2 Mose 4:1-31, 2 Mose 5:1-23, 2 Mose 6:1-12 AKCB

2 Mose 4:1-31

Awurade Tumi Ho Nsɛnkyerɛnne

Na Mose buaa no se, “Sɛ wɔannye me anni anaa wɔantie asɛm a mɛka no, na wɔka se, ‘Awurade nyii ne ho adi nkyerɛɛ wo ɛ?’ ”

Awurade bisaa no se, “Dɛn na wukura yi?”

Obuae se, “Oguanhwɛfo pema.”

Awurade ka kyerɛɛ no se, “Tow kyene fam.”

Enti ɔtow kyenee fam ma ɛdan ɔwɔ. Mose guan fii aboa no ho. Na Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “So ɔwɔ no dua mu na kyere no!” Osoo ne dua mu kyeree no no, ɛsan dan pema no. Awurade ka kyerɛɛ no se, “Kɔyɛ saa na wobegye wo adi. Ɛbɛma wɔahu sɛ wɔn agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ada ne ho adi akyerɛ wo ampa.”

Afei, Awurade kae se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu.” Mose de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata ayɛ ne nsa ho; ayɛ fitaa sɛ sukyerɛmma.

Awurade ka kyerɛɛ no bio se, “Fa wo nsa hyɛ wʼatade mu bio.” Enti Mose san de ne nsa hyɛɛ nʼatade mu, na oyii no, na kwata no agyae ama ne nsa no ho ayɛ sɛnea ɛte kan no.

Awurade ka kyerɛɛ no se, “Sɛ wɔannye anwonwade a edi kan no anni a, wobegye nea ɛto so abien no adi. Na sɛ nsɛnkyerɛnne abien yi akyi no wɔannye wo anni a, kɔsaw nsu fi Asubɔnten Nil mu na behwie gu asase wosee bi so na ɛbɛdan mogya.”

Nanso Mose srɛe se, “Awurade, minnim kasa. Ebesi nnɛ anaa efi bere a wo ne me kasae mpo no, mʼano ntew.”

Awurade bisaa no se, “Hena na ɔyɛɛ onipa ano? Ɛnyɛ me Awurade na meyɛe? Hena na ɔbɔ onipa ma otumi kasa anaa ɔmma no nkasa. Hena na ɔma no hu ade anaa ɔmma no nhu ade. Hena na ɔma no tumi te asɛm anaa ɔmma no nte asɛm? Afei kɔ, na kɔyɛ nea maka akyerɛ wo no na mɛboa wo ama woatumi akasa yiye, na mɛkyerɛ wo nea wobɛka nso.”

Nanso Mose kae se, “Awurade wʼakoa resrɛ wo, soma onipa foforo.”

Awurade bo fuwii, enti ɔkaa se, “Na wo nua Aaron, Lewini no nso ɛ, minim sɛ nʼano atew. Na hwɛ ɔno na ɔrebehyia wo no, na sɛ ohu wo a, nʼani begye. Wobɛkasa akyerɛ no na woaka nsɛm ahyɛ nʼanom; mɛboa mo baanu no ama moakasa, na makyerɛ mo nea mobɛyɛ. Ɔbɛyɛ wo kyeame wɔ ɔman no anim, na wo nso woayɛ sɛ ne Nyankopɔn aka asɛm a wopɛ sɛ ɛda gua akyerɛ no. Sɛ worekɔ a, fa wo pema no sɛnea ɛbɛyɛ a, wubetumi de ayɛ anwonwade a makyerɛ wo no.”

Mose kɔɔ fie kɔka kyerɛɛ nʼase Yetro se, “Mɛsrɛ wo kwan na makɔ Misraim akɔsra mʼabusuafo akɔhwɛ sɛ wɔtete ase ana.”

Yetro penee so se, “Kɔ. Mihyira wo kosɛkosɛ.”

Ansa na Mose rebefi Midian no, Awurade ka kyerɛɛ no se, “Nsuro sɛ wobɛsan akɔ Misraim, efisɛ wɔn a na wɔrehwehwɛ wo akum wo no nyinaa awuwu.” Enti Mose faa ne yere ne ne mma de wɔn tenatenaa mfurum so sii mu sɛ ɔrekɔ Misraim. Na ɔfaa Onyankopɔn pema no kitae.

