Yeremia 31 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yeremia 31:1-40

1“Saa bere no,” Awurade na ose, “Mɛyɛ Israel mmusuakuw no nyinaa Nyankopɔn, na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.”

2Nea Awurade se ni:

“Nnipa a wotumi gyinaa wɔ afoa ano no

benya adom wɔ nweatam so;

mede ahomegye bɛbrɛ Israel.”

3Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn kan no na ɔkae se,

“Mede ɔdɔ a ɛnsa da adɔ mo

mede adɔe atwe mo.

4Mede mo besi hɔ bio

na wɔbɛsan de wo, Ɔbabun Israel, asi hɔ.

Wobɛfa wʼakasae bio

na woafi adi ne anigyefo akɔsaw.

5Bio, mobɛyɛ bobe nturo

wɔ Samaria nkoko so;

akuafo no bedua

na wɔadi so aba.

6Da bi bɛba a, awɛmfo bɛteɛ mu

wɔ Efraim nkoko so se,

‘Mommra, momma yɛnforo nkɔ Sion,

nkɔ Awurade yɛn Nyankopɔn nkyɛn.’ ”

7Nea Awurade se ni:

“Momfa ahosɛpɛw nto nnwom mma Yakob;

Monteɛ mu mma amanaman mu kannifo.

Momma wɔnte mo ayeyi na monka se,

Awurade, gye wo nkurɔfo,

Israel nkae no.’

8Hwɛ, mede wɔn befi atifi fam asase so aba

na maboa wɔn ano afi nsase ano.

Wɔn mu bi bɛyɛ anifuraefo, mpakye,

apemfo ne mmea a wɔwɔ awoko mu;

dɔm kɛse bɛsan aba.

9Wɔde osu na ɛbɛba;

wɔbɛbɔ mpae bere a mede wɔn resan aba no.

Mede wɔn bɛfa nsuwa ho;

ɔkwan tamaa a wɔrenhintiw wɔ so,

efisɛ mɛyɛ Israel agya,

na Efraim yɛ me babarima piesie.

10“Muntie Awurade asɛm, mo amanaman;

mommɔ no dawuru wɔ mpoano nsase a ɛwɔ akyirikyiri so se,

‘Nea ɔbɔɔ Israel petee no bɛboaboa wɔn ano

na wahwɛ ne nguankuw so sɛ oguanhwɛfo.’

11Na Awurade begyina mu ama Yakob

na wagye wɔn afi wɔn a

wɔwɔ ahoɔden sen wɔn no nsam.

12Wɔbɛba na wɔde ahurusi ateɛ mu wɔ Sion sorɔnsorɔmmea;

wɔbɛsɛpɛw wɔn ho wɔ akyɛde bebrebe a

efi Awurade hɔ mu,

atoko, nsa foforo ne ngo,

nguantenmma ne anantwi.

Wɔbɛyɛ sɛ turo a wɔagugu so nsu yiye,

na wɔrenni awerɛhow bio.

13Afei mmabaa bɛsaw na wɔn ani agye,

mmerante ne nkwakoraa nso ka ho.

Mɛma wɔn awerɛhow adan anigye;

mɛma wɔn ahotɔ ne ahosɛpɛw de asi awerɛhow anan mu.

14Mɛma asɔfo no nea ehia wɔn ama abu so,

na mama mʼakyɛde bebrebe amee me nkurɔfo,”

Awurade, na ose.

15Sɛɛ na Awurade se:

“Wɔte nne bi wɔ Rama,

awerɛhow ne agyaadwotwa bebree,

Rahel resu ne mma

na ɔmpɛ sɛ wɔkyekye ne werɛ,

efisɛ ne mma nni hɔ bio.”

16Sɛɛ na Awurade se:

“Hyɛ wo ho so na woansu,

mia wʼani na woante nusu,

efisɛ wobetua wʼadwumayɛ so ka,”

Awurade na ose.

“Wɔbɛsan afi atamfo no asase so aba.

17Enti anidaso wɔ hɔ ma wo daakye.”

Awurade na ose.

Wo mma bɛsan aba wɔn ankasa asase so.

18“Ampa ara mate sɛ Efraim resu se,

‘Woteɛteɛɛ me so sɛ nantwi ba a nʼani yɛ den,

na manya ahohyɛso.

Gye me bio, na mɛsan aba,

efisɛ wo ne Awurade, me Nyankopɔn.

19Meman akyi no,

minyaa adwensakra;

na akyiri a minyaa ntease no,

mebɔɔ me koko so.

Mʼanim guu ase na mefɛree,

efisɛ me mmabun mu animguase da so so me.’

20Efraim nyɛ me babarima dɔfo,

ɔba a ɔsɔ mʼani ana?

