Bɔhyɛhene Bi A Ofi Betlehem
1Mommoaboa mo asraafo ano,
akofo kuropɔn,
efisɛ atamfo atwa yɛn ho ahyia.
Wɔde abaa bɛbɔ nea odi Israel so no wɔ nʼafono so.
2“Nanso wo, Betlehem Efrata,
ɛwɔ mu sɛ woyɛ ketewa wɔ Yuda mmusua mu de,
nanso wo mu na obi befi ama me
a obedi Israel so,
na nʼase fi teteete.”
3Enti wobɛto Israelfo paahwii,
kosi sɛ ɔbea a awo aka no no bɛwo
na ne nuanom mmarima nkae
bɛsan akɔka Israelfo ho.
4Ɔbɛsɔre ahwɛ ne nguankuw
wɔ Awurade ahoɔden mu,
wɔ Awurade ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu.
Na wɔbɛtena asomdwoe mu, na afei
ne kɛseyɛ bedu asase awiei.
5Na ɔbɛyɛ wɔn asomdwoe.
Sɛ Asiriafo bɛtow ahyɛ yɛn asase so,
na wɔbɔ nsra fa yɛn aban mu a,
yɛde nguanhwɛfo baason,
mpo asahene baawɔtwe behyia wɔn.
6Wɔde afoa bedi Asiria asase so,
wɔbɛtwe afoa de adi Nimrod asase so.
Sɛ Asiriafo tow hyɛ yɛn so,
bɔ nsra fa yɛn ahye so a,
obegye yɛn afi wɔn nsam.
7Yakob asefo nkae no
bɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ obosu a efi Awurade,
te sɛ osu a ɛpete gu sare so
a ɛntwɛn ɔdesani,
na ɔdesani biara rentumi nsiw ho kwan.
8Wɔbɛkan Yakob asefo nkae no afra aman no mu,
wɔbɛfrafra nnipa bebree mu
te sɛ gyata a ɔfra mmoa mu wɔ kwae mu,
te sɛ gyata ba a ɔfra nguankuw mu
a ɔbobɔ wɔn tetew wɔn mu
na obiara ntumi nnye wɔn.
9Wɔbɛma wo nsa so sɛ woadi wʼatamfo so nkonim,
na wɔbɛsɛe wʼatamfo nyinaa.
10“Saa da no,” sɛnea Awurade se ni,
“Mɛsɛe apɔnkɔ a wowɔ
na mabubu wo nteaseɛnam.
11Mɛsɛe nkuropɔn a ɛwɔ wʼasase so
na madwiriw wo bammɔ dennen nyinaa agu.
12Mɛsɛe wʼabayisɛm
na wo ntafowayi to betwa.
13Mɛsɛe nsɛsode a wode wo nsa ayɛ
ne abo ahoni a wowɔ no,
na worenkotow nsɔre
wo nsa ano adwuma bio.
14Metutu Asera abosomnnua no afi wo mu
na masɛe wo nkuropɔn.
15Aman a wɔantie mʼasɛm no nyinaa,
mede abufuw ne abufuwhyew bɛtɔ wɔn so were.”