Hiob 37 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hiob 37:1-24

1“Eyi ma me koma bɔ kitirikitiri

na ehuruw fi nʼatenae.

2Tie! Tie ne nne mmubomu,

ne huuyɛ a efi nʼanom reba no.

3Ogyaa nʼanyinam mu wɔ ɔsoro ase nyinaa

na ɔma ekodu asase ano.

4Ɛno akyi na ne mmubomu no ba;

ɔde nne kɛse bobɔ mu.

Sɛ ɔkasa a,

biribiara nsianka no.

5Onyankopɔn nne bobɔ mu ma no yɛ nwonwa;

ɔyɛ nneɛma akɛse a ɛboro yɛn adwene so.

6Ɔka kyerɛ sukyerɛmma se, ‘Tɔ gu asase so,’

ne osu nso se, ‘Yɛ osutɔ kɛse.’

7Sɛnea nnipa a wabɔ wɔn nyinaa behu nʼadwuma nti,

ɔma nnipa nyinaa gyae wɔn adwumayɛ.

8Wuram mmoa kɔtetɛw;

wɔkɔhyehyɛ wɔn abon mu.

9Ahum tu fi ne pia mu,

na awɔw nso fi mframa a ɛrebɔ mu.

10Onyankopɔn home de sukyerɛmma ba,

na nsu tamaa no kyen.

11Ɔde fuonwini hyɛ omununkum ma;

na otwa nʼanyinam fa mu.

12Ɔhyɛ ma wokyinkyin

fa asase so nyinaa hyia

yɛ nea ɔhyɛ sɛ wɔnyɛ biara.

13Ɔde omununkum ba bɛtwe nnipa aso,

anaasɛ ɔma ɛtɔ gu asase so de kyerɛ nʼadɔe.

14“Tie eyi, Hiob;

gyae na dwene Onyankopɔn anwonwade ho.

15Wunim sɛnea Onyankopɔn si fa di omununkum so,

na ɔma nʼanyinam twa?

16Wunim sɛnea omununkum si fa sensɛn wim,

nea ɔwɔ nimdeɛ a so nni no anwonwade no?

17Mo a mufi fifiri wɔ mo ntade mu

bere a anafo mframa ma asase no yɛ dinn no,

18wubetumi aboa no ama watrɛw wim,

a ɛyɛ den sɛ kɔbere mfrafrae ahwehwɛ?

19“Kyerɛ yɛn nea ɛsɛ sɛ yɛka kyerɛ no;

yɛrentumi nka yɛn asɛm, efisɛ yennim.

20Ɛsɛ sɛ wɔka nea mepɛ sɛ meka kyerɛ no ana?

Onipa bi wɔ hɔ a ɔbɛpɛ sɛ wɔbɛmene no ana?

21Obiara rentumi nhwɛ owia,

sɛnea ɛhyerɛn wɔ wim

bere a mframa abɔ ama wim atew.

22Ofi atifi fam ba wɔ anuonyam sononko mu;

Onyankopɔn ba wɔ ahenni nwonwaso mu.

23Otumfo no korɔn wɔ yɛn so na wɔpagyaw no wɔ tumi mu;

nʼatɛntrenee ne treneeyɛ kɛse akyi no mpo, ɔnyɛ nhyɛso.

24Ɛno nti nnipa de nidi ma no,

efisɛ onnwen koma mu anyansafo nyinaa ho ana?”