Hesekiel 7:1-27, Hesekiel 8:1-18, Hesekiel 9:1-11 AKCB

Hesekiel 7:1-27

Awiei No Aba

Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no:

“ ‘Awiei no! Awiei no adu

asase no ntwea anan no so.

Awiei no adu wɔ wo so,

na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so.

Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na

matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.

Merenhu wo mmɔbɔ

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho,

na moahu sɛ mene Awurade.’

“Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da

nam kwan so reba.

Awiei no aba!

Awiei no aba!

Ama ne ho so atia wo.

Aba!

Ɔsɛe aba mo so,

aba mo a mote asase no so no so.

Bere no adu, da no abɛn;

huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.

Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so

de awie mʼabufuw a etia wo no.

Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn,

na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.

Merenhu wo mmɔbɔ,

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Metua wo ka wɔ wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho.

Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo.

“ ‘Da no ni;

hwɛ, aba!

Atemmuda no apue,

abaa no afefɛw,

ahantan ahaahan!

Kitikitiyɛ asɔre, abaa

a wɔde twe amumɔyɛ aso.

Ɛrenka nnipa no mu biara,

dɔm no mu biara,

ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.

Bere no aso,

da no adu.

Mma adetɔni ani nnye

anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow,

efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.

Nea ɔtɔn no nsa renka asase

a watɔn no bio

wɔ bere a wɔn baanu te ase,

efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm

no nyinaa ho no rensesa.

Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa

remfa ne ho nni.

“ ‘Wɔahyɛn akobɛn no,

na wɔboaboa biribiara ano de,

nanso obiara renkɔ ɔsa,

efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.

Afoa wɔ mfikyiri

na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie;

wɔn a wɔwɔ ɔman no mu

bɛtotɔ wɔ afoa ano.

Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,

ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.

Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so.

Na wɔakurum te sɛ

aku mu mmorɔnoma,

wɔn mu biara bɔne nti.

Nsa nyinaa bedwudwo

na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu.

Wobefurafura atweaatam

na wɔabɔ huboa.

Aniwu bɛkata wɔn anim

na wɔayi wɔn tinwi.

“ ‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so,

na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew.

Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn

Awurade abufuwhyew da no.

Ɛrenkum wɔn kɔm

na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,

efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.

Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho,

na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade

ne nsɛsode tantan.

Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.

Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade

na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne,

na wobegu ho fi.

Meyi mʼani afi wɔn so

na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi.

Akorɔmfo bewura hɔ

na wɔagu ho fi.

“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn,

efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,

na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara

abɛfa wɔn afi;

mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei,

na wɔn kronkrommea ho begu fi.

Sɛ ehu ba a,

wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.

Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba;

huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi.

Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ,

asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn,

saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.

Ɔhene no betwa adwo,

ɔheneba no befura abawpa,

na asase no so nnipa nsa bɛpopo.

Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te

na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn.

Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’ ”

Read More of Hesekiel 7

Hesekiel 8:1-18

Asɔredan Mu Abosonsom

Afe a ɛto so asia mu, asram asia no da a ɛto so anum a na mete me fi, na Yuda mpanyimfo tete mʼanim no, Otumfo Awurade nsa baa me so wɔ hɔ. Mehwɛe, na mihuu abɔsu bi a ɛte sɛ onipa. Efi baabi a ayɛ sɛ nʼasen mu rekɔ ne fam no, na ɔte sɛ ogya, na efi hɔ rekɔ ne soro no na ne tebea hyerɛn sɛ dade a adɔ. Ɔteɛɛ biribi te sɛ nsa de soo me tinwi mu faa me. Afei honhom no pagyaw me de me kɔɔ wim na ɛde me wuraa Onyankopɔn anisoadehu mu kɔɔ Yerusalem kogyinaa mfimfini adiwo no atifi pon ano, faako a ohoni a ɛyɛ ninkutwe farebae no si. Na hɔ, wɔ mʼanim na na Israel Nyankopɔn anuonyam wɔ, te sɛ anisoadehu a minyaa no wɔ tataw no so no.

Afei ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, hwɛ atifi fam hɔ.” Na mehwɛe, na mihuu saa ninkutwe farebae honi yi wɔ ɔpon a ɛwɔ afɔremuka no atifi fam no mu.

Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, wuhu nea wɔreyɛ yi, akyiwade a ɛmfra, a Israelfi reyɛ wɔ ha yi, nneɛma a ɛbɛpam me afi me kronkronbea akɔ akyirikyiri yi? Nanso wubehu nneɛma a ɛsen akyiwade yi koraa.”

Afei ɔde me baa adiwo hɔ pon no ano. Mehwɛe, na mihuu tokuru wɔ ɔfasu no mu. Ɔka kyerɛɛ me se, “Onipa ba, tu ɔfasu no mu tokuru.” Enti mituu ɔfasu no mu tokuru, na mihuu ɔpon ano kwan bi wɔ hɔ.

