Mika 5:1-15, Mika 6:1-16, Mika 7:1-20 AKCB

Mika 5:1-15

Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem

Mommoaboa mo asraafo ano,

akofo kuropɔn,

efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.

Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.

“Nanso wo, Betlehem Efrata,

ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de,

nanso wo mu na obi befi ama me

a obedi Israel so,

na nʼase fi teteete.”

Enti wobɛto Israelfo paahwii,

kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo

na ne nuanom mmarima nkae

bɛsan akɔka Israelfo ho.

Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw

Awurade ahoɔden mu,

Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.

Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei

ne kɛseyɛ bedu asase awiei.

Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.

Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,

na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,

yɛde nguanhwɛfo baason,

mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.

Wɔde afoa bedi Asiria asase so,

wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.

Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so,

bɔ nsra fa yɛn ahye so a,

obegye yɛn afi wɔn nsam.

Yakob asefo nkae no

bɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ obosu a efi Awurade,

te sɛ osu a ɛpete gu sare so

a ɛntwɛn ɔdesani,

na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.

Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,

wɔbɛfrafra nnipa bebree mu

te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu,

te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu

a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu

na obiara ntumi nnye wɔn.

Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim,

na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.

“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,

“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ

na mabubu wo nteaseɛnam.

Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so

na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.

Mɛsɛe wʼabayisɛm

na wo ntafowayi to betwa.

Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ

ne abo ahoni a wowɔ no,

na worenkotow nsɔre

wo nsa ano adwuma bio.

Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu

na masɛe wo nkuropɔn.

Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,

mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”

Read More of Mika 5

Mika 6:1-16

Awurade Sobo A Ɔbɔ Israel

Muntie asɛm a Awurade reka:

“Monsɔre na mommɔ mo nkuro wɔ mmepɔw no anim;

momma nkoko nte nea mowɔ ka.

“Na afei, mmepɔw, muntie Awurade sobo;

tie, asase nnyinaso a ɛwɔ hɔ daa.

Na Awurade wɔ asɛm a etia ne nkurɔfo;

ɔrebɔ Israel sobo.

“Me nkurɔfo, dɛn na mayɛ mo?

Mede adesoa bi asoa mo? Mummua me!

Miyii mo fii Misraim

migyee mo fii nkoasom asase so.

Mesomaa Mose bedii mo anim,

Aaron ne Miriam nso.

Me nkurɔfo, monkae

afotu a Moabhene Balak mae

ne mmuae a Beor babarima Balaam mae.

Monkae mo kwan a mutu fii Sitim kɔɔ Gilgal,

na munhu Awurade akwantrenee.”

Dɛn na memfa mmra Awurade anim

mmɛkotow ɔsorosoro Onyankopɔn no?

Memfa nantwimma a wadi afe

mmɛbɔ ɔhyew afɔre wɔ nʼanim ana?

Awurade ani bɛsɔ adwennini mpempem

ne ngodua mu ngo asuten mpem du ana?

Memfa mʼabakan mmɔ me bɔne ho afɔre,

anaa me yafunumma, me kra bɔne nti?

Ɔde nea eye akyerɛ wo, Ao onipa.

Na dɛn na Awurade hwehwɛ afi wo hɔ?

Yɛ adetrenee ne mmɔborɔhunu,

na wo ne wo Nyankopɔn nnantew ahobrɛase mu.

Israel Afɔdi Ne Asotwe

Muntie! Awurade refrɛ kuropɔn no,

Wo din suro yɛ nyansahu,

“Muntie abaa no ne nea Ɔmaa no tumi no.

Mo amumɔyɛfo, menkɔ so mma me werɛ mfi mo ahonya a monam asisi so apɛ,

ne nkontompo susukoraa a ɛde nnome ba no ana?

Minnyae onipa a okura nsania a wɔamia mu,

ne asisi nkaribo

na ɔmfa ne ho nni ana?

Adefo a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;

mo nkurɔfo no yɛ atorofo

na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.

Ɛno nti, mafi ase resɛe mo,

Mo bɔne ahorow nti, mɛsɛe mo.

Mubedidi, nanso moremmee;

ɔkɔm bɛkɔ so ade mo.

Mobɛboaboa ano, nanso ɛrenkosi hwee,

efisɛ mede nea moakora no bɛma afoa.

Mubedua nanso morentwa.

Mubekyi ngodua mu ngo, nanso morensra bi,

mubetiatia bobe so, nanso morennom nsa a mubenya afi mu no bi.

Moadi Omri mmara so.

Moayɛ nea wɔyɛɛ wɔ Ahab fi.

Moasua wɔn nneyɛe no bi,

ɛno nti mɛma ɔsɛe aba mo so.

Wɔbɛserew mo nkurɔfo;

na amanaman bebu mo animtiaa.”

