2 Mose 6:13-30, 2 Mose 7:1-25, 2 Mose 8:1-32 AKCB

2 Mose 6:13-30

Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.

Mose Ne Aaron Abusuabɔ

Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi:

Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ:

Hanok, Palu, Hesron, Karmi.

Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.

Simeon mmabarima:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni.

Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.

Lewi mmabarima:

Gerson, Kohat, Merari

Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.

Gerson mmabarima:

Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

Kohat mmabarima:

Amram, Ishar, Hebron, Usiel.

Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.

Merari mmabarima:

Mahli, Musi.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.

Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.

Amram dii mfe ɔha aduasa ason.

Ishar mmabarima:

Kora, Nefeg, Sikri.

Usiel mmabarima:

Misael, Elsafan, Sitri.

Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

Kora mmabarima:

Asir, Elkana, Abiasaf

Eyinom ne Kora asefo.

Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.

Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.

Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no. Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.

Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”

Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”

Read More of 2 Mose 6

2 Mose 7:1-25

Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Mayɛ wo sɛ Onyankopɔn ama Farao na wo nua Aaron nso bɛyɛ wo diyifo. Asɛm biara a mɛka akyerɛ wo no, ka kyerɛ Aaron, na ɔno nso nka nkyerɛ Farao sɛ ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim. Na mepirim Farao koma, na mayɛ anwonwade ahorow bebree wɔ Misraim nanso ɔrentie mo. Na mɛfa atemmu a mu yɛ den so de me nsa ato Misraim so na mayi me nkurɔfo Israelfo no. Na sɛ mekyerɛ me tumi kyerɛ Misraimfo no a, wobehu sɛ mene Awurade no, na mayi me nkurɔfo no afi mu.”

Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade hyɛɛ wɔn no. Bere a Mose ne Aaron kohyiaa Farao no, na Mose adi mfe aduɔwɔtwe, na Aaron nso adi mfe aduɔwɔtwe abiɛsa.

Mose Pema Dan Ɔwɔ

Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron se, “Farao bɛhwehwɛ sɛ mobɛyɛ anwonwade akyerɛ no ama wahu sɛ, nokware, Onyankopɔn na wasoma mo. Sɛ obisa saa a, Aaron ntow ne pema no nkyene fam na ɛbɛdan ɔwɔ.”

Enti Mose ne Aaron kɔɔ Farao nkyɛn kɔyɛɛ anwonwade no sɛnea Awurade akyerɛ wɔn no. Aaron tow ne pema no kyenee fam wɔ Farao ne ne nkurɔfo anim ma ɛdan ɔwɔ. Farao nso frɛɛ nʼanyansafo ne ne nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim ma wɔn nso bɛyɛɛ anwonwade koro no ara bi. Wɔn nso pema tumi dan ɔwɔ. Nanso Aaron ɔwɔ no menee wɔn de no. Farao kɔɔ so yɛɛ komaden a na ɔmpɛ sɛ otie asɛm a Awurade kae no.

Nsu Dan Mogya

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Farao apirim ne koma nti, ɔbɛkɔ so asiw nnipa no kwan sɛ ɔremma wɔnkɔ. Nanso Awurade kae se: San kɔ Farao7.15 Na Farao taa kɔbɔ mpae wɔ Nil (anyame agya) nyame so. Sɛ woka Nil a sɛ enni hɔ a anka Misraim bɛyɛ nweatam no a, na woaka Misraim honhom. nkyɛn anɔpa a ɔrekɔ asubɔnten no mu. Kogyina asu no konkɔn so na hyia no wɔ hɔ a wukura wo pema a ɛdan ɔwɔ no. Ka kyerɛ no se, ‘Awurade, Hebrifo Nyankopɔn asan asoma me wo nkyɛn sɛ ma nnipa no kwan na wɔnkɔ nkɔsom me wɔ sare so. Woayɛ asoɔden. Afei, Awurade se: Wubehu sɛ mene Awurade no. Efisɛ maka akyerɛ Mose sɛ ɔmfa ne pema no mmɔ Nil asu no mu na nsu no bɛdan mogya. Mpataa a wɔwɔ asubɔnten no mu nyinaa bewuwu ama nsu no abɔn a Misraimfo no rentumi nnom.’ ”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa ne pema no nkyerɛ nsu a ɛwɔ Misraim no nyinaa; wɔn nsubɔnten, wɔn nsuwa, wɔn atare ne wɔn nsu a ɛtaataa hɔ ne nsu a ɛwɔ afi mu nyinaa so na ɛbɛdan mogya.”

