa de me yɛ aserewde.

12Wɔn a wɔtete ɔpon no ano no serew me,

na akɔwensafo de me din to dwom.

13Nanso mɛbɔ wo mpae, Awurade,

wɔ wʼadom bere mu;

wɔ wʼadɔe kɛse no nti, Ao, Onyankopɔn,

fa wo nokware nkwagye no gye me so.

14Yi me fi dontori no mu,

mma memmem wɔ mu;

gye me fi wɔn a wɔtan me no nsam,

ne nsu bun mu.

15Mma nsu nnyiri mmfa me

anaa bun mmene me

anaa amoa nkata me so.

16Awurade, gye me so fi wʼadɔe a eye no mu;

wʼadom nti, dan bɛhwɛ me.

17Mfa wʼanim nhintaw wo somfo;

gye me so ntɛm, na mewɔ ɔhaw mu.

18Twiw bɛn me na gye me;

gye me nkwa, mʼatamfo nti.

19Wunim sɛnea wɔkasa tia me, gu mʼanim ase na wotiatia mʼanim;

wʼani tua mʼatamfo nyinaa.

20Kasatia ahyɛ me koma so

ama mayɛ sɛ obi a onni ɔboafo;

mepɛɛ awerɛkyekye, nanso mannya bi,

mepɛɛ ɔwerɛkyekyefo, nanso manhu bi.

21Wɔde bɔnwoma guu mʼaduan mu,

osukɔm dee me no, wɔmaa me nsa nwenweenwen.

22Ma wɔn didipon a esi wɔn anim nyi wɔn sɛ afiri;

ma ɛnyɛ akatua ne afide mma wɔn.

23Ma wɔn ani so nyɛ wɔn kusuu na wɔanhu ade,

na ma wɔn akyi nkuntun afebɔɔ.

24Hwie wʼabufuwhyew gu wɔn so;

na ma wʼabufuw huhuhuhu no mmra wɔn so.

25Ma wɔn fi nyɛ amamfo;

mma obiara ntena wɔn ntamadan mu.

26Wɔtaa wɔn a wupira wɔn no,

wɔka wɔn a wupira wɔn no yawdi ho asɛm.

27Fa amumɔyɛ mu amumɔyɛ ho sobo bɔ wɔn;

mma wonnya wo nkwagye mu kyɛfa.

28Pepa wɔn din fi nkwa nhoma no mu,

mfa wɔn din nka atreneefo de ho.

29Mewɔ ɔyaw ne ahohiahia mu;

Onyankopɔn, ma wo nkwagye no mmɔ me ho ban.

30Mede dwonto beyi Onyankopɔn din ayɛ

na mede aseda ahyɛ no anuonyam.

31Eyi bɛsɔ Awurade ani yiye asen nantwi,

asen nantwinini a otua mmɛn na ɔwɔ tɔte.

32Mmɔborɔni behu na nʼani agye,

mo a mohwehwɛ Onyankopɔn no koma benya nkwa.

33Awurade tie wɔn a ade ahia wɔn,

na ommu ne nkurɔfo nneduafo animtiaa.

34Ma ɔsoro ne asase nkamfo no,

po ne nea ɛkeka ne ho wɔ mu nyinaa,

35efisɛ Onyankopɔn begye Sion nkwa

na wakyekye Yuda nkuropɔn no bio.

Afei nnipa bɛtena mu na ayɛ wɔn de;

36Nʼasomfo asefo na wɔbɛfa hɔ,

na wɔn a wɔdɔ ne din no bɛtena hɔ.