Yesaia 3:1-26, Yesaia 4:1-6, Yesaia 5:1-7 AKCB

Yesaia 3:1-26

Yerusalem Ne Yuda Atemmu

Afei hwɛ, Awurade,

Asafo Awurade,

rebegyae nea ɔde ma

wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:

aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.

Dɔmmarima ne akofo,

otemmufo ne odiyifo,

nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,

aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea,

ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.

“Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo;

na mmofra adi wɔn so.”

Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,

ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko.

Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo,

apapahwekwa betia onuonyamfo.

Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu

wɔ nʼagya fi aka se,

“Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo;

wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”

Nanso da no ɔbɛteɛ mu se,

“Minni nea mede bɛyɛ.

Minni aduan anaa ntama wɔ me fi;

mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”

Yerusalem retɔ ntintan,

Yuda rehwe ase;

wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade.

Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.

Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn;

wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;

wɔmmfa nsie.

Nnome nka wɔn!

Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.

Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye,

efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.

Nnome nka amumɔyɛfo!

Amanehunu wɔ wɔn so!

Wobetua wɔn nea

wɔn nsa ayɛ no so ka.

Mmabun hyɛ me nkurɔfo so,

mmea di wɔn so.

Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera;

wɔma moman fi ɔtempɔn no so.

Awurade tena ase wɔ nʼasennii.

Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.

Awurade bu atɛn

de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se,

“Mo na moasɛe me bobeturo;

apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.

Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo

na mode ahiafo anim twitwiw fam?”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

Awurade kasa se,

“Sion mmabea yɛ ahantan;

wɔnantew toto wɔn kɔn,

wɔdeda wɔn ani akyi,

wotutu wɔn anammɔn ntiantia,

na wɔn anan ase nkaa gyigye.

Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho.

Awurade bɛma wɔn ti so apa.”

Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade, asokaa, nkapo ne nkataanim, Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere, nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa, ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku; nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.

Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu;

ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu;

ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu;

atweaatam besi ntama pa anan mu;

honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.

Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano,

wʼakofo wɔ ɔko mu.

Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow;

onnibi, ɔbɛtena fam.

Read More of Yesaia 3

Yesaia 4:1-6

Saa da no, mmea baason

beso ɔbarima baako mu aka se,

“Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhama

na yɛn ankasa apɛ yɛn adurade;

ma wo din nna yɛn so kɛkɛ.

Yi ahohora fi yɛn so!”

Awurade Baa No

Saa da no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya anuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne anuonyam ama Israel nkae no. Wɔn a wɔaka wɔ Sion, a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔakyerɛw wɔn din aka ateasefo ho wɔ Yerusalem nyinaa. Awurade bɛhohoro Sion mmea ho fi; ɔde atemmu honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekae a ɛwɔ Yerusalem. Afei, Bepɔw Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wusiw mununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya a ɛdɛw akata wɔn so anadwo; ntama kyinii bɛkata anuonyam yi nyinaa so. Ɛbɛyɛ hintabea ne onwini wɔ awia anoden mu, na osu ne ahum mu nso, ɛbɛyɛ guankɔbea ne hintabea.

Read More of Yesaia 4

Yesaia 5:1-7

Bobe Turo Ho Dwom

Mɛto dwom ama me dɔfo

dwom a ɛfa ne bobeturo ho:

Na me dɔfo wɔ bobe turo bi

wɔ asasebere bi a ɛda bepɔw ani.

Ofuntum asase no, yiyii mu abo,

na oduaa bobe a ɛyɛ papa wɔ so.

Osii ɔwɛn aban wɔ mfimfini

na otuu nsakyiamoa nso.

Afei ɔhwɛɛ anim sɛ obetwa bobe aba pa,

nanso ɛsow aba bɔne.

“Afei mo a motete Yerusalem ne Yuda mmarima,

mummu me ne me bobeturo ntam atɛn.

Dɛn bio na anka ɛsɛ sɛ meyɛ ma me bobeturo

boro nea mayɛ yi so?

Bere a merehwɛ anim sɛ minya bobe a eye no

adɛn nti na ɛsow aba bɔne?

Afei mɛka

nea merebɛyɛ me bobeturo no akyerɛ wo:

Meyi ho ban no afi hɔ,

na wɔbɛsɛe no;

mebubu ho ɔfasu,

na wobetiatia so.

Mɛma ayɛ asase a ɛda mpan

a worenyiyi mu na wɔnyɛ so adwuma,

ohwirem ne nsɔe benyin wɔ so.

Mɛhyɛ omununkum

na wantɔ osu angu so.”

Asafo Awurade bobeturo no

yɛ Israelfi,

na Yuda mmarima yɛ turo a nʼani gye ho.

Ɔpɛɛ atɛntrenee nanso ohuu mogyahwiegu;

ɔpɛɛ trenee nanso ɔtee mmɔborɔsu.

Read More of Yesaia 5