Nnwom 148:1-6 AKCB

Nnwom 148:1-6

Dwom 148

Monkamfo Awurade!

Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,

monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,

ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

Owia ne ɔsram, monkamfo no,

nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

Monkamfo no, ɔsoro mu soro

ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.

Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,

efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.

Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;

na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

Read More of Nnwom 148