Hesekiel 7 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 7:1-27

Awiei No Aba

1Awurade asɛm baa me nkyɛn se, 2“Onipa ba, eyi ne asɛm a Otumfo Awurade ka kyerɛ Israel asase no:

“ ‘Awiei no! Awiei no adu

asase no ntwea anan no so.

3Awiei no adu wɔ wo so,

na mehwie mʼabufuwhyew agu wo so.

Megyina wʼabrabɔ so abu wo atɛn na

matua wo ka wɔ wo nneyɛe bɔne nyinaa ho.

4Merenhu wo mmɔbɔ

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Ampa ara metua wo ka wɔ wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho,

na moahu sɛ mene Awurade.’

5“Sɛɛ na Otumfo Awurade se:

“ ‘Atoyerɛnkyɛm! Atoyerɛnkyɛm a wontee da

nam kwan so reba.

6Awiei no aba!

Awiei no aba!

Ama ne ho so atia wo.

Aba!

7Ɔsɛe aba mo so,

aba mo a mote asase no so no so.

Bere no adu, da no abɛn;

huboabɔ a ɛnyɛ mmepɔw so ahosɛpɛw.

8Merebehwie mʼabufuwhyew agu wo so

de awie mʼabufuw a etia wo no.

Megyina wo nneyɛe so abu wo atɛn,

na matua wo nneyɛe bɔne nyinaa so ka.

9Merenhu wo mmɔbɔ,

na meremfa wo ho nkyɛ wo.

Metua wo ka wɔ wo suban

ne nneyɛe bɔne a ɛwɔ wo mu no ho.

Afei mubehu sɛ me, Awurade, na mebobɔ mo.

10“ ‘Da no ni;

hwɛ, aba!

Atemmuda no apue,

abaa no afefɛw,

ahantan ahaahan!

11Kitikitiyɛ asɔre, abaa

a wɔde twe amumɔyɛ aso.

Ɛrenka nnipa no mu biara,

dɔm no mu biara,

ahonyade ne nea ɛsom bo biara renka.

12Bere no aso,

da no adu.

Mma adetɔni ani nnye

anaa ɔdetɔnfo werɛ nhow,

efisɛ abufuwhyew wɔ nnipadɔm no nyinaa so.

13Nea ɔtɔn no nsa renka asase

a watɔn no bio

wɔ bere a wɔn baanu te ase,

efisɛ anisoadehu a ɛfa nnipadɔm

no nyinaa ho no rensesa.

Wɔn bɔne nti, wɔn mu baako koraa

remfa ne ho nni.

14“ ‘Wɔahyɛn akobɛn no,

na wɔboaboa biribiara ano de,

nanso obiara renkɔ ɔsa,

efisɛ mʼabufuwhyew wɔ nnipakuw no nyinaa so.

15Afoa wɔ mfikyiri

na ɔyaredɔm ne ɔkɔm wɔ fie;

wɔn a wɔwɔ ɔman no mu

bɛtotɔ wɔ afoa ano.

Wɔn a wɔwɔ kuropɔn no mu no,

ɔyaredɔm ne ɔkɔm bekum wɔn.

16Wɔn a wɔanya wɔn ti adidi mu

na wɔaguan no bɛtena mmepɔw no so.

Na wɔakurum te sɛ

aku mu mmorɔnoma,

wɔn mu biara bɔne nti.

17Nsa nyinaa bedwudwo

na nkotodwe nyinaa ayɛ mmrɛw sɛ nsu.

18Wobefurafura atweaatam

na wɔabɔ huboa.

Aniwu bɛkata wɔn anim

na wɔayi wɔn tinwi.

19“ ‘Wɔbɛtow wɔn dwetɛ agu mmɔnten so,

na wɔn sikakɔkɔɔ bɛyɛ ade a ɛho ntew.

Wɔn dwetɛ ne sikakɔkɔɔ

rentumi nnye wɔn

Awurade abufuwhyew da no.

Ɛrenkum wɔn kɔm

na ɛrenhyɛ wɔn yafunu ma,

efisɛ ayɛ wɔn hintidua de wɔn akɔ bɔne mu.

20Na wɔde wɔn nnwinne afɛfɛ no hoahoa wɔn ho,

na wɔde yeyɛɛ wɔn ahoni a ɛyɛ akyiwade

ne nsɛsode tantan.

Enti mɛdan eyinom nneɛma a ho ntew no ama wɔn.

21Mede ne nyinaa bɛma ananafo sɛ asade

na mede ama asase so atirimɔdenfo sɛ akorɔnne,

na wobegu ho fi.

22Meyi mʼani afi wɔn so

na wobegu beae a ɛsom me bo no ho fi.

Akorɔmfo bewura hɔ

na wɔagu ho fi.

23“ ‘Monyɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn,

efisɛ mogyahwiegu ayɛ asase no so ma,

na akakabensɛm ahyɛ kuropɔn no ma.

24Mɛma aman no mu otirimɔdenfo pa ara

abɛfa wɔn afi;

mɛma ɔhoɔdenfo ahomaso aba awiei,

na wɔn kronkrommea ho begu fi.

25Sɛ ehu ba a,

wɔbɛhwehwɛ asomdwoe akyi kwan nanso ɛbɛbɔ wɔn.

26Atoyerɛnkyɛm bedi atoyerɛnkyɛm akyi aba;

huhuhuhu bedi huhuhuhu akyi.

Wɔbɛpɛ sɛ wobenya anisoadehu afi odiyifo no hɔ,

asɔfo no nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmara no ho no bɛbɔ wɔn,

saa ara na wɔrennya afotu mfi mpanyimfo hɔ.

27Ɔhene no betwa adwo,

ɔheneba no befura abawpa,

na asase no so nnipa nsa bɛpopo.

Me ne wɔn bedi no sɛnea wɔn nneyɛe te

na megyina wɔn tebea so abu wɔn atɛn.

Afei wobehu sɛ me ne Awurade no.’ ”