Ɛsra 5 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Ɛsra 5:1-17

Serubabel San Besiesie Asɔredan No

1Saa bere no, adiyifo Hagai ne Ido babarima Sakaria de Israel Nyankopɔn din hyɛɛ nkɔm kyerɛɛ Yudafo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem no. 2Na Sealtiel babarima Serubabel ne Yosadak babarima Yesua tiei, fitii ase sii Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yerusalem. Na Onyankopɔn adiyifo no ka wɔn ho a wɔboaa wɔn.

3Saa bere no mu na Tatenai a ɔyɛ amrado wɔ asu Eufrate agya no ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfo kɔɔ Yerusalem kobisae se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” 4Wɔsan ka kyerɛɛ wɔn se, wɔmfa nnipa a wɔreyɛ adwuma wɔ asɔredan no ho no nyinaa din mma wɔn. 5Nanso esiane sɛ na wɔn Nyankopɔn hwɛ wɔn so nti, wɔansiw Yudafo ntuanofo no adansi no ho kwan kosii sɛ wɔde ɛho asɛm kɔdan Dario ma ɔsesaa nʼadwene.

6Eyi ne krataa a amrado Tatenai, Setar-Bosnai ne mpanyimfo a wɔwɔ asu Eufrate agya no bi kyerɛw kɔmaa ɔhene Dario: 7Yekyia wo, ɔhene Dario.

8Yɛpɛ sɛ yɛma wo te sɛ, yɛkɔɔ beae a wɔresiesie Onyankopɔn asɔredan no wɔ Yudaman mu no. Abo sononko a wɔasiesie ne nnua na wɔde resi afasu no. Adwuma no rekɔ so ahoɔden so.

9Yebisaa ntuanofo no se, “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsiesie asɔredan yi?” 10Na yebisaa wɔn adwumayɛfo din sɛnea yebetumi akyerɛ wo wɔn ntuanofo no.

11Wɔn mmuae ni:

“Yɛyɛ ɔsorosoro ne asase Nyankopɔn no asomfo, na yɛresan asi asɔredan a ɔhene kɛse bi a na ɔwɔ Israel sii mfe bebree a atwa mu no. 12Na esiane sɛ yɛn agyanom hyɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn abufuw nti, ogyaa wɔn maa Babiloniahene Nebukadnessar, ma ɔsɛee saa asɔredan yi, na otwaa nkurɔfo no asu kɔɔ Babilonia.

13“Nanso Babiloniahene Kores adedi mu afe a edi kan no, ɔhyɛɛ mmara sɛ, ɛsɛ sɛ wosiesie Onyankopɔn asɔredan no. 14Ɔhene Kores de sikakɔkɔɔ ne dwetɛ, nkuku ne nkaka a Nebukadnessar tase fii Onyankopɔn asɔredan no mu wɔ Yerusalem de koguu Babilonia asɔredan mu no san bae. Wɔtasee saa nneɛma no fii saa asɔredan no mu de kɔmaa ɔbarima bi a ne din de Sesbasar a ɔhene Kores hyɛɛ no amrado wɔ Yuda no sɛ ɔnhwɛ so. 15Ɔhene no hyɛɛ no sɛ, ɔnsan mfa nkuku ne nkaka no nsan nkogu wɔn afa wɔ Yerusalem, na ɔnsan nsi Onyankopɔn asɔredan no wɔ faako a na esi kan no.

16“Enti Sesbasar yi bɛtoo Onyankopɔn asɔredan yi fapem wɔ Yerusalem. Efi saa bere no, nnipa no gu so reyɛ ho adwuma nanso wonwiee ɛ.”

17Enti mprempren, sɛ ɛbɛyɛ ɔhene anisɔ a, monkɔsampam Babilonia ahemfi nneɛma dedaw akorae hɔ nhwɛ sɛ ɔhene Kores anhyɛ mmara sɛ wonsiesie Onyankopɔn asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ana. Na momma ɔhene no nkyerɛ nʼadwene wɔ saa asɛm yi ho.