Mmebusɛm 20:5-14 AKCB

Mmebusɛm 20:5-14

Onipa koma botae yɛ asubun,

nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.

Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?

Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.

Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.

Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu;

meyɛ kronkron na minni bɔne?”

Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no,

Awurade kyi nʼabien no nyinaa.

Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn,

saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.

Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade,

Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.

Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;

nna, na wubenya aduan ama abu so.

Adetɔni ka se, “Enye, enye!”

nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.

Read More of Mmebusɛm 20