Mmebusɛm 7:1-5 AKCB

Mmebusɛm 7:1-5

Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ

Me ba, fa me nsɛm sie

na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.

Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;

bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.

Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;

kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.

Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”

na frɛ ntease wo busuani;

Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,

afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.

Read More of Mmebusɛm 7