Ɛwɔ mu, metaa kasa tia no de,

nanso meda so kae no.

Enti me koma pere hwehwɛ no;

mewɔ ayamhyehye ma no,”

sɛɛ na Awurade se.

21“Momfa agyiraehyɛde nsisi akwan ho;

munsisi akwankyerɛ afadum.

Monhyɛ ɔtempɔn no nsow,

ɔkwan a monam so ba.

San wʼakyi, Ɔbabun Israel,

san bra wo nkurow so.

22Wubekyinkyin akosi da bɛn,

Ɔbabea Israel sesafo?

Awurade bɛyɛ ade foforo wɔ asase so,

ɔbea bɛbɔ ɔbarima ho ban.”

23Sɛɛ na Asafo Awurade, Israel Nyankopɔn no se: “Sɛ mesan de wɔn fi nnommum mu ba a, nnipa a wɔwɔ Yuda asase ne nkurow so bɛsan aka saa nsɛm yi se, ‘Awurade nhyira wo, wo yiyeyɛ kuropɔn ne bepɔw kronkron.’ 24Nnipa bɛbɔ mu atena ase wɔ Yuda ne ne nkurow nyinaa so, akuafo ne wɔn a wɔde wɔn nguankuw nenam. 25Mɛma nea wabrɛ no anya ahoɔden foforo, na nea watɔ piti no nso mɛma no amee.”

26Minyanee, na mehwɛɛ me ho hyiae. Medaa hatee.

27“Nna bi reba,” Awurade na ose, “A mede nnipa mma ne mmoa mma bedua Israel ne Yuda fi. 28Sɛnea mehwɛ ma wotutui, wodwiriwii, wobubui, wɔsɛee na wɔde amanehunu bae no, saa ara na mɛhwɛ ama wɔasi na wɔadua,” sɛnea Awurade se ni. 29Saa nna no mu, nnipa renka bio se,

“ ‘Agyanom adi bobe nwennaa,

na mma se afem.’

30Mmom, obiara bewu wɔ ɔno ara bɔne ho; nea obedi bobe nwennaa no ɔno na ne se bɛfem.

31“Bere no reba,” Awurade na ose,

“a me ne Israelfi

ne Yudafi bɛyɛ apam foforo.

32Ɛrenyɛ sɛ apam a

me ne wɔn agyanom yɛe no

bere a misoo wɔn nsa,

dii wɔn anim fii Misraim,

esiane sɛ wobuu mʼapam so,

wɔ bere a na meyɛ okunu ma wɔn no,”

Awurade na ose.

33“Eyi ne apam a me ne Israelfi bɛyɛ saa bere no akyi,”

Awurade na ose.

“Mede me mmara bɛhyɛ wɔn adwene mu,

na makyerɛw wɔ wɔn koma so.

Mɛyɛ wɔn Nyankopɔn,

na wɔbɛyɛ me nkurɔfo.

34Na obiara renkyerɛkyerɛ ne yɔnko bio,

anaa ne nua se, ‘Hu Awurade,’

Efisɛ, wɔn nyinaa behu me,

efi wɔn mu akumaa so, kosi ɔkɛse so,”

Sɛnea Awurade se ni.

“Na mede wɔn amumɔyɛ bɛkyɛ wɔn,

na merenkae wɔn bɔne bio.”

35Sɛɛ na Awurade se,

nea ɔma owia hyerɛn adekyee,

na ɔhyɛ ɔsram ne nsoromma

sɛ wɔnhyerɛn anadwo;

nea ɔkanyan ɛpo

ma nʼasorɔkye bobɔ mu,

Asafo Awurade ne ne din.

36“Saa ahyɛde yi twa mu mʼani so a,”

Awurade na ose,

“ɛno ansa na Israel begyae

ɔmanyɛ wɔ mʼanim.”

37Sɛɛ na Awurade se:

“Sɛ wobetumi asusuw wim ntrɛwmu

na wɔatumi ahwehwɛ asase ase fapem mu a

ɛno de, mɛpo Israel asefo nyinaa,

esiane nea wɔayɛ nyinaa nti,”

Awurade na ose.

38“Nna no reba,” Awurade na ose, “a wɔbɛkyekye kuropɔn yi bio ama me, fi Hananel abantenten kosi Twɔtwɔw so Pon. 39Wɔbɛtwe susuhama no mu, afi hɔ de akosi Gareb koko so, na akɔntɔn akɔ Goa. 40Obon a wɔtow afunu ne nsõ gu mu no nyinaa ne asase a ɛkɔ Kidron bon mu wɔ apuei fam, kosi apɔnkɔ pon no twɔtwɔw so bɛyɛ kronkron ama Awurade. Wɔrentutu na wɔrensɛe kuropɔn no da.”