Mmebusɛm 31 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 31:1-31

Ɔhene Lemuel Nsɛm

1Ɔhene Lemuel nsɛm a ɛyɛ nkuranhyɛ a ne na kyerɛɛ no:

2Tie, me babarima! Tie, me yafunu ba,

Tie, me bɔhyɛ ba, me mpaebɔ ho mmuae!

3Nsɛe wʼahoɔden wɔ mmea31.3 Saa mmea yi yɛ mmea nguamanfo a wɔwɔ ahemfi a wobetumi atwe ɔhene adwene afi nʼadwuma so. ho,

wɔn a wogu ahemfo asu no.

4Enye mma ahemfo, Lemuel,

asanom nye mma ahemfo,

ɛnsɛ sɛ sodifo pere bobesa ho;

5sɛ wɔnom nsa a wɔn werɛ befi nea mmara no ka,

na wɔn a wɔhyɛ wɔn so no rennya nea ɛyɛ wɔn kyɛfa.

6Fa bobesa ma wɔn a wɔresɛe,

na fa nsa ma wɔn a wɔwɔ amanehunu mu;

7Momma wɔnnom, na wɔn werɛ mfi wɔn hia,

na wɔnnkae wɔn awerɛhow bio.

8Kasa ma wɔn a wontumi nkasa mma wɔn ho,

kasa ma mmɔborɔfo yiyedi.

9Kasa na bu atɛntrenee;

kasa ma ahiafo ne onnibi yiyedi.

Awiei: Ɔyere A Ɔsom Bo

10Ɔyere pa, hena na obenya?

Ɔsom bo pa ara sen nhene pa.

11Ne kunu wɔ ne mu ahotoso pa ara,

na biribiara a ɛwɔ bo nhia no.

12Ɔde nea eye brɛ no, na ɛnyɛ ɔhaw,

ne nkwanna nyinaa mu.

13Ɔhwehwɛ oguannwi ne asaawa

na ɔde ne nsa nwen wɔ fɛw so.

14Ɔte sɛ aguadifo ahyɛn,

ɔde ne nnuan fi akyirikyiri ba.

15Ade nnya nkyee no na wasɔre;

osiesie aduan ma nʼabusuafo

na ɔkyekyɛ nnwuma ma ne mmaawa.

16Osusuw afuw ho na ɔtɔ;

ofi nea onya mu yɛ bobeturo.

17Ɔde nsi yɛ nʼadwuma;

nʼabasa mu wɔ ahoɔden ma nʼadwuma.

18Ɔhwɛ sɛ nʼaguadi so wɔ mfaso,

na ne kanea anum anadwo.

19Daa, na ne nsa kura tadua mu

a ne nsateaa nso retoatoa asaawa.

20Ogow ne nsam ma ahiafo

na ne nsa so ohiani so.

21Sɛ sukyerɛmma tɔ a ne yam nhyehye no wɔ ne fifo ho;

efisɛ wɔn nyinaa wɔ adurade a wɔde ko awɔw.

22Ɔyɛ ne mpasotam;

na ofura nwera ne sirikyi ntama.

23Ne kunu wɔ anuonyam wɔ kuropɔn pon ano,

faako a ɔne asase no so mpanyimfo tena.

24Ɔpempam nwera ntade tontɔn,

na otu nkyekyeremu ma aguadifo.

25Ɔwɔ ahoɔden ne anuonyam;

na onsuro nna a ɛwɔ nʼanim.

26Ɔkasa nyansa mu,

na nokware nkyerɛkyerɛ wɔ ne tɛkrɛma so.

27Ɔhwɛ ne fi mu nnwuma so

na onnyigye anihaw so.

28Ne mma sɔre a wɔfrɛ no nhyira;

ne kunu nso saa ara, na ɔkamfo no se,

29“Mmea pii yɛ nneɛma a ɛwɔ din

na wo de, wosen wɔn nyinaa.”

30Ɔbea kɔnnɔfo yɛ nnaadaa, na ahoɔfɛ twa mu ntɛm so;

nanso ɔbea a osuro Awurade no fata nkamfo.

31Fa abasobɔde a wanya no ma no,

na wɔnkamfo ne nnwuma wɔ kuropɔn pon ano.