Mmebusɛm 31:10-20 AKCB

Mmebusɛm 31:10-20

Awiei: Ɔyere A Ɔsom Bo

Ɔyere pa, hena na obenya?

Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.

Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara,

na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.

Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,

ne nkwanna nyinaa mu.

Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.

Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn,

ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.

Ade nnya nkyee no na wasɔre;

osiesie aduan ma nʼabusuafo

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

Osusuw afuw ho na ɔtɔ;

ofi nea onya mu yɛ bobeturo.

Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;

nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso,

na ne kanea anum anadwo.

Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

Ogow ne nsam ma ahiafo

na ne nsa so ohiani so.

Read More of Mmebusɛm 31