Ɔka kyerɛɛ me se, “Kɔ mu na kɔhwɛ atirimɔdensɛm ne akyiwade a wɔreyɛ wɔ ha.” Enti mekɔɔ mu kɔhwɛe, na mihuu afasu a wɔayɛ mmoa a wɔwea ahorow nyinaa ne mmoa a wɔyɛ akyiwade ne Israelfi ahoni ahorow nyinaa mfoni wɔ ho nyinaa. Wɔn anim na na Israelfo mpanyimfo aduɔson gyinagyina a na Safan babarima Yaasania gyina wɔn mu. Na wɔn mu biara kura nkankyee ntrantraa a aduhuam wusiw huamhuam fi so rekɔ soro. Obisaa me se, “Onipa ba woahu nea Israelfo mpanyimfo no mu biara reyɛ wɔ nʼankasa honi abosonnan mu wɔ sum mu ana? Wɔka se, ‘Awurade nhu yɛn; Awurade agyaw asase no!’ ” Ɔkaa bio se, “Wubehu sɛ wɔreyɛ nneɛma a ɛyɛ akyiwade a mpo ɛsen eyi.”

Afei ɔde me baa Awurade fi no atifi pon no kwan ano, na mihuu mmea a wɔtete hɔ resu Tamus. Obisaa me se, “Onipa ba wuhu eyi? Wubehu nneɛma a ɛyɛ akyiwade a ɛsen eyi.”

Afei ɔde me baa Awurade fi adiwo a ɛwɔ mfimfini no, na hɔ, hyiadan no ano kwan, wɔ abrannaa ne afɔremuka no ntam, na hɔ na mmarima bɛyɛ aduonu anum wɔ. Wɔn akyi kyerɛ Awurade asɔredan na wɔn anim kyerɛ apuei fam, na wɔrekotow som owia a ɛwɔ apuei fam.

Obisaa me se, “Woahu eyi, onipa ba? Akyiwade a Yudafi reyɛ wɔ ha yi yɛ adewa ana? So ɛsɛ sɛ wɔde akakabensɛm hyɛ asase no so ma na wɔkɔ so hyɛ me abufuw ana? Hwɛ wɔabu me animtiaa agu mʼanim ase! Ɛno nti, me ne wɔn bedi no abufuw so. Merenhu wɔn mmɔbɔ na meremfa wɔn ho nkyɛ wɔn. Ɛwɔ mu sɛ, wɔteɛ mu tuatua mʼaso de, nanso merentie wɔn.”

Read More of Hesekiel 8

Hesekiel 9:1-11

Wokunkum Ahonisomfo

Afei metee sɛ ɔde nne kɛse teɛ mu se, “Momfa kuropɔn no awɛmfo no mmra ha, a obiara kura akode.” Mihuu sɛ mmarima baasia fi atifi pon a ɛkyerɛ atifi fam reba, na obiara kura awudi akode. Na ɔbarima bi a ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu ka wɔn ho. Wɔba begyinaa kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho.

Na Israel Nyankopɔn anuonyam maa ne ho so fi kerubim no so, faako a na anka ɛwɔ no, kɔɔ asɔredan no kwan ano. Afei Awurade frɛɛ ɔbarima a na ofura nwera na nkyerɛwde kotoku bɔ ne nkyɛn mu no ka kyerɛɛ no se, “Nantew fa Yerusalem nkuropɔn nyinaa mu na fa agyiraehyɛde keka wɔn a wosu na wodi awerɛhow wɔ akyiwadeyɛ a ɛkɔ so nyinaa ho no moma so.”

Meretie no, ɔka kyerɛɛ wɔn a aka no se, “Munni nʼakyi mfa kuropɔn no mu na munkunkum, a monnkyerɛ ahummɔbɔ anaa ɔtema biara. Munkunkum nkwakoraa, mmerante ne mmeawa, mmea ne mmofra, nanso mommfa mo nsa nka obi a ɔwɔ agyiraehyɛde no. Mumfi ase wɔ me kronkronbea hɔ.” Enti wɔde mpanyimfo a wɔwɔ asɔredan no anim no fii ase.

Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mungu asɔredan no ho fi na momfa wɔn a wɔakunkum wɔn no nhyɛ adiwo hɔ ma. Monkɔ!” Enti wɔkɔe, na wofii ase kunkum nnipa wɔ Yerusalem kuropɔn no mu nyinaa. Bere a wɔrekunkum na aka me nko ara no, mibutuw hɔ sui se, “Aa, Otumfo Awurade! Worebɛsɛe Israel nkae yi nyinaa esiane wʼabufuwhyew a aba Yerusalem so yi nti ana?”

Na obuaa me se, “Israelfi ne Yuda amumɔyɛ dɔɔso dodo; mogyahwiegu ahyɛ asase no so ma na ntɛnkyew ahyɛ asase no so ma. Wɔka se, ‘Awurade agyaw asase no; Awurade nhu.’ Ɛno nti, merenhu wɔn mmɔbɔ na meremma wɔmmfa wɔn ho nni, na mɛma nea wɔayɛ no abɔ wɔn ankasa ti so.”

Afei ɔbarima a ofura nwera na nkyerɛwe ade bɔ ne nkyɛn mu no de nkra bae se, “Mayɛ sɛnea wohyɛe no.”

Read More of Hesekiel 9