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Sɛ wudu Misraim a, kɔ Farao hɔ na kɔyɛ anwonwade a makyerɛ wo yi kyerɛ no, nanso mepirim ne koma sɛnea ɔremma nnipa no nkɔ. Na ka kyerɛ no se, ‘Awurade se, Israel yɛ mʼabakan na mehyɛɛ wo sɛ, “Ma no kwan na ɔnkɔ na ɔnkɔsom me.” Nanso woampene; nti mekum wʼabakan.’ ”

Mose ne nʼabusuafo nam no, ade saa wɔn ma wɔpɛɛ baabi dae. Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ Mose na ohunahunaa no sɛ obekum no. Enti ne yere Sipora faa sekan de twaa ne babarima kumaa twetia tow kyenee Mose nan ase kae se, “Mogya ayeforokunu ne wo.” Enti Awurade gyaa Mose. (Na Sipora kae se, “Woyɛ mogya ayeforokunu,” a na ɔde rekyerɛ twetiatwa.)

Awurade ka kyerɛɛ Aaron se, “Kɔ sare no so kohyia Mose.” Enti Aaron kɔɔ Onyankopɔn Bepɔw no so kohyiaa Mose few nʼafono. Na Mose kaa nsɛm a Awurade ka kyerɛɛ no bere a ɔresoma no no ne anwonwade a ɔhyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no nyinaa kyerɛɛ Aaron.

Mose ne Aaron hyiaa Israelfo mpanyimfo no nyinaa, na Aaron kaa nsɛm a Awurade aka akyerɛ Mose no nyinaa kyerɛɛ wɔn, na Mose yɛɛ anwonwade no kyerɛɛ wɔn ma wogye dii. Na wɔtee sɛ Awurade dwen wɔn ho na wahu wɔn awerɛhowdi no, wobuu nkotodwe sɔree no.

Read More of 2 Mose 4

2 Mose 5:1-23

Mose Ne Aaron Kɔ Farao Anim

Mose ne Aaron yɛɛ anwonwade yi kyerɛɛ mpanyimfo no wiee no, wokohuu Farao ka kyerɛɛ no se, “Nea Israel Nyankopɔn se ni, ‘Ma me nkurɔfo mfi ha nkɔ sare so nkɔbɔ afahyɛgua kronkron wɔ hɔ mfa nsɔre me.’ ”

Farao bisae se, “Hena ne Awurade a ɛsɛ sɛ mitie no na mema Israelfo no kɔ? Minnim Awurade biara enti meremma Israelfo no nkɔ.”

Na Aaron ne Mose tii mu se, “Hebri Nyankopɔn ne yɛn ahyia. Ɛsɛ sɛ yetu nnansa kwan kɔ sare so kɔbɔ afɔre wɔ hɔ de ma Awurade, yɛn Nyankopɔn. Na sɛ yɛantie no a, ɔyaredɔm anaa afoa ano na yebewuwu.”

Farao bisae se, “Mose ne Aaron, adɛn nti na morema nkurɔfo no agyae wɔn nnwuma? Monkɔ mo nnwuma so ntɛm!” Farao toaa so se, “Mprempren, saa nnipa no dɔɔso sen ɔmanfo no, nanso mopɛ sɛ moma ahɔho no gyae adwumayɛ.”

Da no ara, Farao somaa nnipa ma wɔkɔka kyerɛɛ wɔn a wɔhwɛ Israelfo no so no se, “Mommma nnipa no sare a wɔde bɛyɛ ntayaa no bio! Momma wɔn ankasa nkotwa sare no. Na ntayaa dodow a wotwa no nso, monntew so baako koraa, efisɛ asɛm a wɔaka no da no adi pefee sɛ wɔyɛ akwadwofo nti na wɔreka se wɔrekɔ sare so akɔbɔ wɔn Awurade afɔre no. Momma wɔn adwuma no mu nyɛ den, na ɛmmee wɔn na wɔankotie atosɛm biara.”

