Yesaia 3 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Yesaia 3:1-26

Yerusalem Ne Yuda Atemmu

1Afei hwɛ, Awurade,

Asafo Awurade,

rebegyae nea ɔde ma

wɔ Yerusalem ne Yuda nyinaa:

aduan ne nsu a ɔde ma wɔn nyinaa.

2Dɔmmarima ne akofo,

otemmufo ne odiyifo,

nkɔmhyɛni ne ɔpanyin,

3aduonum so panyin ne nea ɔwɔ dibea,

ɔfotufo, odwumfo nyansafo ne nkaberekyerefo onifirifo.

4“Mede mmerantewa bɛyɛ wɔn nnwuma so mpanyimfo;

na mmofra adi wɔn so.”

5Nnipa bɛhyɛ wɔn ho wɔn ho so,

ɔbarima betia ɔbarima, ɔyɔnko betia ne yɔnko.

Mmabun bɛsɔre atia wɔn mpanyimfo,

apapahwekwa betia onuonyamfo.

6Ɔbarima beso ne nuanom mu baako mu

wɔ nʼagya fi aka se,

“Wowɔ atade, bɛyɛ yɛn dikanfo;

wɔ kurow a adan mmubui siw yi so.”

7Nanso da no ɔbɛteɛ mu se,

“Minni nea mede bɛyɛ.

Minni aduan anaa ntama wɔ me fi;

mfa me nyɛ nnipa no so kannifo.”

8Yerusalem retɔ ntintan,

Yuda rehwe ase;

wɔn nsɛm ne nneyɛe tia Awurade.

Wommu nʼanuonyam a ɛwɔ wɔn mu no.

9Sɛnea wɔn anim te no di adanse tia wɔn;

wɔda wɔn bɔne adi te sɛ Sodom;

wɔmmfa nsie.

Nnome nka wɔn!

Wɔakɔfa amanehunu aba wɔn ho so.

10Ka kyerɛ atreneefo se ebesi wɔn yiye,

efisɛ wobedi wɔn nneyɛe so aba.

11Nnome nka amumɔyɛfo!

Amanehunu wɔ wɔn so!

Wobetua wɔn nea

wɔn nsa ayɛ no so ka.

12Mmabun hyɛ me nkurɔfo so,

mmea di wɔn so.

Me nkurɔfo, mo akwankyerɛfo ma moyera;

wɔma moman fi ɔtempɔn no so.

13Awurade tena ase wɔ nʼasennii.

Ɔma ne mu so bu nkurɔfo no atɛn.

14Awurade bu atɛn

de tia ne nkurɔfo mpanyimfo ne akannifo se,

“Mo na moasɛe me bobeturo;

apoobɔde a efi ahiafo nkyɛn wɔ mo afi mu.

15Ase ne dɛn nti na modwerɛw me nkurɔfo

na mode ahiafo anim twitwiw fam?”

Sɛnea Asafo Awurade se ni.

16Awurade kasa se,

“Sion mmabea yɛ ahantan;

wɔnantew toto wɔn kɔn,

wɔdeda wɔn ani akyi,

wotutu wɔn anammɔn ntiantia,

na wɔn anan ase nkaa gyigye.

17Enti Awurade bɛma tikuru abegu Sion mmea ti ho.

Awurade bɛma wɔn ti so apa.”

18Da no Awurade beyiyi wɔn afɛfɛde: nkaa, ntamabamma ne kɔnmuade, 19asokaa, nkapo ne nkataanim, 20Wɔn mmotiri, anan ase ntweaban, nkyekyeremu, nnuhuam ntoa ne nkabere, 21nsɔwano mpɛtea ne hwenem nkaa, 22ntade atenten pa, nguguso tiaa a enni nsa, ntade yuu ne sika nkotoku; 23nhwehwɛ, sirikyi ntade, tinwi so nkaa ne mmati so nguguso.

24Nkabɔne besi nea ɛyɛ huam anan mu;

ntampehama besi nkatakɔnmu anan mu;

ti a ɛso apa besi tinwi a wɔasiesie anan mu;

atweaatam besi ntama pa anan mu;

honam ani atwaatwa besi ahoɔfɛ anan mu.

25Wo mmarima bɛtotɔ afoa ano,

wʼakofo wɔ ɔko mu.

26Sion apon betwa adwo, adi awerɛhow;

onnibi, ɔbɛtena fam.