Yeremia 29:24-32, Yeremia 30:1-24, Yeremia 31:1-14 AKCB

Yeremia 29:24-32

Semaia Nkra

Ka kyerɛ Nehelamni Semaia se, “Nea Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn se ni: Wokyerɛw krataa wɔ wo din mu kɔmaa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, ɔsɔfo Maaseia babarima Sefania, ne asɔfo a aka no nyinaa. Woka kyerɛɛ Sefania se, Awurade ahyɛ wo sɔfo asi Yehoiada anan mu se hwɛ Awurade fi no so; Ɛsɛ sɛ wode nkɔnsɔnkɔnsɔn ne dade konnua gu obiara a wabɔ dam na ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo no. Afei adɛn nti na wonka Yeremia a ofi Anatot a ɔyɛ ne ho sɛ odiyifo wɔ mo mu no anim? Ɔde saa nkra yi abrɛ yɛn wɔ Babilonia: Ɛbɛkyɛ. Ɛno nti munsisi afi mfa nyɛ atenae; monyɛ nturo na munni mu aba.’ ”

Ɔsɔfo Sefania kenkan krataa no kyerɛɛ odiyifo Yeremia. Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn se, “Fa saa nkra yi kɔma nnommum no nyinaa se, ‘Eyi ne nea Awurade ka fa Nehelamni Semaia ho: Esiane sɛ wahyɛ mo nkɔm a mpo mansoma no, na wama moagye atoro adi nti, nea Awurade se ni: Nokware, mɛtwe Nehelamni Semaia ne nʼasefo aso. Ɔrennya obiara a ɔbɛka wɔ saa nkurɔfo yi mu, na ɔrenhu nneɛma pa a mɛyɛ ama me nkurɔfo, efisɛ waka atuatew nsɛm atia me,’ ” Awurade na ose.

Read More of Yeremia 29

Yeremia 30:1-24

Wogye Israel Si Hɔ

Asɛm a efi Awurade nkyɛn baa Yeremia hɔ ni: “Sɛɛ na Awurade, Israel Nyankopɔn, se: ‘Kyerɛw nsɛm a maka akyerɛ wo nyinaa gu nhoma mu. Nna bi reba,’ sɛnea Awurade se, ‘a mede me nkurɔfo Israelfo ne Yudafo befi nnommum mu asan aba na mede wɔn aba asase a mede maa wɔn agyanom sɛ wɔmfa ntena so no so,’ Awurade na ose.”

Eyi ne nsɛm a Awurade ka faa Israel ne Yuda ho: “Nea Awurade se ni:

“ ‘Akomatu nteɛteɛmu na mete,

mete basabasayɛ, na ɛnyɛ asomdwoe.

Mummisa na munhu:

Ɔbarima betumi awo mma ana?

Afei, adɛn nti na mihu ɔbarima hoɔdenfo biara

sɛ ne nsa gu ne yafunu so te sɛ ɔbea a ɔwɔ awoko mu,

na anim biara ayɛ bosaa saa?

Sɛnea da no bɛyɛ hu afa!

Da biara renyɛ sɛ ɛno.

Ɛbɛyɛ amanehunu bere ama Yakob,

nanso wobeyi no afi mu.

“ ‘Saa da no,’ Asafo Awurade na ose,

‘Mebubu konnua no afi wɔn kɔn mu,

na matetew wɔn nkyehama no mu;

ananafo remfa wɔn nyɛ nkoa bio.

Na mmom wɔbɛsom Awurade, wɔn Nyankopɔn

ne Dawid, wɔn hene,

a mɛpagyaw no ama wɔn.

“ ‘Enti nsuro, Yakob, me somfo;

mma wʼaba mu mmu, Israel,’

nea Awurade se ni.

‘Nokware, megye wo afi akyirikyiri,

ne wʼasefo afi wɔn nnommum asase so.

Yakob bɛsan anya asomdwoe ne bammɔ

na obiara renhunahuna no bio.

Me ne wo wɔ hɔ na megye wo nkwa,’

Awurade na ose.

‘Ɛwɔ mu, mesɛe amanaman no nyinaa pasaa,

emu na mebɔ mo ahwete kɔ,

nanso merensɛe mo korakora.

Mɛteɛteɛ mo, nanso mɛyɛ no wɔ trenee kwan so;

meremma mo mfa mo ho nni koraa a merentwe mo aso.’

“Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Wʼapirakuru ayɛ akisikuru,

na wontumi nsa.