Mose ne Aaron yɛɛ sɛnea Awurade ahyɛ wɔn no. Bere a Farao ne ne mpanyimfo gyinagyina hɔ rehwɛ wɔn no, Aaron de pema no bɔɔ Nil ani maa asubɔnten no dan mogya. Mpataa a wɔwɔ mu nyinaa wuwu maa nsu no bɔnee, enti na Misraimfo no ntumi nnom. Misraim asase so nyinaa dan mogya.

Nkonyaayifo a wɔwɔ Misraim nso nam wɔn nkonyaayi so maa nsu dan mogya, nti Farao kɔɔ so pirim ne koma a na ontie asɛm a Awurade aka akyerɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnka nkyerɛ no no. Ɔsan kɔɔ nʼahemfi a hwee ampusuw no. Misraimfo no tutuu mmura wɔ asubɔnten no konkɔn so sɛnea wobenya nsu anom, efisɛ na wontumi nnom asubɔnten no mu nsu.

Asubɔnten a ɛdan mogya no dii nnaawɔtwe.

Read More of 2 Mose 7

2 Mose 8:1-32

Mpɔtorɔ Pii Ba

Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Kɔ Farao hɔ bio na kɔka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Ma me nkurɔfo no kwan na wɔnkɔsom me. Sɛ woampene so amma wɔankɔ a, mɛma mpɔtorɔ abɛhyɛ asase no so ma. Mpɔtorɔ bɛhyɛ Asubɔnten Nil ma. Wɔbɛba wʼahemfi, na wɔakɔ mo mpia mu, na afoforo akɔ mo mpa so, mo nkurɔfo ne mpanyimfo afi mu, ne mo fononoo ne nea mode fɔtɔw asikresiam nyinaa amaama. Mpɔtorɔ no bɛba mo nkurɔfo ne mpanyimfo nyinaa so.’ ”

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron na ɔmfa pema no nkyerɛ nsubɔnten, nsuwa ne atare a ɛwɔ Misraim nyinaa so sɛnea ɛbɛyɛ a, mpɔtorɔ bebu so wɔ ɔman no afanan nyinaa.”

Aaron teɛɛ ne nsa wɔ Misraim nsu so maa mpɔtorɔ bɛhyɛɛ ɔman no mu nyinaa ma tɔ. Nanso nkonyaayifo no nso yɛɛ saa ara maa mpɔtorɔ baa asase no so.

Afei, Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔsrɛ Awurade na onyi mpɔtorɔ no mfi asase yi so, na mɛma mo nkurɔfo no kwan na wɔakɔbɔ no afɔre.”

Mose nso ka kyerɛɛ no se, “Kyerɛ me bere ko a wopɛ sɛ wɔkɔ. Me nso mɛbɔ ho mpae ama mpɔtorɔ no nyinaa awuwu wɔ baabiara wɔ bere a wobɛhyɛ me no mu, na aka asubɔnten no mu mpɔtorɔ no nko ara.”

Farao kae se, “Monyɛ no ɔkyena nko ara.”

Mose buae se, “Mate, ɛbɛba mu sɛnea woaka no na ama woahu sɛ obiara nni hɔ sɛ Awurade, yɛn Nyankopɔn, no nko ara. Mpɔtorɔ no nyinaa bewuwu ama aka wɔn a wɔwɔ asubɔnten no mu no.”

