Hiob 35:1-16, Hiob 36:1-33, Hiob 37:1-24 AKCB

Hiob 35:1-16

Afei, Elihu kae se:

“Wugye di sɛ, eyi fata?

Woka se, ‘Onyankopɔn betwitwa agye me.’

Nanso wubisa no se, ‘Mfaso bɛn na menya,

na sɛ manyɛ bɔne a, mfaso bɛn na menya?’

“Mepɛ sɛ mibua wo

ne wo nnamfonom nyinaa.

Ma wʼani so kyerɛ soro na hwɛ;

hwɛ omununkum a ɛwɔ wʼatifi sorosoro nohɔ. Sɛ woyɛ bɔne a, ɔkwan bɛn so na ɛfa haw no?

Mpo sɛ wo bɔne dɔɔso a, nsunsuanso bɛn na enya wɔ ne so?

Sɛ woteɛ a, dɛn na wode ma no

anaasɛ dɛn na onya fi wo nsam?

Wʼamumɔyɛ ka onipa a ɔte sɛ wo

na wo trenee ka nnipa mma nko ara.

“Nnipa su bere a wɔhyɛ wɔn so;

na wɔsrɛ mmoa fi nea ɔwɔ tumi nsam.

Nanso obi mmisa se, ‘Ɛhe na Onyankopɔn, me Yɛfo no wɔ,

nea ɔma nnwom anadwo no,

nea ɔkyerɛ yɛn nimdeɛ bebree sen asase so mmoa

na ɔma yehu nyansa sen wim nnomaa no?’

Sɛ nnipa su teɛ mu a, ommua,

amumɔyɛfo ahantan nti.

Ampa ara Onyankopɔn rentie wɔn nkotosrɛ hunu no;

na Otumfo remmu.

Ɛno de adɛn na ɔrentie

bere a woka se wunhu no,

na woka se wʼasɛm wɔ nʼanim

enti ɛsɛ sɛ wotwɛn no,

na bio, nʼabufuw mmfa asotwe mma

na nʼani nni amumɔyɛsɛm akyi pii?

Enti Hiob bue nʼano ka nsɛnhunu;

nimdeɛ a onni nti, ɔkeka nsɛm bebree.”

Read More of Hiob 35

Hiob 36:1-33

Elihu toaa ne kasa so se,

“Montɔ mo bo ase kakra mma me, na mɛkyerɛ mo sɛ

aka bebree a ɛsɛ sɛ yɛka ma Onyankopɔn.

Minya me nimdeɛ fi akyirikyiri;

mɛka se me Yɛfo bu atɛntrenee.

Munnye nto mu sɛ me nsɛm yɛ nokware turodoo;

na meyɛ obi a ne nimdeɛ so wɔ mo mu.

“Onyankopɔn so, nanso, ontwiri nnipa;

ɔkorɔn na osi pi wɔ ne botae mu.

Ɔmma amumɔyɛfo ntena nkwa mu,

na ɔde amanehunufo kyɛfa ma wɔn.

Onnyi nʼani mfi ɔtreneeni so,

ɔma wɔne ahemfo di ade

na ɔma wɔn so afebɔɔ.

Na sɛ wɔde mpokyerɛ gu nnipa

na amanehunu hama akyekyere wɔn papee a,

ɔka nea wɔayɛ kyerɛ wɔn

sɛ wɔnam ahantan so ayɛ bɔne.

Ɔma wotie nteɛso

na ɔhyɛ wɔn sɛ wonnu wɔn ho wɔ wɔn bɔne ho.

Sɛ wɔyɛ osetie na wɔsom no a,

wobedi yiye wɔ wɔn nna a aka no mu

na wɔn mfe nyinaa ayɛ anisɔ ama wɔn.

Na sɛ wɔantie no a, wɔbɛyera wɔ afoa ano,

na wɔawuwu a wonni nimdeɛ.