Read More of Mika 6

Mika 7:1-20

Israel Ahohia

Mayɛ mmɔbɔ!

Mete sɛ otwabere nnuaba tasefo a

otwabere akyi mikodi mpɛpɛ wɔ bobeturo mu;

minnya bobe kasiaw na madi,

borɔdɔma aba a edi kan a mekɔn dɔ nso, saa ara.

Wɔapra Onyamefɛrefo nyinaa afi asase so.

Anka ɔbaako a ɔteɛ mpo.

Nnipa nyinaa tetɛw na wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛka mogya agu;

wɔde ɔtan sunsum wɔn ho wɔn ho mfiri.

Nsa abien no nyinaa akokwaw bɔneyɛ mu;

ɔsodifo bisa akyɛde,

otemmufo gye adanmude,

wɔn a tumi wɔ wɔn nsa mu no yɛ nea wɔpɛ,

wɔn nyinaa bɔ mu dwene amumɔyɛ ho.

Nea oye wɔ wɔn mu no te sɛ ohwirem;

nea ɔteɛ pa ara no, nsɔeban ye sen no.

Wʼatemmuda no aso,

da a Onyankopɔn reba wo nsrahwɛ.

Eyi ne bere a wɔn ani so bɛyɛ wɔn totɔtotɔ.

Nnye obiara nni;

mfa wo werɛ nhyɛ adamfo mu.

Mpo, ɔbea a ɔda wo koko mu no

to wo tɛkrɛma nnareka wɔ ne ho.

Ɔbabarima twiri nʼagya,

Ɔbabea sɔre tia ne na,

asebea nso tia nʼase

onipa atamfo ne nʼankasa ne fifo.

Me de, mede anidaso hwɛ Awurade,

Metwɛn me Nkwagye Nyankopɔn;

na me Nyankopɔn betie me.

Israel Bɛsɔre

Mma wʼani nnye, me tamfo!

Mahwe ase de, nanso mɛsɔre.

Sum aduru me de,

nanso Awurade bɛyɛ me hann.

Sɛ mayɛ bɔne atia no nti,

Awurade abufuw bɛba me so,

kosi sɛ ɔbɛka mʼasɛm ama me

na wada me bembu adi.

Ɔde me bɛba hann no mu;

na mehu ne trenee.

Afei, mʼatamfo behu

na wɔn ani bewu,

nea osee me sɛ,

“Ɛhe na Awurade wo Nyankopɔn no wɔ?”

Mʼani behu nʼasehwe;

mpo mprempren no, wobetiatia no so

te sɛ dontori a ɛwɔ mmɔnten so.

Da a wɔbɛto wʼafasu no bɛba,

da a wɔbɛtrɛw wʼahye mu.

Da no, nnipa bɛba wo nkyɛn

afi Asiria ne Misraim nkuropɔn mu,

mpo wobefi Misraim akosi Eufrate

afi po akosi po

ne bepɔw so akosi bepɔw so.

Asase no bɛyɛ amamfo, esiane nnipa a wɔtete so

ne wɔn nneyɛe nti.

Mpaebɔ Ne Nkamfo

Fa wo pema di wo nkurɔfo anim,

nguan a wɔyɛ wʼagyapade no,

a wɔn nko ara tete kwae mu,

wura frɔmfrɔm adidibea hɔ.

Ma wonnidi wɔ Basan ne Gilead

sɛ tete nna no mu.

“Mɛyɛ anwonwade akyerɛ wo,

sɛnea meyɛɛ nna a wufi Misraim bae mu no.”

Aman behu wo na wɔn ani bewu,

wɔn a tumi nyinaa afi wɔn nsa no.

Wɔde wɔn nsa betuatua wɔn ano

na wɔn aso besisiw.

Wobedi dɔte sɛ awɔ,

ne mmoa a wɔwea wɔ fam.

Wɔde ahopopo befi wɔn abon mu aba;

wɔde osuro bɛdan wɔn ho ama Awurade yɛn Nyankopɔn,

na wobesuro wo.

Hena na ɔte sɛ wo,

Onyankopɔn a wode bɔne kyɛ?

Wo a wode agyanom asefo nkae amumɔyɛ kyɛ wɔn.

Wʼabufuw ntena hɔ daa,

na mmom wʼani gye sɛ wobɛda mmɔborɔhunu adi.

Wubehu yɛn mmɔbɔ bio,

wubetiatia yɛn bɔne so,

na woatow yɛn amumɔyɛ agu po bun mu.

Wobɛyɛ ɔnokwafo ama Yakob

na woahu Abraham mmɔbɔ

sɛnea wokaa yɛn agyanom ntam

teteete no.

Read More of Mika 7