Mmebusɛm 7 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 7:1-27

Ɔbeawaresɛefo Ho Kɔkɔbɔ

1Me ba, fa me nsɛm sie

na kora mʼahyɛde wɔ wo mu.

2Di mʼahyɛde so na wubenya nkwa;

bɔ me nkyerɛkyerɛ ho ban sɛ nea wodɔ no.

3Kyekyere bɔ wo nsateaa ho;

kyerɛw no yiye gu wo koma pon so.

4Ka kyerɛ nyansa se, “Woyɛ me nuabea,”

na frɛ ntease wo busuani;

5Wɔbɛtwe wo afi ɔbeawaresɛefo ho,

afi ɔbeawarefo huhuni nsɛmmɔdɛ ho.

6Me fi mfɛnsere ano,

mede mʼani faa mfɛnsere mu.

7Mihuu wɔ ntetekwaafo mu,

mehyɛɛ mmerante no mu baako nsow,

ɔbabun a onni adwene.

8Na ɔnam borɔn a ɛbɛn ɔbea no fi so

a nʼani kyerɛ ɔbea no fi

9bere a onwini redwo,

na anim rebiribiri no.

10Afei ɔbea bi fi behyiaa no a

wasiesie ne ho sɛ oguamanfo a nnaadaa wɔ ne koma mu.

11(Ɔyɛ hyirenn na hwee mfa ne ho,

ɔntena fie koraa;

12nnɛ wohu no mmɔnten so, ɔkyena na ɔte aguabɔbea,

ɔtetɛw wɔ mmantwea mmantwea.)

13Osoo ne mu few nʼano,

wamfɛre, na ɔkae se,

14“Mewɔ asomdwoe afɔrebɔde wɔ fie;

nnɛ madi me bɔhyɛ so.

15Enti mebae sɛ merebehyia wo;

mehwehwɛɛ wo na mahu wo!

16Mato me mpa,

mede nwera a wɔahyɛ no aduru a efi Misraim.

17Mede nnuhuam apete me mpa so:

kurobow, pɛprɛ ne dupapo.

18Bra, ma yɛmfa ɔdɔ mmɔ ɔdɔ mu nkosi anɔpa;

19Me kunu nni fie;

watu kwan na ɔbɛkyɛ.

20Ɔde sika a ɛdɔɔso hyɛɛ ne sika kotoku ma

na ɔremma kosi ɔsram no kurokumatwa bere mu.”

21Ɔde tɛkrɛmakyene bɔɔ no adafa;

ɔde nnaadaa nyaa no ne no dae.

22Odii nʼakyi prɛko pɛ

te sɛ nantwi a ɔrekɔ akumii,

anaa ɔwansan a ɔde ne ti rekɔhyɛ hankare fi mu

23kosi sɛ bɛmma bɛwɔ ne brɛbo mu,

te sɛ anomaa a ɔrekɔtɔ anomaa afiri mu

na onnim sɛ ɔbɛhwere ne nkwa.

24Na afei, me mma, muntie me;

monyɛ aso mma nea meka.

25Mommma mo koma mpatiri nkɔ no so

na momman mmfa nʼakwan so.

26Bebree na wɔnam no so ahwehwe ase;

wɔn a wakum wɔn dɔɔso pa ara.

27Ne fi yɛ ɔda tempɔn a

ɛkɔ owu pia mu.