Mose ne Aaron fii Farao anim kɔe. Mose kɔsrɛɛ Awurade sɛ onyi mpɔtorɔ a ɔde wɔn abegu Farao so no. Awurade tiee Mose nkotosrɛ no. Mpɔtorɔ wuwu hyɛɛ ɔman no mu ne afi mu ma tɔ. Wɔboaboaa mpɔtorɔ a wɔawuwu no ano akuw akɛseakɛse maa ɔman no mu bɔn yiye. Nanso Farao huu sɛ mpɔtorɔ no kɔ no, ɔsan pirim ne koma bio enti wamma nnipa no ankɔ sɛnea Awurade aka ato hɔ no.

Mfutuma Dan Ntontom

Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Ka kyerɛ Aaron se, ‘Teɛ wo pema no bɔ fam mfutuma na ɛbɛdan ntontom ahyɛ Misraim asase no so ma tɔ.’ ” Mose ne Aaron yɛɛ nea Awurade hyɛɛ wɔn no maa ntontom bɛhyɛɛ ɔman mu no ne mu nnipa ne wɔn nyɛmmoa so ma tɔ. Misraim mfutuma nyinaa dan ntontom. Nkonyaayifo no pɛɛ sɛ wɔn nso de wɔn anyankamade yɛ saa ara, nanso wɔantumi. Nkonyaayifo no kyerɛɛ Farao se, “Eyi de Onyankopɔn nsa wɔ mu.” Nanso Farao pirim ne koma enti wantie wɔn sɛnea Awurade aka ato hɔ no.

Nwansena Ba Manyamanya

Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɔre anɔpatutuutu kohyia Farao bere a ɔrekɔ asubɔnten no mu no na, ka akyerɛ no se, ‘Awurade se: Ma me nkurɔfo nkɔ na wɔnkɔsom me. Na sɛ woamma me nkurɔfo ankɔ a, mɛma nwansena agye Misraim afa. Mo afi mu ne asase no nyinaa bɛyɛ nwansena manyamanya.

“ ‘Na nsonoe kɛse bɛda ɛha ne Gosen asase a Israelfo no te so no ntam, efisɛ nwansena biara renkɔ hɔ. Na ɛbɛma woahu sɛ, me Awurade mewɔ asase yi so. Na mɛma wo nkurɔfo ho ada nsow afi me nkurɔfo ho. Saa nsɛnkyerɛnne yi besi ɔkyena.’ ”

Awurade yɛɛ nea ɔkae no, enti nwansena bebu faa ɔman no so maa bi kɔhyɛɛ Farao ahemfi ne Misraim afi nyinaa mu amaama.

Na Farao frɛɛ Mose ne Aaron ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔbɔ afɔre mma mo Nyankopɔn wɔ ɔman yi ara mu.”

Nanso Mose kae se, “Saa de, ɛrenyɛ ye. Yɛn afɔre a yɛbɔ ma Onyankopɔn no yɛ Misraimfo no ani so akyiwade, so wɔrensiw yɛn abo ana? Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so, na yɛkɔbɔ afɔre ma Awurade, yɛn Nyankopɔn, sɛnea ɔhyɛ yɛn no.”

Farao kae se, “Mɛma mo kwan akɔ sare so akɔbɔ afɔre, na mmom, monnkɔ akyiri. Afei, mommɔ mpae mma me.”

Mose buae se, “Sɛ mifi ha pɛ a, mɛbɔ Awurade mpae na ɔkyena nwansena bebrebe no ase bɛtɔre afi wo, wo mpanyimfo ne wo nkurɔfo so. Nanso Farao nhwɛ yiye sɛ ɔrennaadaa bio a ɔremma nnipa no nkɔ nkɔbɔ afɔre mma Awurade.”

Enti Mose fii Farao nkyɛn kɔbɔɔ Awurade mpae, na Awurade yɛɛ Mose abisade no. Nwansena no nyinaa ase tɔre fii Farao ne ne mpanyimfo so; anka ɔbaako mpo. Nanso Farao san pirim ne koma a wamma nnipa no ankɔ.

Read More of 2 Mose 8