“Wɔn a wonnim Nyame no kora abufuw so;

mpo sɛ ogu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn a wonsu mpɛ mmoa.

Wowuwu wɔ wɔn mmabunmmere mu,

wɔ mmarima nguamanfo a wɔtete abosonnan mu.

Nanso wɔn a wohu amane no, ogye wɔn;

na ɔkasa kyerɛ wɔn wɔ wɔn haw mu.

“Ɔregye wo afi ahohia mu

de wo akɔ beae a hɔ bae a ahokyere nni,

nea wowɔ asomdwoe, na nnuan pa ayɛ wo pon so ma.

Nanso mprempren, atemmu a ɛfata amumɔyɛfo na aba wo so;

atemmu ne atɛntrenee aso wo mu.

Hwɛ yiye na obi amfa ahonya annaadaa wo;

mma adanmude kɛse bi ntwe wo.

Wʼahonya anaasɛ mpo

wʼahohia bebrebe nyinaa nti,

worenkɔ amanehunu mu ana?

Mpere anadwo ho,

sɛ ammɛpra nnipa mfi wɔn afi mu.

Hwɛ na woannan ankɔ bɔne ho,

nea ayɛ sɛ wopɛ sen amanehunu.

“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse wɔ ne tumi mu.

Hena na ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo sɛ ɔno?

Hena na wahyehyɛ nʼakwan ama no

anaa waka akyerɛ no se, ‘Woayɛ mfomso.’

Kae na kamfo nʼadwuma a

nnipa de nnwonto akamfo no.

Adesamma nyinaa ahu;

nnipa fi akyirikyiri hwɛ no haa.

Onyankopɔn yɛ ɔkɛse, ɛboro yɛn ntease so!

Ne mfe dodow mu nni hwehwɛbea.

“Ɔtwetwe nsu a ɛsosɔ,

ma ɛdan osu gu nsuten mu;

na omununkum tɔ obosu gu fam

na osu pete mmoroso gu adesamma so.

Hena na obetumi ate sɛnea ɔtrɛtrɛw omununkum mu no ase,

sɛnea ɔbobɔ mu fi ne suhyɛ ase no?

Hwɛ sɛnea ɔhwete nʼanyinam mu wɔ ne ho

ma ɛkɔ po bun mu.

Eyi ne ɔkwan a ɔfa so di amanaman no so

na ɔma aduan bu wɔn so.

Ɔde anyinam hyɛ ne nsam ma

na ɔhyɛ no sɛ ɛmpa nʼagyiraehyɛ.

Nʼaprannaa bɔ ahum a ɛreba no ho nkae;

na anantwi mpo ma wohu sɛ ɛreba.

Read More of Hiob 36

Hiob 37:1-24

“Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri

na ehuruw fi nʼatenae.

Tie! Tie ne nne mmubomu,

ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.

Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa

na ɔma ekodu asase ano.

Ɛno akyi na ne mmubomu no ba;

ɔde nne kɛse bobɔ mu.

Sɛ ɔkasa a,

biribiara nsianka no.

Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa;

ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.

Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’

ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’

Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti,

ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.

Wuram mmoa kɔtetɛw;

wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.

Ahum tu fi ne pia mu,

na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.

Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba,

na nsu tamaa no kyen.

Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma;

na otwa nʼanyinam fa mu.

Ɔhyɛ ma wokyinkyin

fa asase so nyinaa hyia

yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.

Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso,

anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.

“Tie eyi, Hiob;

gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.

Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so,

na ɔma nʼanyinam twa?

Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim,

nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?

Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu

bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,

wubetumi aboa no ama watrɛw wim,

a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?

“Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;

yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.

Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana?

Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?

Obiara rentumi nhwɛ owia,

sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim

bere a mframa abɔ ama wim atew.

Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu;

Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.

Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu;

nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.

Ɛno nti nnipa de nidi ma no,

efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”

Read More of Hiob 37