2 Mose 6 – Akuapem Twi Contemporary Bible AKCB

Akuapem Twi Contemporary Bible

2 Mose 6:1-30

1Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”

2Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no. 3Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn. 4Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo. 5Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

6“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. 7Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no. 8Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’ ”

9Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.

10Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, 11“San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”

12Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”

13Afei, Awurade hyɛɛ Mose ne Aaron sɛ wɔnsan nkɔ Israelfo no ne Farao a ɔyɛ Misraimfo hene no nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se ɔmma Israelfo no kwan na womfi Misraim asase so nkɔ.

Mose Ne Aaron Abusuabɔ

14Nnipa a na wotuatua Israel mmusuakuw no ano no din na edidi so yi:

Ruben a ɔyɛ Israel abakan mmabarima yɛ:

Hanok, Palu, Hesron, Karmi.

Eyinom na wɔwoo Ruben asefo.

15Simeon mmabarima:

Yemuel, Yamin, Ohad, Yakin, Sohar ne Saulo a na ne na yɛ Kanaanni.

Eyinom na wɔwoo Simeon asefo.

16Lewi mmabarima:

Gerson, Kohat, Merari

Lewi dii mfe ɔha aduasa ason.

17Gerson mmabarima:

Libni, Simei a wɔyɛ mmusua ti.

18Kohat mmabarima:

Amram, Ishar, Hebron, Usiel.

Kohat dii mfe ɔha aduasa abiɛsa.

19Merari mmabarima:

Mahli, Musi.

Saa nnipa a wɔabobɔ wɔn din mpanyin mu no no yɛ Lewi abusuafo.

20Amram waree nʼagya nuabea Yokebed na wɔwoo Mose ne Aaron.

Amram dii mfe ɔha aduasa ason.

21Ishar mmabarima:

Kora, Nefeg, Sikri.

22Usiel mmabarima:

Misael, Elsafan, Sitri.

23Aaron waree Aminadab babea Elisaba a ɔyɛ Nahson nuabea. Wɔn mma din ni: Nadab, Abihu, Eleasar ne Itamar.

24Kora mmabarima:

Asir, Elkana, Abiasaf

Eyinom ne Kora asefo.

25Aaron babarima Eleasar waree Putiel mmabea no baako. Na Pinehas yɛ wɔn mma no mu baako.

Nnipa a wɔabobɔ wɔn din yi ne wɔn a na wotuatua Lewifo mmusuakuw no ano.

26Saa Aaron ne Mose yi ara na Awurade ka kyerɛɛ wɔn se, “Munkoyi Israelfo nyinaa mfi Misraim asase so” no. 27Na wɔn na wɔkɔɔ Farao hɔ kɔkaa se ɔmma Israelfo no mfi Misraim no.

28Da a Awurade kasa kyerɛɛ Mose wɔ Misraim asase so no, 29ɔkae se, “Mene Awurade no. Ka asɛm biara a mereka yi kyerɛ Farao a ɔyɛ Misraim hempɔn no.”

30Na Mose ka kyerɛɛ Awurade bio se, “Mʼano ntewee yi, ɛbɛyɛ dɛn na asɛm a mɛka no bɛtɔ Farao asom ama watie me?”