Enti adwumasohwɛfo ne wɔn akwankyerɛfo no ka kyerɛɛ Hebrifo no se, “Farao aka akyerɛ yɛn se yɛmmma mo sare bio. Mo ara munkokyin nhwehwɛ bi, nanso ntayaa a mutwa no, muntwa dodow saa ara.” Enti Hebrifo no kyinkyinii Misraim asase so nyinaa sɛ wɔrekɔhwehwɛ sare no bi. Adwumasohwɛfo no hyɛɛ wɔn atirimɔden so se, “Muntwa ntayaa dodow sɛnea na mutwa no.” Na Misraimfo adwumasohwɛfo no kaa Hebrifo mpanyimfo a wɔde wɔn atuatua adwuma no ano sɛ akwankyerɛfo no mmaa, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na moanwie ntayaa a wɔahyɛ sɛ muntwa no nnɛra ne nnɛ no nyinaa sɛnea na moyɛ kan no?”

Mpanyimfo yi kɔɔ Farao nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Adɛn na woyɛ wo nkoa saa? Wɔmma wo nkoa sare biara, nanso wɔka kyerɛ yɛn se, ‘Montwa ntayaa!’ Wɔka yɛn mmaa nanso mfomso no fi wʼankasa wo nkurɔfo no.”

Nanso Farao buae se, “Munni dwuma bi di, na sɛ mowɔ dwuma bi di a, anka morenka se, ‘Momma yɛnkɔbɔ afɔre mma Awurade.’ Monsan nkɔyɛ adwuma ntɛm. Obiara remma mo sare, nanso ntayaa dodow a mutwa no daa no, saa ara na mubetwa.”

Bere a wɔka kyerɛɛ Israelfo mpanyimfo a wodi adwuma no anim sɛ akwankyerɛfo no se ɛsɛ sɛ wotwa ntayaa no dodow sɛnea wɔyɛ daa no, wohuu sɛ ahokyere aba. Bere a wofi Farao anim bae a wohuu sɛ Mose ne Aaron retwɛn wɔn wɔ ahemfi no ho no, wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Awurade mmu mo atɛn sɛ moama Farao ne ne nkurɔfo anya yɛn ho menasepɔw, na mode afoa ahyɛ wɔn nsa sɛ wonkunkum yɛn.”

Asɛm yi maa Mose kɔɔ Awurade nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Awurade, adɛn nti na woma wo manfo brɛ saa? So eyi nti na wosomaa me? Efi bere a mekɔkaa wo nkra no kyerɛɛ Farao no, tan ara na ɔretan wɔn ani, nanso wunnyee wɔn wɔ ɔkwan biara so ɛ.”

Read More of 2 Mose 5

2 Mose 6:1-12

Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “Wubehu nea mede bɛyɛ Farao. Menam me tumi so bɛhyɛ no na wama me nkurɔfo no akɔ; me basa kokuroo no bɛma wapam wɔn afi ɔman no mu.”

Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Mose se, “Mene Awurade no. Miyii me ho adi kyerɛɛ Abraham, Isak ne Yakob sɛ Onyankopɔn tumfo. Nanso mammɔ me din sɛ Awurade no ankyerɛ wɔn. Na me ne wɔn hyehyɛɛ apam sɛ mede Kanaan asase a na tete no wɔte so sɛ ahɔho no bɛma wɔn ne wɔn asefo. Bio, mate Israelfo apinisi ne nya a Misraimfo di wɔn no nyinaa na makae me ne wɔn apam no.

“Enti ka kyerɛ Israelfo no se, ‘Me, Awurade, menam me tumi so bɛyɛ anwonwade de ayi wɔn afi nkoasom mu ama wɔade wɔn ho. Megye wɔn ato mu sɛ me nkurɔfo na mayɛ wɔn Nyankopɔn. Na wobehu sɛ mene Awurade, wɔn Nyankopɔn a wagye wɔn afi Misraimfo nsam no. Mede wɔn bɛba asase a mehyɛɛ bɔ sɛ mede bɛma Abraham, Isak ne Yakob no so. Saa asase no bɛyɛ mo agyapade. Mene Awurade no.’ ”

Enti Mose kaa asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ nnipa no, nanso wɔantie, esiane abawpa a efi ɔhyɛ ntraso nti.

Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose se, “San kɔ Farao nkyɛn kɔka kyerɛ no sɛ ɔmma Israelfo no mfi ne man no mu nkɔ.”

Nanso Mose kae se, “Sɛ Israelfo no rentie me a, ɛbɛyɛ dɛn na Farao betie me, bere a mʼano ntewee yi?”

Read More of 2 Mose 6