Hesekiel 39 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

Hesekiel 39:1-29

1“Onipa ba, hyɛ nkɔm tia Gog na ka se: ‘Sɛɛ na Otumfo Awurade se: Me ne wo anya. Gog, Mesek ne Tubal obirɛmpɔn. 2Mekyinkyim wo na matwe wʼase. Mede wo befi atifi fam nohɔ tɔnn na mede aba Israel mmepɔw so. 3Afei, mɛbɔ wo bɛmma afi wo nsa benkum mu na mama wʼagyan afi wo nsa nifa mu agu fam. 4Wo ne wʼasraafo nyinaa ne aman a wɔka wo ho no bɛtotɔ wɔ Israel mmepɔw so. Mede wo bɛma nnomaa ahorow a wɔpɛ nea aporɔw ne wuram mmoa sɛ wɔn aduan. 5Mobɛtotɔ wɔ mfuw so, efisɛ makasa, Otumfo Awurade asɛm ni. 6Mɛtɔ ogya agu Magog so ne wɔn a wɔtete hɔ asomdwoe mu wɔ mpoano nsase so no na wobehu sɛ mene Awurade no.

7“ ‘Mɛma me nkurɔfo Israelfo ahu me din kronkron wɔ wɔn mu na meremma ho kwan ma wonngu me din kronkron no ho fi na aman no behu sɛ me Awurade mene Ɔkronkronni no wɔ Israel. 8Ɛreba! na ampa ara ebesi, Otumfo Awurade asɛm ni. Da a maka ho asɛm no ni.

9“ ‘Afei wɔn a wɔtete Israel nkurow so befi adi na wɔde akode no bɛsɔ gya, akokyɛm nketewa ne akɛse, bɛmma ne agyan, nkontimmaa ne mpeaw. Wɔde bɛyɛ nnyina asɔ gya mfe ason. 10Ɛrenhia sɛ wɔbɛkɔ anyan wɔ mfuw so anaasɛ wɔbɛpɛ bi wɔ kwae mu, efisɛ wɔde akode no bɛsɔ gya. Na wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe wɔn nneɛma no nneɛma na wɔafom wɔn a wɔfom wɔn nneɛma no nso nneɛma, Otumfo Awurade asɛm ni.

11“ ‘Saa da no, mɛyɛ amusiei wɔ Israel ama Gog, wɔ obon a ɛda baabi a wɔn a wotu kwan kɔ apuei fam wɔ po no ho no fa no. Ebesiw akwantufo kwan efisɛ wobesie Gog ne ne dɔm no wɔ hɔ. Ɛno nti wɔbɛfrɛ hɔ se Hamon Gog bon.

12“ ‘Na Israelfi de asram ason besie wɔn de adwira asase no. 13Nnipa a wɔwɔ asase no so besie wɔn na da a wɔbɛhyɛ me anuonyam no bɛyɛ nkaeda ama wɔn, Otumfo Awurade na ose. 14Wɔbɛkɔ so afa nnipa ama wɔatew asase no ho. Ebinom bɛfa asase no so nyinaa, na ebinom nso asie wɔn a wɔda so gugu asase no so no.

“ ‘Asram ason akyi no wɔbɛhwehwɛ asase no so yiye. 15Bere a wɔrekyinkyin asase no so no, sɛ wɔn mu bi hu onipa dompe a, ɔbɛhyɛ hɔ agyirae akosi sɛ asieifo bɛfa akosie wɔ Hamon Gog bon no mu. 16(Kurow bi bɛba hɔ a ne din de Hamona). Na sɛɛ na wobedwira asase no.’

17“Onipa ba, sɛɛ na Otumfo Awurade se: Frɛ nnomaa ahorow ne wuram mmoadoma nyinaa na ka kyerɛ wɔn se, ‘Mommoaboa mo ho ano mfi mmeaemmeae mmra afɔrebɔ a meresiesie ama mo no ase, afɔrebɔ kɛse wɔ Israel mmepɔw so. Hɔ na mubedi nam na moanom mogya. 18Mobɛwe dɔmmarima nam wɔ hɔ na moanom asase so mmapɔmma mogya te sɛ nea wɔyɛ adwennini ne nguantenmma, mpapo ne anantwinini a wɔn nyinaa yɛ Basan nyɛmmoa a wɔadodɔ srade. 19Afɔre a meresiesie ama mo no, mubedi srade akosi sɛ mobɛyɛ pintinn na moanom mogya akosi sɛ mobɛbobow. 20Mobɛwe apɔnkɔ ne sotefo, dɔmmarima ne asraafo ahorow nyinaa nam amee wɔ me pon so,’ Otumfo Awurade asɛm ni.

21“Mɛda mʼanuonyam adi wɔ amanaman no mu na wɔn nyinaa behu asotwe ne nsa a mede ato wɔn so no. 22Efi saa da no rekɔ, Israelfi behu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn no. 23Na amanaman no behu sɛ Israelfo kɔɔ nkoasom mu wɔn bɔne nti, efisɛ wɔanni me nokware. Ɛno nti mede mʼanim hintaw wɔn, na mede wɔn hyɛɛ wɔn atamfo nsa na wɔn nyinaa totɔɔ wɔ afoa ano. 24Mene wɔn dii no sɛnea wɔn ho fi ne wɔn mfomso te, mede mʼanim hintaw wɔn.

25“Ɛno nti sɛɛ na Otumfo Awurade se: Mede Yakob befi nkoasom mu aba na manya ahummɔbɔ ama Israelfo nyinaa, na mɛtwe me din kronkron no ho ninkunu. 26Wɔn werɛ befi wɔn animguase ne nokware a wɔanni me bere a na wɔte hɔ asomdwoe mu wɔ wɔn asase so a obiara nhunahuna wɔn no. 27Sɛ mede wɔn fi amanaman no so san ba na meboaboa wɔn ano fi wɔn atamfo nsase so a, mɛfa wɔn so ada me kronkronyɛ adi wɔ amanaman no nyinaa ani so. 28Afei wobehu sɛ mene Awurade wɔn Nyankopɔn no, efisɛ ɛwɔ mu sɛ mede wɔn kɔɔ nnommum mu wɔ amanaman no mu de, nanso mɛboaboa wɔn ano akɔ wɔn ankasa asase so a merennyaw wɔn mu biara wɔ akyi. 29Meremfa mʼanim nhintaw wɔn bio, efisɛ mehwie me Honhom agu Israelfi so, Otumfo Awurade asɛm ni.”