Mmebusɛm 20 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Mmebusɛm 20:1-30

1Nsa yɛ ɔfɛwdifo na nsaden yɛ ɔtɔkwapɛfo;

na obiara a nsa bɛma wafom kwan no nyɛ onyansafo.

2Ɔhene abufuwhyew te sɛ gyata mmubomu;

na nea ɔhyɛ no abufuw no de nkwa twa so.

3Ɛyɛ onipa anuonyam sɛ ɔbɛkwati akasakasa,

nanso ogyimifo biara pɛ ntɔkwaw.

4Onihawfo mfuntum nʼasase wɔ ne bere mu;

enti edu twabere a onya hwee.

5Onipa koma botae yɛ asubun,

nanso nea ɔwɔ nhumu no twetwe ma epue.

6Nnipa dodow no ara ka se wɔwɔ ɔdɔ a ɛnsa da,

na hena na obetumi ahu ɔnokwafo?

7Ɔtreneeni bu ɔbra kronkron;

nhyira nka ne mma a wɔba wɔ nʼakyi.

8Sɛ ɔhene tena nʼahengua so bu atɛn a,

ɔde nʼani huhuw bɔne nyinaa so gu.

9Hena na obetumi aka se, “Mapra me koma mu;

meyɛ kronkron na minni bɔne?”

10Nkaribo ne susudua a ɛnyɛ papa no,

Awurade kyi nʼabien no nyinaa.

11Mpo wɔnam abofra nketewa nneyɛe so hu wɔn,

saa ara na ne suban yɛ kronkron ne papa no.

12Aso a wɔde te asɛm ne ani a wɔde hu ade,

Awurade na wayɛ nʼabien no nyinaa.

13Mma nna nyɛ wo dɛ, na woanni hia;

nna, na wubenya aduan ama abu so.

14Adetɔni ka se, “Enye, enye!”

nanso sɛ ɔkɔ a ɔde nea watɔ no hoahoa ne ho.

15Sika kɔkɔɔ wɔ hɔ, na nhene pa nso abu so,

na ano a ɛka nimdeɛ nsɛm yɛ ɔbohemaa a ɛho yɛ na.

16Fa obi a odi ɔhɔho akagyinamu atade;

sɛ ɔregyina ɔbea huhufo akyi a, fa si awowa.

17Aduan a wonya no ɔkwan bɔne so no yɛ onipa anom dɛ,

nanso akyiri no, ɛdan mmosea wɔ nʼanom.

18Pɛ afotu yɛ wo nhyehyɛe;

sɛ wutu ɔsa a, nya ho akwankyerɛ.

19Osekuni da kokoamsɛm adi;

enti twe wo ho fi onipa a ɔkasa bebree ho.

20Sɛ obi dome nʼagya anaasɛ ne na a,

wobedum ne kanea wɔ sum kabii mu.

21Agyapade a wɔpere ho nya no,

renyɛ nhyira akyiri no.

22Nka se, “Metua wo saa bɔne yi so ka!”

Twɛn Awurade, na obegye wo.

23Awurade kyi nkaribo a ɛnyɛ papa,

na asisi nsania nso nsɔ nʼani.

24Awurade na ɔkyerɛ onipa anammɔntu.

Na ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nʼankasa akwan ase?

25Obi pɛ ntɛm hyɛ bɔ, ansa na wadwene ho a,

osum ne ho afiri.

26Ɔhene nyansafo hu amumɔyɛfo;

na ɔde awiyam afiri hankare fa wɔn so.

27Awurade kanea hwehwɛ onipa honhom mu,

ɛhwehwɛ ne mu baabiara.

28Ɔdɔ ne nokwaredi bɔ ɔhene ho ban;

nʼadɔe ma nʼahengua tim.

29Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden,

tidwen nso ne mmasiriwa anuonyam.

30Ɔhwe ne apirakuru hohoro amumɔyɛ,

mmaatwa tew koma mu.