Ɛsra 4:6-24, Ɛsra 5:1-17 AKCB

Ɛsra 4:6-24

Bere a Ahasweros dii ade mfe kakraa bi akyi no, Yudafo atamfo kyerɛw no krataa, bɔɔ kwaadu tiaa Yuda ne Yerusalem.

Na ɛno akyi no mpo, Persiahene Artasasta bere so no, Yuda atamfo a Bislam, Mitredat ne Tabeel di anim, kyerɛw krataa wɔ Arameike kasa mu kɔmaa Artasasta, na wɔkyerɛɛ ase kyerɛɛ ɔhene no.

Amrado Rehum ne Simsai a ɔyɛ asennii kyerɛwfo kyerɛw krataa kɔkyerɛɛ ɔhene Artasasta sɛnea ɔman Yerusalem mu te.

Wokyiaa ɔhene no ma ɛkɔtoo wɔn a wɔne wɔn bɔ, atemmufo ne ɔman no mu ntuanofo, Tarpela manfo, Persiafo, Babelfo ne Elamfo. Wɔsan kyiaa nnipa a wɔaka no a ɔkɛse ne otitiriw Asurbanipa atwa wɔn asu, de wɔn akogu Samaria ne nsase a atwa hɔ ahyia wɔ asu Eufrate atɔe fam no so no.

Eyi yɛ krataa a wɔde kɔmaa no no nsɛso:

Efi wʼasomfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no nkyɛn de kɔma Artasasta:

Yɛrebɔ wo amanneɛ sɛ, Yudafo a wofi Babilonia baa Yerusalem ha no resiesie atuatewfo ne abɔnefo kurow no. Wɔato afasu no fapem dedaw, na ɛrenkyɛ na wɔawie.

Na yɛpɛ sɛ wote sɛ, sɛ wosiesie kurow yi ne nʼafasu no wie a, ɛremmoa wo koraa, efisɛ Yudafo no rentua wɔn tow ne aguade biara mma wo. Esiane sɛ yɛyɛ wʼasomfo nokwafo nti, yɛmpɛ sɛ wʼanim begu ase wɔ saa kwan yi so nti na yɛrebɔ wo saa amanneɛ yi. Yɛpɛ sɛ wohwehwɛ wʼagyanom nkrataa mu, hu sɛnea saa kurow yi yɛɛ atuatew kurow tete no. Nokware ni, wɔsɛee no, esiane abakɔsɛm tenten a ɛda hɔ sɛ wɔsɔre tiaa ahemfo ne aman a wɔpɛe sɛ wodi wɔn so no nti. Yɛpae mu ka se, sɛ wosiesie kurow yi na wowie nʼafasu no a, wobɛhwere asu Eufrate agya asase no.

Artasasta mmuae ni:

Mede krataa yi kɔma amrado Rehum, asennii kyerɛwfo Simsai ne wɔn mfɛfo a wɔte Samaria ne wɔn a wɔwɔ asu Eufrate agya no nyinaa.

Mikyia mo nyinaa. Krataa a mokyerɛwee no, wɔakyerɛ ase, akenkan akyerɛ me. Mahyɛ sɛ wɔnkɔyɛ nkrataa mu mpɛnsɛnpɛnsɛnmu, na mahu sɛ, ampa ara, mmere bi a atwa mu no, na Yerusalem yɛ atuatewman a etiaa ahemfo bebree a na abantugu yɛ ade a wɔyɛ daa wɔ hɔ. Ahemfo atumfo a adi ade wɔ Yerusalem ne asu Eufrate agya no nyinaa agye tow ne aguade bebree. Ɛno nti, hyɛ na saa nnipa yi nnyae wɔn adwuma. Ɛnsɛ sɛ wosiesie kurow no, gye sɛ mema ho kwan. Monntwentwɛn so koraa, efisɛ ɛnsɛ sɛ yɛma asɛm no gye nsam.

Bere a wɔkenkan saa krataa a efi ɔhene Artasasta nkyɛn kyerɛɛ Rehum, Simsai ne wɔn mfɛfo no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Yerusalem kɔhyɛɛ Yudafo no ma wogyaee adansi no.

Wogyaee Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho adwumayɛ, wɔ nea adu hɔ ara, kosii Persiahene Dario ahenni afe a ɛto so abien no so.

Read More of Ɛsra 4

Ɛsra 5:1-17

Serubabel San Besiesie Asɔredan No

Saa bere no, adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Nyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.

Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn se, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. Nanso esiane sɛ na wɔn Nyankopɔn hwɛ wɔn so nti, wɔansiw Yudafo ntuanofo no adansi no ho kwan kosii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdan Dario ma ɔsesaa nʼadwene.

Eyi ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanyimfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no bi kyerɛw kɔmaa ɔhene Dario: Yekyia wo, ɔhene Dario.

Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.

Yebisaa ntuanofo no se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” Na yebisaa wɔn adwumayɛfo din sɛnea yebetumi akyerɛ wo wɔn ntuanofo no.

Wɔn mmuae ni:

“Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Nyankopɔn no asomfo, na yɛresan asi asɔredan a ɔhene kɛse bi a na ɔwɔ Israel sii mfe bebree a atwa mu no. Na esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn abufuw nti, ogyaa wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na otwaa nkurɔfo no asu kɔɔ Babilonia.

“Nanso Babiloniahene Kores adedi mu afe a edi kan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔredan no. Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsan mfa nkuku ne nkaka no nsan nkogu wɔn afa wɔ Yerusalem, na ɔnsan nsi Onyankopɔn asɔredan no wɔ faako a na esi kan no.

“Enti Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Efi saa bere no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wonwiee ɛ.”

Enti mprempren, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae hɔ nhwɛ sɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara sɛ wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.

Read More of Ɛsra 5