Nnwom 148 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Nnwom 148:1-14

Dwom 148

1Monkamfo Awurade!

Monkamfo Awurade mfi ɔsorosoro,

monkamfo no wɔ ɔsoro sorɔnsorɔmmea.

2Nʼabɔfo nyinaa, monkamfo no,

ne ɔsoro asafo nyinaa, monkamfo no.

3Owia ne ɔsram, monkamfo no,

nsoromma a ɛhyerɛn nyinaa, monkamfo no.

4Monkamfo no, ɔsoro mu soro

ne mo nsu a mowɔ ɔsoro atifi.

5Momma wɔn nyinaa nkamfo Awurade din,

efisɛ ɔno na ɔhyɛ ma wɔbɔɔ wɔn.

6Ɔde wɔn sisii hɔ afebɔɔ;

na ɔmaa ɔhyɛ nsɛm bi a ɛrentwa mu da.

7Monkamfo Awurade mfi asase so,

mo po kɛse mu abɔde ne po bun nyinaa,

8anyinam ne mparuwbo, sukyerɛmma ne omununkum,

ahum a moyɛ nʼapɛde,

9mo mmepɔw ne nkoko nyinaa,

nnua a ɛsow aba ne sida nyinaa,

10nwura mu mmoa ne anantwi,

abɔde nketewa ne nnomaa a wotu,

11asase ne amanaman nyinaa so ahemfo,

mo mmapɔmma ne asase sodifo nyinaa,

12mmerante ne mmabaa,

mmasiriwa ne mmofra nso.

13Ma wɔnkamfo Awurade din,

na ne din so sen din biara;

nʼanuonyam korɔn wɔ asase ne ɔsoro so.

14Wapagyaw mmɛn bi ama ne nkurɔfo,

nʼahotewfo nyinaa nkamfo;

Israelfo, nnipa a wɔda ne koma so no nkamfo.

Monkamfo Awurade.