Obiara nni hɔ a ɔbɛka bi ama wo,

wo kuru no rennya aduru,

na worennya ayaresa.

Wʼapamfo nyinaa werɛ afi wo;

wo ho biribiara mfa wɔn ho.

Mabɔ wo sɛnea wo tamfo bɛyɛ

na matwe wʼaso sɛnea otirimɔdenfo bɛtwe,

efisɛ wʼafɔdi so dodo

na wʼamumɔyɛ nso dɔɔso.

Adɛn nti na wusu dennen wɔ wʼapirakuru,

wo yawdi a ano nni aduru no ho?

Wʼafɔdi kɛse ne wʼamumɔyɛ bebrebe nti

na mede saa nneɛma yi ayɛ wo.

“ ‘Nanso wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe mo;

mo atamfo nyinaa bɛkɔ nnommum mu.

Wɔn a wɔfow mo no wɔbɛfow wɔn

wɔn a wɔtow hyɛɛ mo so no, mɛtow ahyɛ wɔn so.

Nanso mɛma wo ahoɔden bio

na masa wʼapirakuru,’

Awurade na ose,

‘efisɛ wɔfrɛ wo nea wɔapam no,

Sion a wo ho nhia obiara.’ ”

Sɛɛ na Awurade se:

“ ‘Mɛsan de Yakob ntamadan mu ahonyade aba

na manya ayamhyehye ama nʼatenae ahorow no;

wɔbɛkyekye kuropɔn no bio wɔ ne mmubui so,

na ahemfi no besi nea ɛsɛ sɛ esi.

Wɔn mu na aseda nnwom befi aba

ne ahosɛpɛw nnyigyei.

Mɛma wɔadɔɔso,

na wɔn dodow no so rentew;

mɛhyɛ wɔn anuonyam,

na wɔremmu wɔn abomfiaa.

Wɔn mma bedi yiye sɛ kan no,

mɛma wɔn asafo atim wɔ mʼanim;

wɔn a wɔhyɛ wɔn so nyinaa mɛtwe wɔn aso.

Wɔn kannifo bɛyɛ wɔn ankasa nipa;

na wɔn sodifo befi wɔn mu.

Mɛka no abata me ho na wabɛn me,

na hena na ɔde ne ho bɛma

sɛ ɔbɛbɛn me?’ ”

Awurade na ose.

“ ‘Enti mobɛyɛ me nkurɔfo,

na mayɛ mo Nyankopɔn.’ ”

Hwɛ, Awurade ahum

betu abufuwhyew mu,

mfɛtɛ bedi kyinhyia wɔ

amumɔyɛfo mpampam.

Awurade abufuw rennwo

kosi sɛ obewie

ne koma mu nhyehyɛe nyinaa.

Nna a ɛreba no mu no

mobɛte eyi ase.

Read More of Yeremia 30

Yeremia 31:1-14

“Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”

Nea Awurade se ni:

“Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano no

benya adom wɔ nweatam so;

mede ahomegye bɛbrɛ Israel.”

Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,

“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔe atwe mo.

Mede mo besi hɔ bio

na wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ.

Wobɛfa wʼakasae bio

na woafi adi ne anigyefo akɔsaw.

Bio, mobɛyɛ bobe nturo

wɔ Samaria nkoko so;

akuafo no bedua

na wɔadi so aba.

Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu

wɔ Efraim nkoko so se,

‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion,

nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’ ”

Nea Awurade se ni:

“Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob;

Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo.

Momma wɔnte mo ayeyi na monka se,

Awurade, gye wo nkurɔfo,

Israel nkae no.’

Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba

na maboa wɔn ano afi nsase ano.

Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye,

apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu;

dɔm kɛse bɛsan aba.

Wɔde osu na ɛbɛba;

wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no.

Mede wɔn bɛfa nsuwa ho;

ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so,

efisɛ mɛyɛ Israel agya,

na Efraim yɛ me babarima piesie.

“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman;

mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se,

‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano

na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’

Na Awurade begyina mu ama Yakob

na wagye wɔn afi wɔn a

wɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam.

Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;

wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe a

efi Awurade hɔ mu,

atoko, nsa foforo ne ngo,

nguantenmma ne anantwi.

Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye,

na wɔrenni awerɛhow bio.

Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye,

mmerante ne nkwakoraa nso ka ho.

Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye;

mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu.

Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so,

na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,”

Awurade, na ose.

Read More of Yeremia 31