Hesekiel 38:1-23, Hesekiel 39:1-29 AKCB

Hesekiel 38:1-23

Nkɔmhyɛ A Etia Gog

Awurade asɛm baa me nkyɛn se, “Onipa ba, fa wʼani si Gog, a ɛwɔ Magog asase so no so, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn no; hyɛ nkɔm tia no na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal birɛmpɔn. Mekyinkyim wo na mede nnarewa asuso wʼabogye mu na mede wo ne wʼasraafo nyinaa, wʼapɔnkɔ, wʼapɔnkɔsotefo a wɔhyehyɛ akotade ne dɔm kɛse a wokurakura akokyɛm akɛse ne nketewa a wɔn nyinaa rehinhim wɔn afoa, apue. Persia, Kus ne Put a wɔn nyinaa kurakura nkatabo na wɔhyehyɛ wɔn nnadekyɛw bɛka wɔn ho, afei Gomer ne nʼasraafo nyinaa ne Bet-Togarma a wofi atifi fam akyirikyiri ne nʼasraafo, aman bebree bɛka wo ho.

“ ‘Siesie wo ho, yɛ krado, wo ne nnipakuw a wɔaboaboa wɔn ho ano wɔ wo nkyɛn nyinaa na yɛ wɔn so hwɛfo. Nna bebree akyi no, wobɛtwe atuo. Mfe bi akyi no wobɛko afa asase bi a wafi ɔko mu afi na wɔaboaboa so nnipa afi amanaman so aba Israel mmepɔw a ada mpan akyɛ no so. Wɔde wɔn fi amanaman no mu, na mprempren wɔn nyinaa te asomdwoe mu. Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman bebrebe a wɔwɔ wo nkyɛn no bɛforo akɔ mo anim sɛ ahum. Mobɛyɛ sɛ omununkum akata asase no so.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, nsusuwii bi bɛba wo tirim na wubeguan nhyehyɛe bɔne bi. Wobɛka se, “Mɛko afa asase a wɔntoo so nkuraa ho fasu, mɛtow ahyɛ nnipa a wɔwɔ asomdwoe na wɔnnwene hwee so, a wɔn mu biara nni ɔfasu, apon ne akyi adaban. Mɛfom na mawia na madan me nsa atia amamfo a nnipa abɛtena so ne nnipa a wɔaboa wɔn ano afi amanaman so, nnipa a nyɛmmoa ne aguade abu wɔn so na wɔtete asase no mfimfini no.” Seba ne Dedan ne Tarsis aguadifo ne ne nkuraa nyinaa bebisa wo se, “Woaba sɛ worebɛfom ana? Woaboa wo dɔm ano sɛ morebewia na moasoa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ, nyɛmmoa ne aguade akɔ na moafa asade bebree abran so ana?” ’

“Ɛno nti, onipa ba, hyɛ nkɔm kyerɛ Gog se, ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Saa da no, bere a me nkurɔfo Israelfo te hɔ asomdwoe mu no, woanhu ana? Wubefi wʼasase so wɔ atifi fam nohɔ tɔnn, wo ne aman bebree a wɔn nyinaa tete apɔnkɔ so, nnipadɔm kɛse, asraafodɔm a ɛso. Mubetu ateɛ akɔ me nkurɔfo Israelfo so te sɛ omununkum a ɛkata asase no so. Nna a ɛbɛba no mu. Gog, mɛma woasɔre atia mʼasase, sɛnea aman no behu me, bere a menam wo so bɛda me ho adi sɛ ɔkronkronni wɔ wɔn anim no.

“ ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Ɛnyɛ wo ne nea menam mʼasomfo Israel adiyifo so kaa wo ho asɛm nna a atwa mu no ana? Saa bere no, wɔde mfe bebree hyɛɛ nkɔm se mɛma wo so de atia wɔn. Eyi ne nea ebesi saa da no. Sɛ Gog tow hyɛ Israel asase so a, mʼabufuwhyew bɛsɔre, Otumfo Awurade asɛm ni. Mʼanem ne mʼabufuwhyew mu, mepae mu ka se, saa bere no asasewosow kɛse bɛba Israel asase so. Po mu mpataa, wim nnomaa, wuram mmoa, abɔde biara a ɛwea wɔ asase so ne nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ho bɛpopo wɔ mʼanim. Mmepɔw betutu agu, abotan bedwiriw na afasu nyinaa abubu agu fam. Mɛfrɛ afoa aba Gog so wɔ me mmepɔw nyinaa so, Otumfo Awurade asɛm ni. Wɔde afoa bɛsɔre atia wɔn ho wɔn ho. Mede ɔyaredɔm ne mogyahwiegu bebu no atɛn, mehwie osuhweam, mparuwbo, ogya ne sufre a ɛdɛw agu ɔno ne nʼasraafo ne aman bebree a wɔka ne ho no so. Enti mɛda me kɛseyɛ ne me kronkronyɛ adi, na mama amanaman ahu me. Afei wobehu sɛ mene Awurade no.’

Read More of Hesekiel 38

Hesekiel 39:1-29

“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn. Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so. Afei, mɛbɔ wo bɛmma afi wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afi wo nsa nifa mu agu fam. Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman a wɔka wo ho no bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔw so. Mede wo bɛma nnomaa ahorow a wɔpɛ nea aporɔw ne wuram mmoa sɛ wɔn aduan. Mobɛtotɔ wɔ mfuw so, efisɛ makasa, Otumfo Awurade asɛm ni. Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoe mu wɔ mpoano nsase so no na wobehu sɛ mene Awurade no.

“ ‘Mɛma me nkurɔfo Israelfo ahu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho kwan ma wonngu me din kronkron no ho fi na aman no behu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. Ɛreba! na ampa ara ebesi, Otumfo Awurade asɛm ni. Da a maka ho asɛm no ni.

“ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason. Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyan wɔ mfuw so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwae mu, efisɛ wɔde akode no bɛsɔ gya. Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe wɔn nneɛma no nneɛma na wɔafom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nso nneɛma, Otumfo Awurade asɛm ni.

“ ‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon.

“ ‘Na Israelfi de asram ason besie wɔn de adwira asase no. Nnipa a wɔwɔ asase no so besie wɔn na da a wɔbɛhyɛ me anuonyam no bɛyɛ nkaeda ama wɔn, Otumfo Awurade na ose. Wɔbɛkɔ so afa nnipa ama wɔatew asase no ho. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so no.

“ ‘Asram ason akyi no wɔbɛhwehwɛ asase no so yiye. Bere a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyirae akosi sɛ asieifo bɛfa akosie wɔ Hamon Gog bon no mu. (Kurow bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sɛɛ na wobedwira asase no.’

“Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya. Mobɛwe dɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ nea wɔyɛ adwennini ne nguantenmma, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan nyɛmmoa a wɔadodɔ srade. Afɔre a meresiesie ama mo no, mubedi srade akosi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akosi sɛ mobɛbobow. Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefo, dɔmmarima ne asraafo ahorow nyinaa nam amee wɔ me pon so,’ Otumfo Awurade asɛm ni.

“Mɛda mʼanuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa behu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so no. Efi saa da no rekɔ, Israelfi behu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no. Na amanaman no behu sɛ Israelfo kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne nti, efisɛ wɔanni me nokware. Ɛno nti mede mʼanim hintaw wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ afoa ano. Mene wɔn dii no sɛnea wɔn ho fi ne wɔn mfomso te, mede mʼanim hintaw wɔn.

“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Yakob befi nkoasom mu aba na manya ahummɔbɔ ama Israelfo nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. Wɔn werɛ befi wɔn animguase ne nokware a wɔanni me bere a na wɔte hɔ asomdwoe mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn no. Sɛ mede wɔn fi amanaman no so san ba na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. Afei wobehu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn no, efisɛ ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ nnommum mu wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennyaw wɔn mu biara wɔ akyi. Meremfa mʼanim nhintaw wɔn bio, efisɛ mehwie me Honhom agu Israelfi so, Otumfo Awurade asɛm ni.”

Read More of Hesekiel 39